< Προς Τιμοθεον Β΄ 1 >

1 Παῦλος, ἀπόστολος Χριστοῦ Ἰησοῦ διὰ θελήματος Θεοῦ κατ᾽ ἐπαγγελίαν ζωῆς τῆς ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ,
Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo.
2 Τιμοθέῳ ἀγαπητῷ τέκνῳ· χάρις, ἔλεος, εἰρήνη ἀπὸ Θεοῦ πατρὸς καὶ Χριστοῦ Ἰησοῦ τοῦ Κυρίου ἡμῶν.
Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.
3 Χάριν ἔχω τῷ Θεῷ, ᾧ λατρεύω ἀπὸ προγόνων ἐν καθαρᾷ συνειδήσει, ὡς ἀδιάλειπτον ἔχω τὴν περὶ σοῦ μνείαν ἐν ταῖς δεήσεσί μου νυκτὸς καὶ ἡμέρας,
Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu.
4 ἐπιποθῶν σε ἰδεῖν, μεμνημένος σου τῶν δακρύων, ἵνα χαρᾶς πληρωθῶ,
Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mihu wo bio a mʼani begye.
5 ὑπόμνησιν λαμβάνων τῆς ἐν σοὶ ἀνυποκρίτου πίστεως, ἥτις ἐνῴκησε πρῶτον ἐν τῇ μάμμῃ σου Λωΐδι καὶ τῇ μητρί σου Εὐνίκῃ, πέπεισμαι δὲ ὅτι καὶ ἐν σοί.
Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wɔ wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu sɛ mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara.
6 δι᾽ ἣν αἰτίαν ἀναμιμνήσκω σε ἀναζωπυρεῖν τὸ χάρισμα τοῦ Θεοῦ, ὅ ἐστιν ἐν σοὶ διὰ τῆς ἐπιθέσεως τῶν χειρῶν μου·
Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ, kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no.
7 οὐ γὰρ ἔδωκεν ἡμῖν ὁ Θεὸς Πνεῦμα δειλίας, ἀλλὰ δυνάμεως καὶ ἀγάπης καὶ σωφρονισμοῦ.
Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.
8 μὴ οὖν ἐπαισχυνθῇς τὸ μαρτύριον τοῦ Κυρίου ἡμῶν μηδὲ ἐμὲ τὸν δέσμιον αὐτοῦ, ἀλλὰ συγκακοπάθησον τῷ εὐαγγελίῳ κατὰ δύναμιν Θεοῦ,
Mma wʼani nnwu wɔ Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo wɔ Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.
9 τοῦ σώσαντος ἡμᾶς καὶ καλέσαντος κλήσει ἁγίᾳ, οὐ κατὰ τὰ ἔργα ἡμῶν, ἀλλὰ κατ᾽ ἰδίαν πρόθεσιν καὶ χάριν, τὴν δοθεῖσαν ἡμῖν ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ πρὸ χρόνων αἰωνίων, (aiōnios g166)
Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, (aiōnios g166)
10 φανερωθεῖσαν δὲ νῦν διὰ τῆς ἐπιφανείας τοῦ σωτῆρος ἡμῶν Ἰησοῦ Χριστοῦ, καταργήσαντος μὲν τὸν θάνατον, φωτίσαντος δὲ ζωὴν καὶ ἀφθαρσίαν διὰ τοῦ εὐαγγελίου,
nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn.
11 εἰς ὃ ἐτέθην ἐγὼ κήρυξ καὶ ἀπόστολος καὶ διδάσκαλος ἐθνῶν.
Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ menna Asɛmpa no adi.
12 δι᾽ ἣν αἰτίαν καὶ ταῦτα πάσχω, ἀλλ᾽ οὐκ ἐπαισχύνομαι· οἶδα γὰρ ᾧ πεπίστευκα, καὶ πέπεισμαι ὅτι δυνατός ἐστι τὴν παραθήκην μου φυλάξαι εἰς ἐκείνην τὴν ἡμέραν.
Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.
13 ὑποτύπωσιν ἔχε ὑγιαινόντων λόγων ὧν παρ᾽ ἐμοῦ ἤκουσας, ἐν πίστει καὶ ἀγάπῃ τῇ ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ·
So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu.
14 τὴν καλὴν παραθήκην φύλαξον διὰ Πνεύματος Ἁγίου τοῦ ἐνοικοῦντος ἐν ἡμῖν.
Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.
15 Οἶδας τοῦτο, ὅτι ἀπεστράφησάν με πάντες οἱ ἐν τῇ Ἀσίᾳ, ὧν ἐστι Φύγελλος καὶ Ἑρμογένης.
Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.
16 δῴη ἔλεος ὁ Κύριος τῷ Ὀνησιφόρου οἴκῳ, ὅτι πολλάκις με ἀνέψυξε καὶ τὴν ἅλυσίν μου οὐκ ἐπαισχύνθη,
Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,
17 ἀλλὰ γενόμενος ἐν Ῥώμῃ σπουδαιότερον ἐζήτησέ με καὶ εὗρε·
na oduu Roma pɛ, na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me.
18 δῴη αὐτῷ ὁ Κύριος εὑρεῖν ἔλεος παρὰ Κυρίου ἐν ἐκείνῃ τῇ ἡμέρᾳ· καὶ ὅσα ἐν Ἐφέσῳ διηκόνησε, βέλτιον σὺ γινώσκεις.
Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.

< Προς Τιμοθεον Β΄ 1 >