< Sprueche 10 >

1 Sprüche Salomos: Ein weiser Sohn macht seinem Vater Freude, aber ein törichter Sohn ist seiner Mutter Grämen.
Salomo mmɛbusɛm: Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne maame awerɛhoɔ.
2 Unrecht Gut hilft nicht; aber Gerechtigkeit errettet vom Tode.
Ɛkwan bɔne so ahonya nni boɔ, nanso tenenee gye onipa firi owuo mu.
3 Das Verlangen der Gerechten läßt der HERR nicht ungestillt; aber das Begehren der Gottlosen weist er ab.
Awurade remma ɛkɔm nne ɔteneneeni na omumuyɛfoɔ deɛ ɔka nʼadepa gu.
4 Nachlässigkeit macht arm; aber eine fleißige Hand macht reich.
Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfoɔ nsa de ahonya ba.
5 Wer im Sommer sammelt, ist ein kluger Sohn, wer aber in der Ernte schläft, ist ein Sohn, der Schande macht.
Deɛ ɔboaboa nnɔbaeɛ ano wɔ ahuhuro berɛ no yɛ ɔba nyansafoɔ na deɛ ɔda wɔ twaberɛ mu no yɛ ɔba nimguaseni.
6 Segnungen sind auf dem Haupte des Gerechten; aber der Mund der Gottlosen birgt Frevel.
Teneneefoɔ hyɛ nhyira kyɛ na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
7 Das Gedächtnis des Gerechten bleibt im Segen; aber der Gottlosen Name wird verwesen.
Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na omumuyɛfoɔ din bɛporɔ.
8 Wer weisen Herzens ist, nimmt Befehle an; aber ein Narrenmund richtet sich selbst zugrunde.
Akoma mu nyansafoɔ tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
9 Wer ein gutes Gewissen hat, wandelt sicher; wer aber krumme Wege geht, verrät sich selbst.
Ɔnokwafoɔ nante dwoodwoo, na deɛ ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
10 Wer mit den Augen zwinkert, verursacht Leid, und ein Narrenmund richtet sich selbst zugrunde.
Deɛ ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafoɔ hwe ase.
11 Der Mund des Gerechten ist eine Quelle des Lebens; aber der Gottlosen Mund birgt Gewalttat.
Ɔteneneeni anom yɛ nkwa asutire, na akakabensɛm ayɛ omumuyɛfoɔ anom ma.
12 Haß erregt Hader; aber die Liebe deckt alle Übertretungen zu.
Ɔtan hwanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomsoɔ nyinaa so.
13 Auf den Lippen des Verständigen wird Weisheit gefunden; aber auf den Rücken des Narren gehört eine Rute.
Wohunu nyansa wɔ nhunumufoɔ anom, na abaa fata deɛ ɔnni atemmuo akyi.
14 Die Weisen sammeln ihr Wissen, die Lippen der Narren aber schnelles Verderben.
Anyansafoɔ kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛeɛ.
15 Das Gut des Reichen ist seine feste Burg; das Unglück der Dürftigen aber ist ihre Armut.
Adefoɔ ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafoɔ hia yɛ wɔn asehweɛ.
16 Der Gerechte braucht seinen Erwerb zum Leben, der Gottlose sein Einkommen zur Sünde.
Ateneneefoɔ akatua de nkwa brɛ wɔn, na deɛ amumuyɛfoɔ nya no de asotwe brɛ wɔn.
17 Wer auf die Zucht achtet, geht den Weg zum Leben; wer aber aus der Schule läuft, gerät auf Irrwege.
Deɛ ɔtie nteteeɛ pa no kyerɛ nkwa kwan, na deɛ ɔpo ntenesoɔ no di afoforɔ anim yera ɛkwan.
18 Wer Haß verbirgt, hat Lügenlippen, und wer Verleumdungen austrägt, ist ein Tor.
Deɛ ɔkata nitan soɔ no yɛ ɔtorofoɔ, na deɛ ɔdi nsekuro no yɛ ɔkwasea.
19 Wo viele Worte sind, da geht es ohne Sünde nicht ab; wer aber seine Lippen im Zaum hält, der ist klug.
Mfomsoɔ mpa ɔkasa bebree mu, na deɛ ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafoɔ.
20 Des Gerechten Zunge ist auserlesenes Silber; das Herz der Gottlosen ist wenig wert.
Ɔteneneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ amapa nanso omumuyɛfoɔ akoma nni boɔ.
21 Die Lippen des Gerechten erquicken viele; aber die Toren sterben am Unverstand.
Teneneefoɔ ano ho mfasoɔ ma bebree aduane, na atemmuo a nkwaseafoɔ nni enti wɔwuwu.
22 Der Segen des HERRN macht reich, und [eigene] Mühe fügt ihm nichts bei.
Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmmfa ɔhaw biara nka ho.
23 Dem Dummen macht es Vergnügen, Schandtaten zu verüben, dem Weisen aber, etwas Gescheites zu tun.
Bɔneyɛ yɛ anigyedeɛ ma ɔkwasea, nanso deɛ ɔwɔ nimdeɛ anigyeɛ wɔ nyansa mu.
24 Was der Gottlose fürchtet, das wird ihm begegnen; der Gerechten Wunsch aber wird erfüllt.
Deɛ amumuyɛfoɔ suro no bɛba wɔn so; na deɛ teneneefoɔ pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
25 Wenn ein Sturm vorüberfährt, so ist der Gottlose nicht mehr da; der Gerechte aber ist für die Ewigkeit gegründet.
Sɛ ahum no bɛtwam a, amumuyɛfoɔ yera, nanso teneneefoɔ gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
26 Wie der Essig für die Zähne und der Rauch für die Augen, so ist der Faule für die, welche ihn senden.
Sɛdeɛ nsã kekakeka ka ɛse, na wisie kɔ ani no, saa ara na ɔkwadwofoɔ yɛ ma wɔn a wɔsoma noɔ.
27 Die Furcht des HERRN verlängert das Leben; aber die Jahre der Gottlosen werden verkürzt.
Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wɔtwa amumuyɛfoɔ nkwa so.
28 Das Warten der Gerechten wird Freude werden; aber die Hoffnung der Gottlosen wird verloren sein.
Teneneefoɔ anidasoɔ de ahotɔ ba, nanso amumuyɛfoɔ anidasoɔ nkɔsi hwee.
29 Der Weg des HERRN ist eine Schutzwehr für den Unschuldigen; den Übeltätern aber bringt er den Untergang.
Awurade ɛkwan yɛ dwanekɔbea ma ɔteneneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛeɛ ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
30 Der Gerechte wird ewiglich nicht wanken; aber die Gottlosen bleiben nicht im Lande.
Wɔrentɔre teneneefoɔ ase da, nanso amumuyɛfoɔ renka asase no so.
31 Der Mund des Gerechten fließt über von Weisheit; aber die verdrehte Zunge wird ausgerottet.
Nyansa firi teneneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no wɔbɛtwa atwene.
32 Die Lippen des Gerechten verkünden Gnade; aber der Gottlosen Mund macht Verkehrtheiten kund.
Teneneefoɔ ano nim adeɛ a ɛfata na omumuyɛfoɔ ano nim deɛ ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.

< Sprueche 10 >