< 1 Mose 47 >

1 Und Joseph kam und zeigte es dem Pharao an und sprach: Mein Vater und meine Brüder sind aus dem Lande Kanaan gekommen samt ihren Schafen und Rindern, und siehe, sie sind im Lande Gosen!
Yakob mma no beduu Misraim asase so no, Yosef kɔka kyerɛɛ Farao se, “Mʼagya ne me nuanom no de wɔn nguan ne wɔn anantwi ne wɔn agyapade nyinaa afi Kanaan asase so aba, na wɔwɔ Gosen asase so.”
2 Er hatte aber aus der Zahl seiner Brüder fünf mitgenommen und stellte sie dem Pharao vor.
Yosef yii ne nuabarimanom no mu baanum de wɔn kokyia Farao.
3 Und der Pharao fragte seine Brüder: Was treibt ihr? Sie antworteten ihm: Deine Knechte sind Schafhirten, wir und unsre Väter.
Farao bisaa anuanom no se, “Adwuma bɛn na moyɛ?” Wobuaa no se, “Wo nkoa yɛ nguanhwɛfo, sɛnea na yɛn agyanom nso yɛ nguanhwɛfo no.”
4 Und sie sprachen zum Pharao: Wir sind gekommen, um uns im Lande aufzuhalten; denn deine Knechte haben keine Weide für ihr Vieh, so hart beschwert die Hungersnot das Land Kanaan; und nun möchten deine Knechte gerne im Lande Gosen wohnen.
Anuanom no toaa so se, “Yɛaba ha sɛ ananafo a yɛrebɛtena ha kakra, efisɛ ɔkɔm no ano yɛ den yiye wɔ Kanaan asase so hɔ, na wo nkoa nguan nnya aduan nni. Enti yɛresrɛ wo kwan na yɛatena Gosen asase so ha.”
5 Da sprach der Pharao zu Joseph: Dein Vater und deine Brüder sind zu dir gekommen;
Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Wʼagya ne wo nuanom aba wo nkyɛn.
6 das Land Ägypten steht dir offen; laß deinen Vater und deine Brüder am besten Ort des Landes wohnen, im Lande Gosen sollen sie wohnen; und wenn du weißt, daß unter ihnen tüchtige Leute sind, so setze sie zu Aufsehern über mein Vieh!
Misraim asase nyinaa hyɛ wo nsa. Ma wʼagya ne wo nuabarimanom baabi pa na wɔntena. Ma wɔntena Gosen asase so. Sɛ wunim wɔn mu bi a wɔwɔ mmoayɛn ho nimdeɛ a, ma wɔnhwɛ me nguan so mma me.”
7 Joseph brachte auch seinen Vater Jakob hinein und stellte ihn dem Pharao vor; und Jakob segnete den Pharao.
Afei, Yosef kɔfaa nʼagya Yakob de no bekyiaa Farao ma Yakob hyiraa no.
8 Und der Pharao fragte Jakob: Wie alt bist du?
Farao bisaa Yakob se, “Woadi mfe ahe?”
9 Jakob sprach zum Pharao: Die ganze Zeit meiner Pilgrimschaft beträgt hundertunddreißig Jahre; wenig und böse sind meine Lebensjahre gewesen und erreichen nicht die Zahl der Lebensjahre meiner Väter in den Tagen ihrer Pilgrimschaft.
Yakob buaa Farao se, “Madi mfe ɔha ne aduasa a ɔhaw ne abɛbrɛsɛ wɔ mu. Minnu mʼagyanom nkwanna a wɔde tenaa asase so no ho hwee.”
10 Und Jakob segnete den Pharao und ging hinaus von Pharaos Angesicht.
Na Yakob hyiraa Farao, na ofii nʼanim kɔe.
11 Und Joseph wies seinem Vater und seinen Brüdern Wohnsitz an und gab ihnen ein Besitztum im Lande Ägypten, am besten Orte des Landes, in der Landschaft Ramses, wie der Pharao befohlen hatte.
Enti Yosef bɔɔ nʼagya ne ne nuanom no atenase wɔ Misraim asase so. Ɔmaa wɔn agyapade wɔ asase no fa baabi a eye pa ara wɔ Rameses mansin mu, sɛnea Farao hyɛe no.
12 Und Joseph versorgte seinen Vater und seine Brüder und das ganze Haus seines Vaters mit Brot nach der Zahl der Kinder.
Yosef maa nʼagya ne ne nuanom no aduan sɛnea wɔn mma dodow te.
13 Es war aber im ganzen Lande kein Brot; denn die Hungersnot war sehr schwer und Ägyptenland war erschöpft, ebenso das Land Kanaan, wegen der Hungersnot.
Na aduan nni hɔ baabiara, efisɛ na ɔkɔm a aba no ano ayɛ den yiye. Saa ɔkɔm yi kaa Misraim ne Kanaan asase nyinaa ma emu nnipa ne nnɔbae twintwamee.
14 Und Joseph brachte alles Geld zusammen, das in Ägypten und im Lande Kanaan gefunden ward, um Korn zu kaufen; und Joseph brachte das Geld in das Haus des Pharao.
Yosef prapraa Misraim ne Kanaan asase so sika nyinaa a onya fii aduantɔn no mu no baa Farao ahemfi.
15 Da nun das Geld ausgegangen war in Ägyptenland und in Kanaan, kamen alle Ägypter zu Joseph und sprachen: Gib uns Brot! Warum sollen wir vor dir sterben, weil wir kein Brot haben?
Bere a nnipa a wɔwɔ Misraim ne Kanaan asase so ho sika nyinaa sae no, Misraim nnipa nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Yɛn ho sika nyinaa asa, enti ma yɛn aduan nni! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yewuwu?”
16 Joseph sprach: Bringet euer Vieh her, so will ich euch geben als Entgelt für euer Vieh, wenn ihr ohne Geld seid!
Yosef buaa wɔn se, “Sɛ mo sika asa de a, momfa mo nguan ne mo anantwi mmra mmegye aduan.”
17 Da brachten sie ihr Vieh zu Joseph; und er gab ihnen Brot um Pferde, Schafe, Rinder und Esel, und versorgte sie also in jenem Jahre mit Brot um den Preis ihres Viehs.
Enti wɔde wɔn mmoa no brɛɛ Yosef. Mmoa a wɔde wɔn bɛsesaa aduan no yɛ apɔnkɔ, nguan, mmirekyi, anantwi ne mfurum. Saa afe no mu no, wɔde wɔn mmoa nyinaa bɛsesaa aduan.
18 Als nun jenes Jahr verflossen war, kamen sie zu ihm im andern Jahr und sprachen: Wir wollen unserm Herrn nicht verhehlen, daß, weil das Geld ausgegangen ist und das Vieh unserm Herrn gehört, nunmehr nichts mehr übrigbleibt vor unserm Herrn als unser Leib und unser Feld!
Afe akyi no, Misraimfo no nyinaa baa Yosef nkyɛn bɛkae se, “Yɛrentumi mfa biribiara nhintaw yɛn wura. Yɛn ho sika nyinaa asa, na yɛn anantwi nso yɛ wo dea. Hwee nni hɔ bio a yebetumi de abrɛ wo, yɛn wura, sɛ yɛn nnipadua ne yɛn nsase nko.
19 Warum sollen wir umkommen vor deinen Augen, wir und unser Feld? Kaufe uns samt unserm Feld um Brot, daß wir und unser Feld dem Pharao dienstbar seien! Gib uns Samen, daß wir leben und nicht sterben, und daß das Land nicht zur Wüste werde!
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduan. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburow, na ɔkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”
20 Also kaufte Joseph alles Ackerland der Ägypter für den Pharao auf, denn die Ägypter verkauften ein jeder sein Feld; denn die Hungersnot zwang sie dazu; und so ward das Land des Pharao Eigentum.
Enti Yosef tɔɔ Misraim nsase nyinaa maa Farao. Esiane ɔkɔm no ano den nti, Misraimfo no tɔn wɔn nsase no nyinaa. Ɛyɛɛ saa ma nsase no nyinaa bedii Farao nsam.
21 Das Volk aber machte er zu leibeigenen Knechten, von einem Ende Ägyptens bis zum andern.
Efi Misraim ti kosi ti, Yosef de mu nnipa nyinaa bɛyɛɛ ne nkoa.
22 Nur die Äcker der Priester kaufte er nicht; denn die Priester bekamen ihr Bestimmtes vom Pharao und nährten sich von ihrem festen Einkommen, das ihnen der Pharao gab; darum brauchten sie ihre Äcker nicht zu verkaufen.
Asɔfo nko ara nsase na wantɔ, efisɛ asɔfo no de, na Farao atwa anoduan bi de ama wɔn. Ne saa nti na wɔn de, wɔantɔn wɔn nsase no.
23 Und Joseph sprach zum Volk: Ich habe euch heute samt eurem Land für den Pharao gekauft; hier ist Samen für euch, besäet das Land.
Yosef ka kyerɛɛ nnipa no se, “Afei a matɔ mo ne nsase de ama Farao yi, mo nso, munnye aburow nkodua.
24 Aber vom Ertrag habt ihr dem Pharao den Fünften zu geben, und vier Teile sollen euer sein zum Besäen der Felder und zum Unterhalt für euch selbst und euer Gesinde und zur Nahrung für eure Kinder.
Na sɛ aburow no yɛ yiye, na mutwa a, momfa nkyɛmu anum mu baako mmrɛ Farao. Na nkyɛmu anum mu anan a ɛbɛka no, mo ne mo fifo ne mo mma nni bi, na munnyaw bi nso a mubedua.”
25 Da sprachen sie: Du hast uns das Leben erhalten! Finden wir Gnade in deinen Augen, so wollen wir des Pharao Knechte sein!
Wɔkae se, “Anokwa, woagye yɛn nkwa. Ka kyerɛ yɛn wura Farao se, onnye yɛn nto mu, na yɛnyɛ nkoa.”
26 Da machte Joseph solches zum Gesetz bis auf den heutigen Tag, daß vom Ertrag des Ackerlandes der Ägypter dem Pharao der Fünfte zu geben sei; nur die Äcker der Priester wurden nicht des Pharao Eigentum.
Ɛnam saa asɛm yi so maa mmara a Yosef hyɛe sɛ wɔmfa asase no so nnɔbae nyinaa mu nkyɛmu anum mu baako mma Farao no da so wɔ hɔ besi nnɛ. Asɔfo no nsase nko ara na ankodi Farao nsam.
27 Und Israel wohnte in Ägypten, im Lande Gosen, und sie nahmen es in Besitz, waren fruchtbar und mehrten sich sehr.
Israelfo no bɔɔ atenase wɔ Gosen mansin a ɛwɔ Misraim asase so no so. Wonyaa agyapade wɔ hɔ, na wɔn ase nso fɛee yiye.
28 Und Jakob lebte noch siebzehn Jahre in Ägyptenland, also daß seine ganze Lebenszeit hundertundsiebenundvierzig Jahre betrug.
Yakob tenaa Misraim mfe dunson. Odii mfirihyia ɔha ne aduanan ason ansa na ɔrewu.
29 Als nun die Zeit kam, daß Israel sterben sollte, rief er seinen Sohn Joseph und sprach zu ihm: Habe ich Gnade vor deinen Augen gefunden, so lege doch deine Hand unter meine Hüfte und erweise mir Liebe und Treue: Begrabe mich doch ja nicht in Ägypten!
Eduu sɛ Yakob rebewu no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef, ka kyerɛɛ no se, “Me ba, sɛ wodɔ me de a, ka ntam di nsew sɛ, wobɛyɛ me adɔe, adi me nokware. Sɛ miwu a, nsie me wɔ Misraim ha.
30 Sondern ich will bei meinen Vätern liegen; darum sollst du mich aus Ägypten führen und mich in ihrem Grabe begraben. Er sprach: Ich will tun, wie du gesagt hast!
Sɛ miwu a, momfa me mfi Misraim ha, nkosie me wɔ faako a wosiee me mpanyimfo no.” Yosef hyɛɛ bɔ se, “Medi asɛm a woaka no so.”
31 Er aber sprach: So schwöre mir! Da schwur er ihm. Und Israel verbeugte sich vor dem Haupt des Stammes.
Yakob kaa bio se, “Ka ntam kyerɛ me.” Yosef kaa ntam no, na Israel nso butuw ne pema so sɔree Onyankopɔn.

< 1 Mose 47 >