< Jesaja 22 >
1 Ausspruch über das Schautal: Was ist dir denn, daß du insgesamt hinaufgestiegen bist auf die Dächer,
Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho: Ɛdeɛn na ɛha mo seesei, a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,
2 du lärmerfüllte, tosende Stadt, du frohlockende Festung? Deine Erschlagenen sind ja nicht vom Schwert erschlagen und nicht im Kriege gefallen;
Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma, Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn? Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa, na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso?
3 nein, alle deine Heerführer sind ausnahmslos flüchtig geworden, haben sich ohne Bogen(-schuß) gefangennehmen lassen; ja dein ganzes Aufgebot ist insgesamt in Gefangenschaft geraten, wenn sie auch schon fernhin entflohen waren.
Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane; wɔamfa tadua ankyekyere wɔn. Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ; mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri.
4 Darum sage ich: »Blickt weg von mir, laßt mich bitterlich weinen! Redet nicht auf mich ein, um mich zu trösten über die Vernichtung der Tochter meines Volks!«
Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so na mentwa adwo. Monnkyekye me werɛ wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”
5 Denn ein Tag der Bestürzung und Zertretung und Verwirrung kommt von Gott, dem HERRN der Heerscharen, im Schautal, ein Tag, welcher Mauern zertrümmert und Wehgeschrei nach dem Berge hin erschallen läßt;
Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu wɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu; ɛda a wɔde bubu afasuo na wɔde su kyerɛ mmepɔ.
6 hat doch Elam den Köcher sich umgehängt als Zug von berittenen Mannen, und Kir hat den Schild enthüllt.
Elam fa bɛmma no ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho; Kir pagya kyɛm no.
7 So haben sich denn deine herrlichsten Talgründe mit Kriegswagen gefüllt und die Reiter ihre Aufstellung gegen das Stadttor genommen.
Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma, na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano.
8 Da zog er die Binde von den Augen Judas weg, aber das blickte in jener Zeit nach dem Waffenvorrat im Waldhause,
Wɔayi Yuda ho banbɔ no. Na da no wode wʼani too akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;
9 und ihr saht nach den schadhaften Stellen in (der Mauer) der Davidsstadt, denn sie waren zahlreich, und ihr sammeltet die Wasser des unteren Teichs;
wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no akwan bebree deda ne banbɔ mu. Woboaa nsuo ano wɔ Aseɛ Abura mu.
10 auch zähltet ihr die Häuser von Jerusalem und risset Gebäude nieder, um die Mauer stärker zu machen,
Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden.
11 und legtet ein Sammelbecken an zwischen den beiden Mauern für die Wasser des alten Teichs; aber ihr saht euch nicht nach dem um, der es so gefügt hatte, und um den, der es seit langer Zeit so bestimmt hatte, kümmertet ihr euch nicht.
Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.
12 Wohl forderte euch Gott, der HERR der Heerscharen, damals zum Weinen und zur Wehklage, zum Kahlscheren und zum Anlegen von Sackleinen auf;
Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.
13 aber siehe da: es herrschte Lustbarkeit und Jubel, Rinderschächten und Schafeschlachten, Fleischessen und Weintrinken: »Laßt uns essen und trinken, denn morgen sind wir tot!«
Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ; wokunkum anantwie ne nnwan; wowe ɛnam na woboro nsã! Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom, ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”
14 Darum hat der HERR der Heerscharen sich immer wieder in meinen Ohren (mit der Drohung) vernehmen lassen: »Wahrlich, diese Verschuldung soll euch nicht vergeben werden, bis ihr sterbt!« – Gott, der HERR der Heerscharen, hat es ausgesprochen.
Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.
15 So hat Gott, der HERR der Heerscharen, gesprochen: »Gehe hin, tritt ein bei diesem Verwalter da, bei Sebna, dem Palastvorsteher, und sage zu ihm:
Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ, “Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi, Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ,
16 ›Was hast du hier und wen hast du hier, daß du dir hier ein Grab hast aushauen lassen? Du, der sich hier oben sein Grab hat aushauen, eine Ruhestätte sich in den Felsen hat meißeln lassen?!
Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan sɛ bɔ wo damena wɔ ha, worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?
17 Wisse wohl: der HERR wird dich mit Wucht weit wegschleudern, du Held, und dich mit aller Kraft packen;
“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.
18 er wird dich fest zusammenwickeln zu einem Knäuel und dich wie einen Ball in ein weit und breit offenes Land werfen: dort wirst du sterben, und dorthin sollen deine Prachtwagen kommen, du Schande für das Haus deines Gebieters!
Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa, na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so. Ɛhɔ na wobɛwu na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ, wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!
19 Ja so will ich dich aus deinem Amt stoßen, und aus deiner Stellung wird man dich herunterreißen!‹«
Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu na wɔayi wo afiri wo dibea so.
20 »An jenem Tage aber wird es geschehen, daß ich meinen Knecht Eljakim, den Sohn Hilkias, berufe.
“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
21 Ihn will ich mit deinem Rock bekleiden und mit deinem Gurt ihn umgürten und deine Amtsgewalt in seine Hand legen, damit er den Bewohnern Jerusalems und dem (ganzen) Hause Juda ein Vater werde.
Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie.
22 Ich will ihm den Schlüssel zum Hause Davids auf die Schulter legen, so daß, wenn er aufschließt, niemand zuschließen kann und, wenn er zuschließt, niemand öffnen darf.
Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue.
23 Als einen Pflock will ich ihn an einer festen Stelle einschlagen, und er soll ein Ehrenstuhl für das Haus seines Vaters werden.«
Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie.
24 Aber wenn sich dann an ihn die ganze vielköpfige Menge seines Vaterhauses hängt: die Sprößlinge und Schößlinge, alle die kleinen Gefäße vom Beckengeschirr an bis zu sämtlichem Kruggeschirr:
Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.
25 »An jenem Tage« – so lautet der Ausspruch des HERRN der Heerscharen – »wird der Pflock, der an fester Stelle eingeschlagen war, nachgeben, wird abgehackt werden und herunterfallen, und die Last, die an ihm hing, wird zerschellen; denn der HERR hat es ausgesprochen.«
“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!”