< Richter 18 >
1 Zu der Zeit war kein König in Israel. Und der Stamm der Daniter suchte sich ein Erbteil, da sie wohnen möchten; denn es war bis auf den Tag noch kein Erbe auf sie gefallen unter den Stämmen Israels.
Saa ɛberɛ no mu na Israel nni ɔhene. Na Dan abusuakuo rehwehwɛ baabi atena, ɛfiri sɛ, na wɔntumi mpamoo nnipa a wɔte asase a wɔde maa wɔn no so.
2 Und die Kinder Dan sandten aus ihren Geschlechtern von ihren Enden fünf streitbare Männer von Zora und Esthaol, das Land zu erkunden und zu erforschen, und sprachen zu ihnen: Ziehet hin und erforschet das Land. Und sie kamen auf das Gebirge Ephraim ans Haus Michas und blieben über Nacht daselbst.
Enti, mmarima a wɔfiri Dan abusuakuo yii akofoɔ enum a na wɔte Sora ne Estaol sɛ wɔnkɔpɛ asase a wɔbɛtumi atena so. Ɛberɛ a saa akofoɔ yi duruu Efraim bepɔ asase so no, wɔkɔɔ Mika fie kɔdaa hɔ anadwo no.
3 Und da sie bei dem Gesinde Michas waren, erkannten sie die Stimme des Jünglings, des Leviten; und sie wichen von ihrem Weg dahin und sprachen zu ihm: Wer hat dich hierhergebracht? Was machst du da? Und was hast du hier?
Wɔtiee Lewini aberanteɛ no sɛdeɛ ɔkasa no, wɔde no kɔɔ nkyɛn bisaa no sɛ, “Hwan na ɔde wo baa ha na ɛdeɛn na woreyɛ? Na adɛn enti na wowɔ ha?”
4 Er antwortete ihnen: So und so hat Micha an mir getan und hat mich gedingt, daß ich sein Priester sei.
Ɔkaa nhyehyɛeɛ a ɔne Mika ayɛ kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ma Mika.
5 Sie sprachen zu ihm: Frage doch Gott, daß wir erfahren, ob unser Weg, den wir wandeln, auch wohl geraten werde.
Na wɔkaa sɛ, “Bisa Awurade ma yɛn sɛ yɛn akwantuo yi bɛsi yie anaasɛ ɛrensi yie.”
6 Der Priester antwortete ihnen: Ziehet hin mit Frieden; euer Weg, den ihr ziehet, ist recht vor dem HERRN.
Ɔsɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ no asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, Awurade bɛdi mo anim wɔ mo akwantuo no mu.”
7 Da gingen die fünf Männer hin und kamen gen Lais und sahen das Volk, das darin war, sicher wohnen auf die Weise wie die Sidonier, still und sicher; und war niemand, der ihnen Leid täte im Land oder Herr über sie wäre, und waren ferne von den Sidoniern und hatten nichts mit Leuten zu tun.
Na mmarima baanum no kɔɔ kuro bi a wɔfrɛ no Lais mu. Wɔhunuu sɛ nnipa a hwee mfa wɔn ho te sɛ Sidonfoɔ na ɛte hɔ. Na wɔwɔ asomdwoeɛ ne banbɔ. Na nnipa no wɔ sika, ɛfiri sɛ, na wɔn asase no yɛ asase bereɛ. Na wɔne Sidon ntam twe yie, na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn.
8 Und sie kamen zu ihren Brüdern gen Zora und Esthaol; und ihre Brüder sprachen zu ihnen: Wie steht's mit euch?
Ɛberɛ a wɔsane kɔɔ Sora ne Estaol no, wɔn nuanom bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mohunuiɛ?”
9 Sie sprachen: Auf, laßt uns zu ihnen hinaufziehen! denn wir haben das Land besehen, das ist sehr gut. Darum eilt und seid nicht faul zu ziehen, daß ihr kommt, das Land einzunehmen.
Na wɔbuaa sɛ, “Momma yɛnkɔto nhyɛ wɔn so! Yɛahunu asase no na ɛyɛ pa ara. Monntwentwɛn mo nan ase koraa, monkɔfa asase no.
10 Wenn ihr kommt, werdet ihr zu einem sichern Volke kommen, und das Land ist weit und breit; denn Gott hat's in eure Hände gegeben, einen solchen Ort, da nichts gebricht an alle dem, was auf Erden ist.
Sɛ moduru hɔ a, mobɛhunu nnipa a hwee mfa wɔn ho wɔ hɔ. Onyankopɔn ama yɛn asase bereɛ yantamm a biribiara wɔ so.”
11 Da zogen von da aus den Geschlechtern Dan von Zora und Esthaol sechshundert Mann, gerüstet mit ihren Waffen zum Streit,
Enti, akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu sii mu firii Sora ne Estaol.
12 und zogen hinauf und lagerten sich zu Kirjath-Jearim in Juda. Daher nannten sie die Stätte das Lager Dan bis auf diesen Tag, das hinter Kirjath-Jearim liegt.
Wɔkyeree nsraban wɔ beaeɛ bi a ɛwɔ Kiriat-Yearim atɔeɛ fam wɔ Yuda asase so. Wɔfrɛ hɔ Mahane Dan bɛsi ɛnnɛ.
13 Und von da gingen sie auf das Gebirge Ephraim und kamen zum Hause Michas.
Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ Efraim bepɔ asase no so, baa Mika fie.
14 Da antworteten die fünf Männer, die ausgegangen waren, das Land Lais zu erkunden, und sprachen zu ihren Brüdern: Wißt ihr auch, daß in diesen Häusern ein Leibrock, Hausgötzen, Bildnis und Abgott sind? Nun möget ihr denken, was euch zu tun ist.
Enti, mmarima baanum a wɔkɔsraa Lais asase no ka kyerɛɛ wɔn a aka no sɛ, “Asɔreeɛ bi wɔ ha a asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni, nsɛsodeɛ a wɔasene ne ohoni a wɔagu ho wɔ hɔ. Monim deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
15 Sie kehrten da ein und kamen an das Haus des Jünglings, des Leviten, in Michas Haus und grüßten ihn freundlich.
Enti, mmarima baanum no kɔɔ Mika fie, baabi a Lewini aberanteɛ no teɛ na wɔkyeaa no fɛ so.
16 Aber die sechshundert Gerüsteten mit ihren Waffen, die von den Kindern Dan waren, standen vor dem Tor.
Saa ɛberɛ no na akofoɔ ahansia a wɔfiri Dan abusuakuo mu no gyinagyina abɔntenpono no ano pɛɛ,
17 Und die fünf Männer, die das Land zu erkunden ausgezogen waren, gingen hinauf und kamen dahin und nahmen das Bild, den Leibrock, die Hausgötzen und den Abgott. Dieweil stand der Priester vor dem Tor bei den sechshundert Gerüsteten mit ihren Waffen.
na akwansrafoɔ baanum no kɔɔ asɔreeɛ hɔ, kɔfaa nsɛsodeɛ a wɔasene, asɔfotadeɛ kronkron, abusua ahoni ne ohoni a wɔagu no.
18 Als nun jene ins Haus Michas gekommen waren und nahmen das Bild, den Leibrock, die Hausgötzen und den Abgott, sprach der Priester zu ihnen: Was macht ihr?
Ɛberɛ a ɔsɔfoɔ no hunuu sɛ mmarima no retwe akronkronneɛ no afiri Mika asɔreeɛ hɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi?”
19 Sie antworteten ihm: Schweige und halte das Maul zu und ziehe mit uns, daß du unser Vater und Priester seist. Ist dir's besser, daß du in des einen Mannes Haus Priester seist oder unter derer einem ganzen Stamm und Geschlecht in Israel?
Wɔbuaa no sɛ, “Mua wʼano! Di yɛn akyi na bɛyɛ yɛn nyinaa agya ne yɛn ɔsɔfoɔ. Wonnye nni sɛ ɛyɛ sɛ wobɛyɛ Israel abusuakuo bi ɔsɔfoɔ sene sɛ wobɛyɛ onipa baako fidua mu ɔsɔfoɔ?”
20 Das gefiel dem Priester wohl, und er nahm den Leibrock, die Hausgötzen und das Bild und kam mit unter das Volk.
Ɔsɔfoɔ aberanteɛ no ani gyeeɛ sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Enti ɔfaa asɔfotadeɛ kronkron no, abusua ahoni ne nsɛsodeɛ a wɔasene no.
21 Und da sie sich wandten und hinzogen, schickten sie die Kindlein und das Vieh und was sie Köstliches hatten, vor sich her.
Wɔsiim bio de wɔn mma, nyɛmmoa ne wɔn agyapadeɛ, dii wɔn anim.
22 Da sie nun fern von Michas Haus kamen, wurden die Männer zuhauf gerufen, die in den Häusern waren bei Michas Haus, und folgten den Kindern Dan nach und riefen den Kindern Dan.
Ɛberɛ a Dan abusuakuo mu nnipa no afiri Mika fie kɔ akyirikyiri no, Mika ne nʼafipamfoɔ mu bi tii wɔn.
23 Sie aber wandten ihr Antlitz um und sprachen zu Micha: was ist dir, daß du also zuhauf kommst?
Wɔbɛn wɔn no wɔteateaam. Na Dan mmarima no danee wɔn ani kaa sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ? Adɛn enti na woafrɛ nnipa yi aboa ano na moretaa yɛn sei?”
24 Er antwortete: Ihr habt meine Götter genommen, die ich gemacht hatte, und den Priester und ziehet hin; und was habe ich nun mehr? Und ihr fragt noch, was mir fehle?
Mika buaa sɛ, “Wobisa sɛ ɛdeɛn na worehwehwɛ a na wokyerɛ sɛn? Moafa mʼanyame nyinaa ne me ɔsɔfoɔ, na menni hwee bio!”
25 Aber die Kinder Dan sprachen zu ihm: Laß deine Stimme nicht hören bei uns, daß nicht auf dich stoßen zornige Leute und deine Seele und deines Hauses Seele nicht hingerafft werde!
Dan mmarima no buaa sɛ, “Hwɛ deɛ woka no yie! Yɛn mu bi bo nkyɛre fu, anhwɛ a wɔn bo bɛfu na wɔakum wo ne wʼabusuafoɔ.”
26 Also gingen die Kinder Dan ihres Weges. Und Micha, da er sah, daß sie ihm zu stark waren, wandte er sich um und kam wieder zu seinem Hause.
Enti, Dan mmarima no toaa so kɔɔ wɔn kwan. Mika hunuu sɛ nnipa no dɔɔso a enti ɔntumi nto nhyɛ wɔn so no, ɔdanee ne ho kɔɔ efie.
27 Sie aber nahmen, was Micha gemacht hatte, und den Priester, den er hatte, und kamen an Lais, an ein stilles, sicheres Volk, und schlugen es mit der Schärfe des Schwerts und verbrannten die Stadt mit Feuer.
Dan mmarima faa Mika ahoni ne ne ɔsɔfoɔ no de wɔn baa kuro Lais a emu nnipa wɔ asomdwoeɛ ne banbɔ no mu. Wɔto hyɛɛ emu nnipa no so, kunkumm wɔn nyinaa, hyee kuro no dworobɛɛ.
28 Und war niemand, der sie errettete; denn sie lag fern von Sidon, und sie hatten mit den Leuten nichts zu schaffen; und sie lag im Grunde, welcher an Beth-Rehob liegt. Da bauten sie die Stadt und wohnten darin
Na obiara nni hɔ a ɔbɛgye kuro no mufoɔ, ɛfiri sɛ, na deɛ wɔte no ne Sidon mu twe na wɔnni adɔmfoɔ a wɔbɛn nso. Saa asɛm yi sii bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Rehob no mu. Afei, Dan abusuakuo no mma sane kyekyeree kuro no, na wɔtenaa hɔ.
29 und nannten sie Dan nach dem Namen ihres Vaters Dan, der Israel geboren war. (Und die Stadt hieß vorzeiten Lais.)
Wɔde kuro no too Dan a ɔyɛ wɔn tete agya Israel no ba, na kane no wɔfrɛ hɔ Lais.
30 Und die Kinder Dan richteten für sich auf das Bild. Und Jonathan, der Sohn Gersons, des Sohnes Manasses, und seine Söhne waren Priester unter dem Stamm der Daniter bis an die Zeit, da sie aus dem Lande gefangen geführt wurden.
Afei, wɔgyinaa nsɛsodeɛ a wɔasene no na wɔfaa Gersom babarima Yonatan a ɔyɛ Manase aseni sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. Saa fie yi mu nnipa kɔɔ so yɛɛ asɔfoɔ maa Dan abusuakuo kɔsii Otukorɔ berɛ.
31 Also setzten sie unter sich das Bild Michas, das er gemacht hatte, so lange, als das Haus Gottes war zu Silo.
Enti Dan abusuakuo no toaa so somm nsɛsodeɛ a ɛyɛ Mika dea no wɔ ɛberɛ tenten a na Onyankopɔn Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ Silo.