< Psalm 6 >
1 Auf den Siegesspender, mit Saitenspiel, ein Gesang, ein Lied, von David. Herr! Straf mich nicht in Deinem Zorn! In Deinem Grimme züchtige mich nicht!
Dawid dwom. Awurade nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu, na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuwhyew mu.
2 Herr! Sei mir gnädig! Ich vergehe, Herr! Verschone mich! Erschüttert ist mein Leib.
Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ meyɛ mmrɛw; Awurade sa me yare na me nnompe wɔ ahoyeraw mu.
3 Die Seele ist mir ganz verwirrt. Und Du, Herr, ach wie lange noch?
Me kra wɔ ahohia mu. Enkosi da bɛn, Ao Awurade, enkosi da bɛn?
4 Noch einmal rette mir du Leben, Herr! Hilf mir um Deiner Gnade willen!
San bra, Awurade, na begye me nkwa; gye me, wo dɔ a enni nhuammɔ no nti.
5 Im Tode denkt man Deiner nicht. Wer lobte Dich im Schattenreich? - (Sheol )
Obi a wawu no renkae wo da, hena na ofi ɔda mu kamfo wo? (Sheol )
6 Von meinem Seufzen bin ich müde; ich bade jede Nacht mein Bett und netze meine Ruhestatt mit Tränen.
Apinisi ama mayɛ mmerɛw. Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔw me mpa, na me nusu fɔw me sumii.
7 Vor Kummer schlaflos ist mein Auge beim Blick auf alle meine Widersacher.
Awerɛhow ama mʼani so ayɛ me kusuu. Ɛredum; mʼatamfo nyinaa nti.
8 Weicht, Übeltäter all', von mir! Mein lautes Weinen hört der Herr.
Mo nnebɔneyɛfo, montwe mo ho mfi me ho! efisɛ Awurade ate me sufrɛ.
9 Mein Flehen hört der Herr; der Herr nimmt meine Bitte an.
Awurade ate me mmɔborɔsu; Awurade tie me sufrɛ.
10 Beschämt, bestürzt sei'n alle meine Feinde! Zurück! In einem Augenblicke seien sie zuschanden!
Mʼatamfo nyinaa anim begu ase na wɔn ho adwiriw wɔn; na wɔapatuw de fɛre asan wɔn akyi.