< 1 Timotheus 2 >

1 Vor allen Dingen dringe ich darauf, daß Gebete, Bitten, Fürbitten sowie Danksagungen verrichtet werden für alle Menschen,
Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
2 für Könige und jede Obrigkeit, damit wir ein stilles und ruhiges Leben führen in jeglicher Gottseligkeit und Ehrbarkeit.
monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.
3 So ist es gut und wohlgefällig vor unserem Heiland-Gott,
Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a
4 der will, daß alle Menschen Rettung finden und zur Einsicht in die Wahrheit kommen.
ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani.
5 Es gibt nur einen Gott und einen Mittler zwischen Gott und Menschen, den Menschen Christus Jesus.
Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no.
6 Er gab sich selbst als Lösegeld für alle hin; zur rechten Zeit ein Zeugnis.
Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbaa bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa.
7 Dafür bin ich zum Herold und Apostel aufgestellt - ich sage die Wahrheit und lüge nicht -, in ewiger Treue zum Völkerlehrer.
Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro, mereka nokware!
8 Ferner will ich, daß, wo immer die Männer beten, sie heilige Hände erheben ohne Zorn und zweifelnde Bedenken.
Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae.
9 Desgleichen, daß die Frauen in sittsamer Haltung mit Zucht sich schmücken und mit edlem Anstand und nicht mit Haargeflecht, Gold, Perlen oder mit kostbaren Gewändern,
Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa ɔkwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔnyɛ wɔn ti sɛ mmea ahobrɛasefo; wɔmmfa sika anaa nwinne anaa ntade a ne bo yɛ den nsiesie wɔn ho.
10 sondern, wie es sich für Frauen ziemt, die fromm sein wollen, mit guten Werken.
Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo no adi.
11 Das Weib soll in aller Unterwürfigkeit und Ruhe lernen.
Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade.
12 Zu lehren gestatte ich dem Weibe nicht; auch nicht, dem Manne zu befehlen; sie soll sich zurückhaltend zeigen.
Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm.
13 Denn Adam ward zuerst erschaffen und dann erst Eva.
Efisɛ wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.
14 Auch ließ nicht Adam sich betören; wohl aber ließ sich das Weib völlig betören und kam zu Fall.
Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so.
15 Das Heil erlangt sie aber durch Kindergebären, wenn sie ausharrt im Glauben, in der Liebe und in der Heiligung ihrer selbst in einem sittsamen Betragen.
Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronkronyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu.

< 1 Timotheus 2 >