< Marqqossa 16 >

1 Sanbatay adhidappe guye Magidale Marama Yaqobe aayo Maramira Salomira issippe bidi Yesusa anha tiyanas shito shamida.
Ade kyee a Homeda no twaa mu no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo na Maria kɔtɔɔ nnuhuam se wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.
2 Samintafe koyro galas malado wontara buro awa arshey kezida mala Yesusa dufokk buro bishin
Da a edi nnaawɔtwe no kan anɔpahema no, ansa na owia bepue no, wɔde nnuhuam no baa ɔda no so.
3 “Dufoza dunappe shucha nuss ooni gendersanee?” gidi ba garsan hasa7etida.
Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, na wɔredwene nea ɛbɛyɛ a wobepirew ɔbo no afi ɔda no ano no ho.
4 Issti dhoqu gi xelishin daro gitta shuchay dufoza dunappe genderidaysa beyida.
Nanso wɔreyɛ adu hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hui sɛ, obi apirew ɔbo kɛse no afi ɔda no ano.
5 Gede dufoza giddo gelida mala issi botha mayo mayida panthi ushacha bagara utidaysa beyidi dagamida.
Wɔkɔɔ ɔda no mu kohuu aberante bi sɛ ɔhyɛ atade fitaa te nifa so hɔ. Wohuu no no, wɔbɔɔ piriw.
6 Izi qass istas “Dagamopitte inte kaqetida Nazirete Yesusa koyista, izi dendidees han deena, issti iza wothidaso hayssa beyte” gidees.
Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ!
7 Gido atin inte biidi iza kalizaytasine Phixirosas kasse intes yotida mala inteppe kasetidi izi Galila bana. Inte iza hen demana gidi istas yotitte gidees.
Afei monkɔ na monkɔka eyi nkyerɛ nʼasuafo no ne Petro se, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mubehu no, sɛnea ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’”
8 Macashatikka malaletishene kokorishe dufappe kezi baqatida. Babida gish oonasikka aykkokka qatibeytena.
Mmea no de hu ne ahopopo guan fii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
9 (note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Samintappe koyro galas Wogga wonta maladora izi hayqoppe dendidappe guye Yesusay izippe lappun daydanth kesida Magidale Maramis koyro betides.
(note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no.
10 Izakka bada kasse izara dizayti muzotishenne yekishe dishin demada yotadus.
Maria Magdalene kɔɔ asuafo no nkyɛn kohuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahow, na wɔresu.
11 Isti Yesusay paxa dizaysanne iza ta iza beyadis gidaysa siyidi amanibeytena.
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, wahu Yesu na ɔte ase. Nanso wɔannye no anni.
12 Hessappe guye iza kalizaytappe namm7ati gede dere gars bishin Yesusay isstas hara ass milati betidees.
Akyiri no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam fi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wohuu no no, mfiase no, wɔantumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno, efisɛ na wasakra.
13 Isstikka simidi hessa iza kalizaytappe atidaytas yotida. Gido atin iza kalizyti siyidi amaibeytena.
Akyiri no a wohuu onipa ko a ɔyɛ no, wotuu mmirika san baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkae no, nanso obiara annye wɔn anni.
14 Hessappe guye tammane issineti kaththa madan dishin Yesusay istas qoncidees. Izi hayqoppe dendin iza beyida asati isstas yotin siyidi ammanonita agida gish isstas ammanoy bayndaysanne issta wozina mumetetha gish issta borides.
Akyiri no a asuafo dubaako no te adidii no, oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidi a wonni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
15 Isstaskka hizgidees “Gede alame wursoso biite, mishracho qaala medhetetha wursoso sabakitte.”
Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.
16 Aamanidayne xamaqetiday atana. Amanontay gidikko pirdistana.
Na obiara a ogye di na wɔbɔ no asu no, wobegye no nkwa. Na obiara a onnye nni no, wobebu no fɔ.
17 Tana amanizayta hayti malatati kalana. Isti ta sunthan daydanthata kesana, ooratha qalankka hasa7ana.
Saa nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wogye me di no akyi. Wɔde me din betu ahonhommɔne, na wɔakasa kasa foforo.
18 Issti shoshata ba kushera oykkana, wodhiza marzekka uyikoka issta qohena. Be kushe harganchata bolla wothi wossikko haraganchati paxana.
Wobeso awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduru bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
19 Goda Yesusay hessa yotidappe gueye pudde salo dendidi bidi Xoossa ushacan utidees.
Awurade Yesu ne wɔn kasa wiee akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
20 Iza kalizayti hessappe kezidi wursoson adhi adhi sabakida. Godaykka isstara oothidees. Issta timirteza ekidi oothizaytas ba yotida qalakka malata othi othi minthidees.
Eyi akyi no, asuafo no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkae no mu den.

< Marqqossa 16 >