< 1 Yanisa 1 >

1 Dey qaala gish koyrope dizayssa nu nu haythan siydaysane nu ayfera be7idaysa loo7ethi xellidays nu kushera ooyki be7idassa gish hsa7os.
Yɛretwerɛ mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ: Deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ. Yei ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no.
2 Deyoykka qoncides, nukka nu ayfera beydi markatos. Izas iza aawa achan dizasane nuskka qoncida medhiina deyo gish nu intes Yootos. (aiōnios g166)
Nkwa no daa ne ho adi no, yɛhunuiɛ. Ɛno enti, yɛka ho asɛm kyerɛ mo, ɛne nkwa a ɛnni awieeɛ a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. (aiōnios g166)
3 Inteskka nunara isipetethi dana mala nuni be7idaysanne siydaysa intes yootos. Nu isipetethayka aawarane iza na Yesus Kiristossarako.
Yɛkaa deɛ yɛhunuiɛ na yɛteeɛ no kyerɛɛ mo nso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo ne yɛn bɛnya ayɔnkofa wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu.
4 Nu ufaysay kumetha gidanamala nu hayssa intes xafosu.
Yɛretwerɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn anigyeɛ bɛwie pɛyɛ.
5 Nu izape siydi intes yootiza kiitay Xoossi poo7o iza acahan mulekka dhumay dena gizaysako.
Afei, yei ne asɛm a yɛate afiri ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amaneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a esum nni ne mu koraa.
6 Nu dhuman simeretishe izara nuusu isipetethi dees; Nu giiko wordotosu attin tuman dokko.
Na sɛ afei yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu.
7 Gido attin izi poo7on diza mala nukka poo7on simeretiko nu garisan nuus isipetethi dees; iza na Yesuss Kirstosa suthi nuna Nagara wurisofe geshees.
Na sɛ yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.
8 Nu nunan nagaray bawaa gikko nurka nuna balethos; Tumaykka nunan deena.
Sɛ yɛka sɛ yɛnni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ no nni yɛn mu.
9 Nuni nu nagara paaxiiko izi nu nagara atto ganasinne nu marika7atethafe nuna wursi geshanas izi amanetidadene xiiloko.
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na wate yɛn ho afiri deɛ ɛnte nyinaa ho.
10 Nu nagara oothi beyko giikko iza nu woradancha kesosne iza qalayka nunan dena.
Sɛ yɛka sɛ yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofoɔ a nʼAsɛm no nni yɛn mu.

< 1 Yanisa 1 >