< Lévitique 4 >
1 Le Seigneur parla encore à Moïse, disant:
Afei Awurade hyɛɛ mmara foforo maa Mose sɛ:
2 Dis aux enfants d’Israël: Un homme qui a péché par ignorance, et qui, touchant les commandements du Seigneur, a fait quelque chose de ce qu’il a commandé de ne point faire;
“Ka kyerɛ Israelfo se saa mmara yi na ɛwɔ hɔ ma obiara a wanhyɛ da na obebu me mmara no bi so.
3 Si c’est le prêtre qui a été oint, qui a péché, faisant faillir le peuple, il offrira pour son péché, un veau sans tache au Seigneur;
“‘Sɛ ɔsɔfo bi anhyɛ da na ɔfom mmara bi na ɛnam so de afɔbu ba nnipa no so a, ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre de ma Awurade.
4 Et il l’amènera à la porte du tabernacle de témoignage devant le Seigneur, et il mettra la main sur sa tête, et il l’immolera au Seigneur.
Ɛsɛ sɛ ɔde aboa no ba Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɔde ne nsa gu nʼapampam na okum no wɔ hɔ wɔ Awurade anim.
5 Il prendra aussi du sang du veau, le portant dans le tabernacle de témoignage.
Ɔsɔfo no de aboa no mogya bɛkɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
6 Et lorsqu’il aura trempé son doigt dans le sang, il en fera l’aspersion sept fois devant le Seigneur contre le voile du sanctuaire.
Ɔde ne nsateaa baako bɛbɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim wɔ ntama a ɛsɛn kronkron mu kronkron no anim.
7 Ensuite il mettra du même sang sur les cornes de l’autel du parfum à brûler, très agréable au Seigneur, et qui est dans le tabernacle de témoignage, mais tout le reste du sang, il le répandra au pied de l’autel de l’holocauste, à l’entrée du tabernacle.
Afei, ɔsɔfo no de mogya no bi begu aduhuam no tumpan a esi afɔremuka no so no wɔ Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no mu; mogya no a ɛbɛka no, wobehwie agu afɔremuka no ase de abɔ ɔhyew afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
8 Et il enlèvera la graisse du veau, hostie pour le péché, tant celle qui couvre les entrailles, que tout ce qui est au dedans,
Afei ɔbɛtetew srade a ɛwɔ ne nsono no ho nyinaa,
9 Les deux reins et la membrane réticulaire qui est sur eux près des flancs, et la graisse du foie avec les reins;
ne asaabo abien no ne sisia srade ne ne bɔnwoma kotoku,
10 Comme elle s’enlève du veau de l’hostie des sacrifices pacifiques, et il les brûlera sur l’autel de l’holocauste.
na wahyew no wɔ ɔhyew afɔremuka no so te sɛ nantwinini anaa nantwibere a wɔde no bɔ asomdwoe afɔre no pɛ.
11 Quant à la peau et à toutes les chairs, avec la tête, les pieds, les intestins, la fiente,
Nanso nantwi ba no ho nneɛma a ɛbɛka a ɛyɛ ne nwoma, ne nam, ne ti, ne nan, nʼayamde, ne ne nsono no de,
12 Et le reste du corps, il les emportera hors du camp dans un lieu net, où les cendres ont coutume d’être répandues; et il les brûlera sur un tas de bois, et ils seront consumés dans le lieu des cendres répandues.
wɔmfa nkɔ afahyɛbea bi a ɛhɔ tew wɔ akyiri baabi a wɔde nsõ fi afɔremuka no so kɔ hɔ kɔhyew no nnyansin so no.
13 Que si toute la multitude d’Israël a été dans l’ignorance, et que par impéritie, elle ait fait ce qui est contre un commandement du Seigneur,
“‘Sɛ Israelfo nyinaa yɛ bɔne a etia Awurade, na sɛ ɛnyɛ ɔboayɛ a, nnipa no nyinaa bedi ho fɔ.
14 Et qu’ensuite elle ait reconnu son péché, elle offrira pour son péché un veau, et elle l’amènera à la porte du tabernacle.
Na sɛ wohu wɔn bɔne a, wɔde nantwi ba bɛba abɛbɔ bɔne ho afɔre wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
15 Alors les anciens du peuple mettront les mains sur sa tête devant le Seigneur. Et, le veau immolé en la présence du Seigneur,
Sɛ wɔrebɔ saa afɔre no a, ɔman no mu mpanyimfo de wɔn nsa begu aboa no apampam na wɔakum no wɔ Awurade anim.
16 Le prêtre qui a été oint, portera de son sang dans le tabernacle de témoignage,
Na ɔsɔfo no de ne mogya aba Ahyiae Ntamadan no mu,
17 Faisant de son doigt trempé dans ce sang sept fois l’aspersion contre le voile;
na ɔde ne nsateaa baako abɔ mogya no mu apete mpɛn ason wɔ Awurade ne ntama a etwa ɔdan no mu no anim.
18 Et il mettra du même sang sur les cornes de l’autel qui est devant le Seigneur dans le tabernacle de témoignage; mais le reste du sang, il le répandra au pied de l’autel des holocaustes, qui est à la porte du tabernacle de témoignage.
Ɔde mogya begu mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu wɔ Awurade anim. Afei obehwie mogya a aka wɔ ɔhyew afɔre no afɔremuka no ase no agu wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
19 Et il prendra toute la graisse du veau et la brûlera sur l’autel;
Ɛsɛ sɛ woyi na wɔhyew srade a ɛwɔ aboa no mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so.
20 Faisant ainsi de ce veau, comme il a fait auparavant: et le prêtre priant pour eux, le Seigneur leur sera propice.
Ɔbɛfa ɔkwan a wɔfa so bɔ bɔne ho afɔre no so pɛpɛɛpɛ. Eyi bɛma ɔsɔfo no abɛyɛ mpata ama ɔman no, na wɔde obiara bɔne bɛkyɛ no.
21 Mais le veau lui-même, il l’emportera hors du camp, et le brûlera comme le premier veau, parce que c’est pour le péché de la multitude.
Afei asɔfo no bɛtwe nantwinini ba no de no akɔ beae foforo bi akɔhyew no wɔ hɔ te sɛnea ɔrebɔ ɔbaakofo bɔne ho afɔre no. Nanso eyi de, ɛyɛ ɔman mu no nyinaa afɔrebɔde.
22 Si un prince a péché et qu’il ait fait par ignorance une des choses nombreuses qui sont défendues par la loi du Seigneur,
“‘Sɛ mpanyimfo no bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom Onyankopɔn mmara no baako
23 Et qu’ensuite il ait reconnu son péché, il offrira une hostie au Seigneur, un bouc sans tache, pris d’entre les chèvres.
na wɔma no te ne ho ase a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔpapo a ne ho nni dɛm ba sɛ nʼafɔrebɔde.
24 Il mettra sa main sur sa tête; et lorsqu’il l’aura immolé dans le lieu où a coutume d’être immolé l’holocauste devant le Seigneur, parce que c’est pour le péché,
Ɔde ne nsa begu aboa no apampam na wakum no wɔ beae a wokum ɔhyew afɔre mmoa no de ama Awurade no. Eyi yɛ ne bɔne ho afɔrebɔde.
25 Le prêtre trempera le doigt dans le sang de l’hostie pour le péché, touchant les cornes de l’autel de l’holocauste et répandant le reste au pied de l’autel.
Afei, ɔsɔfo no de ne nsateaa baako bɛbɔ afɔrebɔde mogya no mu na ɔde asra afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no mmɛn no ho; na afei wɔahwie mogya no nkae agu afɔremuka no ase.
26 Mais la graisse, il la brûlera dessus, comme on a coutume de faire aux victimes des sacrifices pacifiques: et le prêtre priera pour lui et pour son péché, et il lui sera pardonné.
Wɔbɛhyew srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so te sɛ nea wɔhyew asomdwoe afɔre srade no ara pɛ; ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama ɔpanyin ko no wɔ ne bɔne no ho; na wɔde ne bɔne no bɛkyɛ no.
27 Que si un homme d’entre le peuple de la terre pèche par ignorance, de manière à faire quelqu’une des choses qui sont défendues par la loi du Seigneur, et à faillir,
“‘Sɛ apapahwekwa bi yɛ bɔne a onnim sɛ wafom a, odi ho fɔ.
28 Et qu’il reconnaisse son péché, il offrira une chèvre sans tache,
Nanso onya te ne ho ase ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ɔde abirekyibere a ne ho nni dɛm ba ma wɔde pata ne bɔne no.
29 Et il mettra la main sur la tête de l’hostie qui est pour le péché, et il l’immolera au lieu de l’holocauste.
Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wɔakum no.
30 Puis le prêtre prendra du sang avec son doigt, et touchant les cornes de l’autel de l’holocauste, il répandra le reste au pied de l’autel.
Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Afei, ɔsɔfo no behwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase.
31 Mais enlevant toute la graisse, comme elle a la coutume d’être enlevée des victimes des sacrifices pacifiques, il la brûlera sur l’autel en odeur de suavité pour le Seigneur; et il priera pour lui, et il lui sera pardonné.
Wobeyi srade no nyinaa afi mu te sɛ nea wɔfa bɔ asomdwoe afɔre no ara. Na ɔsɔfo no bɛhyew no wɔ afɔremuka no so. Na Awurade ani bɛsɔ. Ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama saa onipa no na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.
32 Mais s’il offre une victime de brebis pour le péché, que ce soit une brebis sans tache;
“‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde oguamma bɛbɔ ne bɔne ho afɔre nso a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbere a dɛm biara nni ne ho.
33 Il posera la main sur sa tête, et il l’immolera au lieu où ont coutume d’être tuées les hosties des holocaustes.
Ɔde no bɛba beae a wɔde mmoa a wɔde wɔn ba ma wokum wɔn de wɔn bɔ ɔhyew afɔre hɔ no, na ɔde ne nsa ato bɔne ho afɔrebɔde no apampam na wakum no sɛ bɔne ho afɔrebɔde.
34 Alors le prêtre prendra de son sang avec son doigt, et touchant les cornes de l’autel de l’holocauste, il répandra le reste au pied de l’autel,
Na ɔsɔfo no de mogya no bi asra ne nsateaa baako ho na ɔde asra ɔhyew afɔremuka mmɛn no ho. Na wahwie mogya no nkae no agu afɔremuka no ase.
35 Enlevant aussi toute la graisse comme a coutume d’être enlevée la graisse du bélier, qui est immolé dans les sacrifices pacifiques, il la brûlera sur l’autel pour l’holocauste du Seigneur; et il priera pour celui qui offre le sacrifice et pour son péché, et il lui sera pardonné.
Wɔbɛyɛ srade no sɛnea wɔyɛ asomdwoe oguamma srade no. Ɔsɔfo no bɛhyew srade no wɔ afɔremuka no so te sɛ afɔre ahorow a wɔde ogya bɔ ma Awurade no ara pɛ. Ɔsɔfo no nam saa afɔrebɔ yi so bɛpata ama onipa ko no, na wɔde ne bɔne bɛkyɛ no.