< Genèse 36 >
1 Voici les générations d’Esaü; c’est le même qu’Edom.
Eyinom ne Esau a wɔfrɛ no Edom no asefo.
2 Esaü prit pour femmes d’entre les filles des Chananéens: Ada, fille d’Elon l’Hétéen, et Oolibama, fille d’Ana, fille elle-même de Sébéon l’Hévéen;
Esau waree Kanaanfo mmea baasa. Wɔn din de Ada a ɔyɛ Hetini Elon babea, Ana babea Oholibama a ɔsan yɛ Hewini Sibeon nena ne
3 Et aussi Bazemath, fille d’Ismaël, sœur de Nabaïoth.
Basmat a ɔyɛ Ismael babea na ɔyɛ Nebaiot nuabea.
4 Ada enfanta Eliphaz; Bazemath enfanta Rahuel;
Ada woo Elifas maa Esau. Basmat woo Reuel.
5 Oolibama enfanta Jéhus, Ihélon et Coré. Ce sont là les fils d’Esaü, qui lui naquirent dans la terre de Chanaan.
Oholibama nso woo Yeus, Yalam ne Kora. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne mmabarima a Esau yerenom baasa no wowoo wɔn maa no wɔ Kanaan asase so no.
6 Or Esaü prit ses femmes, ses fils, ses filles et toutes les âmes de sa maison, ses richesses, ses bestiaux et tout ce qu’il pouvait avoir dans la terre de Chanaan, et il s’en alla dans une autre contrée, et s’éloigna de son frère Jacob.
Esau faa ne yerenom, ne mmabarima, ne mmabea, ne fifo nyinaa, ne nyɛmmoa ne mmoa a aka nyinaa ne nʼagyapade biara a ɔbrɛ nyaa no wɔ Kanaan asase so nyinaa, tu fii ne nua Yakob nkyɛn, kɔɔ asase bi so wɔ akyirikyiri.
7 Car ils étaient extrêmement riches, et ils ne pouvaient habiter ensemble; et la terre de leur pèlerinage ne leur suffisait pas, à cause de la multitude de leurs troupeaux.
Efisɛ na wɔn ahonyade no dɔɔso sɛ ɔne ne nua Yakob betumi atena faako. Na wɔn mmoa dodow nti, wɔn baanu no nsen asase a wɔte so no so.
8 Ainsi Esaü habita sur la montagne de Séir: Esaü est le même qu’Edom.
Ɛno nti, Esau a wɔfrɛ no Edom no, kɔbɔɔ nʼatenae wɔ Seir bepɔw so.
9 Or, voici les générations d’Esaü père des Iduméens sur la montagne de Séir;
Eyinom ne Esau a ɔyɛ Edomfo agya no asefo a wɔwoo wɔn maa no bere a na ɔwɔ Seir bepɔw so no.
10 Et voici les noms de ses fils: Eliphaz, fils d’Ada, femme d’Esaü, Rahuel aussi, fils de Bazemath sa femme.
Esau mmabarima no din na edidi so yi: Elifas, a ɔyɛ Esau yere panyin Ada babarima ne Reuel a ɔyɛ Basmat babarima.
11 Et les fils d’Eliphaz furent Théman, Omar, Sépho, Gatham et Cénez.
Elifas nso mmabarima din na edidi so yi: Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.
12 Il y avait encore Thamna, seconde femme d’Eliphaz, fils d’Esaü, laquelle lui enfanta Amalech: ce sont là les fils d’Ada, femme d’Esaü;
Na Esau babarima Elifas nso wɔ mpena bi a ne din de Timna a ɔne no woo ba a wɔfrɛ no Amalek. Din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Ada nenanom.
13 Mais les fils de Rahuel: Nathat et Zara, Samma et Meza: ce sont là les fils de Bazemath, femme d’Esaü.
Reuel mmabarima din na edidi so yi: Nahat, Serah, Sama ne Misa. Saa din a wɔabobɔ yi yɛ Esau yere Basmat nso nenanom.
14 Il y avait aussi les fils d’Oolibama (fille d’Ana, fille elle-même de Sébéon), femme d’Esaü, qu’elle lui enfanta: Jéhus, Ihélon et Coré.
Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea, na ɔsan yɛ Sibeon nena no mmabarima a ɔwoo wɔn maa Esau no ne eyinom: Yeus, Yalam ne Kora.
15 Voici les chefs des fils d’Esaü: les fils d’Eliphaz, premier-né d’Esaü: le chef Théman, le chef Omar, le chef Sépho, le chef Cénez,
Eyinom ne Esau asefo no mu atitiriw: Elifas a ɔyɛ Esau abakan no nso mmabarima din na edidi so yi: Atitiriw Teman, Omar, Sefo, Kenas,
16 Le chef Coré, le chef Gatham, le chef Amalech. Ce sont là les fils d’Eliphaz, dans le pays d’Edom, et ce sont les fils d’Ada.
Kora, Gatam ne Amalek. Saa din a wɔabobɔ yi ne Elifas a ɔyɛ Esau abakan no asefo atitiriw a wɔwowoo wɔn wɔ Edom asase so. Na saa atitiriw yi yɛ Ada nenanom.
17 Et voici les fils de Rahuel fils d’Esaü: le chef Nahath, le chef Zara, le chef Samma, le chef Meza: ce sont là les chefs issus de Rahuel dans le pays d’Edom; et ce sont les fils de Bazemath, femme d’Esaü.
Esau babarima Reuel mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Nahat, Otitiriw Serah, Otitiriw Sama ne Otitiriw Misa. Saa din a wɔabobɔ yi ne Reuel a ɔyɛ Esau ba a ɔto so abien no nnipa atitiriw a wɔwoo wɔn wɔ Edom asase so. Na wɔyɛ Esau yere Basmat nenanom.
18 Mais voici les fils d’Oolibama, femme d’Esaü: le chef Jéhus, le chef Ihélon, le chef Coré: ce sont là les chefs issus d’Oolibama, femme d’Esaü, fille d’Ana.
Esau yere Oholibama mmabarima din na edidi so yi: Otitiriw Yeus, Otitiriw Yalam ne Otitiriw Kora. Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau yere Oholibama a ɔyɛ Ana babea no asefo nnipa atitiriw no.
19 Ce sont là les enfants d’Esaü, et ce sont là leurs chefs: Esaü est le même qu’Edom.
Saa din a wɔabobɔ yi ne Esau a ɔno ara ne Edom no mmabarima. Wɔn ara nso na wɔyɛ wɔn nnipa atitiriw no.
20 Voici les fils de Séir Horréen, habitants de ce pays: Lotan, Sobal, Sébéon, Ana,
Eyinom ne Horini Seir mmabarima a na saa bere no wɔtete Seir asase so no: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
21 Dison, Eser et Disan: ce sont là les chefs Horréens, fils de Séir, dans le pays d’Edom.
Dison, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horini Seir mmabarima a na wɔtete Edom asase so no nnipa atitiriw no.
22 Mais les fils de Lotan furent Hori et Héman: or, la sœur de Lotan était Thamna.
Lotan mmabarima ne eyinom: Hori ne Homam. Na Timna yɛ Lotan nuabea.
23 Voici les fils de Sobal: Alvan, Manahat, Ebal, Sépho et Onam.
Sobal nso mmabarima ne eyinom: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam.
24 Et voici les fils de Sébéon: Aïa et Ana. Celui-ci est Ana, qui trouva les eaux chaudes dans le désert, pendant qu’il paissait les ânes de Sébéon son père;
Na eyinom ne Sibeon mmabarima: Aya ne Ana. Saa Ana yi ne abarimaa a, bere bi ɔde nʼagya Sibeon mfurum kɔɔ adidi wɔ sare no so a okohuu asu aniwa bi a na nsuɔhyew fi mu ba no.
25 Il eut pour fils Dison, et pour fille Oolibama.
Ana mma ni: Dison ne Oholibama a ɔyɛ Ana babea no.
26 Or, voici les fils de Dison: Hamdan, Eséban, Jéthram et Charan;
Disan mmabarima ni: Hemdan, Esban, Yitran ne Keran.
27 Et les fils d’Eser: Balaan, Zavan et Achan.
Eser mmabarima ne eyinom: Bilhan, Saawan ne Akan.
28 Mais Disan eut pour fils Hus et Aram.
Eyinom ne Disan mma: Us ne Aran.
29 Voici les chefs des Horréens: le chef Lotan, le chef Sobal, le chef Sébéon, le chef Ana,
Eyinom ne Horifo nnipa atitiriw: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana,
30 Le chef Dison, le chef Eser et le chef Disan: ce sont là les chefs qui ont commandé dans le pays de Séir.
Disan, Eser ne Disan. Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne Horifo nnipa atitiriw a bere a na wɔwɔ Seir asase so no, wodii wɔn mmusua no so.
31 Mais les rois qui régnèrent dans le pays d’Edom, avant que les enfants d’Israël eussent un roi, furent ceux-ci:
Eyinom ne nnipa a wodii kan dii hene wɔ Edom asase so ansa na Israelni biara rebedi Israelmma so hene:
32 Béla, fils de Béor, et le nom de sa ville était Denaba.
Bela a ɔyɛ Beor babarima bedii hene wɔ Edom asase so. Na nʼahenkurow din de Dinhaba.
33 Mais Béla mourut, et à sa place régna Jobab, fils de Zara de Bosra.
Na Bela wui no, Serah babarima Yobab a ofi Bosra bedii nʼade sɛ ɔhene.
34 Et quand Jobab mourut, à sa place régna Husam du pays des Thémanites.
Na Yobab wui no, Husam a ofi Teman asase so bedii nʼade sɛ ɔhene.
35 Celui-ci mort aussi, régna à sa place Adad, fils de Badad, qui battit Madian dans les champs de Moab; et le nom de sa ville était Avith.
Husam wu akyi Hadad a ɔyɛ Bedad babarima a okodii Midian so nkonim wɔ Moab asase so no na odii nʼade sɛ ɔhempɔn. Wɔtoo nʼahenkurow no din Hawit.
36 Et quand Adad mourut, régna à sa place Semla de Masréca.
Hadad wui no, Samla a ofi Masreka kuropɔn mu bɛyɛɛ ɔhene.
37 Celui-ci mort aussi, régna à sa place Saül, du fleuve de Rohoboth.
Samla wui no, Saulo a ofi Rehobot a ɛda asu Eufrate ho no bedii hene.
38 Et quand celui-ci mourut, Balanan, fils d’Achobor, succéda au royaume.
Na Saulo wui no, Akbor babarima Baal-Hanan bedii hene.
39 Celui-ci mort aussi, régna à sa place Adar; et le nom de sa ville était Phaü; et sa femme s’appelait Méétabel, fille de Matred, fille elle-même de Mézaab.
Akbor babarima Baal-Hanan nso wui no, Hadad bedii nʼade, tenaa nʼahengua so sɛ ɔhempɔn. Na ɔhene Hadad ahenkurow no din de Pau, na ne yere nso din de Mehetabel a ɔyɛ Me-Sahab babea a ɔno nso yɛ Matred babea.
40 Voici donc les noms des chefs issus d’Esaü, selon leurs familles et leurs demeures et leurs noms: le chef Thamna, le chef Alva, le chef Jétheth,
Sɛnea wɔn a wodidi so yi a wɔyɛ Esau asefo no mmusua ne wɔn tenabea te ni: Timna abusua, Alwa abusua, Yetet abusua,
41 Le chef Oolibama, le chef Ela, le chef Phinon,
Oholibama abusua, Ela abusua, Pinon abusua,
42 Le chef Cénez, le chef Théman, le chef Mabsar,
Kenas abusua, Teman abusua, Mibsar abusua,
43 Le chef Magdiel, le chef Hiram: ce sont là les chefs issus d’Edom, qui habitaient dans le pays de leur domination: Edom est le même qu’Esaü père des Iduméens.
Magdiel abusua ne Iram abusua. Eyinom ne Edom mmusua a wɔde wɔn atenae no din totoe. Na wɔn nyinaa yɛ Edomfo a wɔyɛ Esau asefo.