< Exode 23 >
1 Tu n’accueilleras point une parole de mensonge, et tu ne prêteras pas ta main de manière à dire en faveur de l’impie un faux témoignage.
“Monkeka nkontomposɛm. Mo ne ɔbɔnefo nni nsawɔso, na moanni adansekurum.
2 Tu ne suivras point la multitude pour faire le mal; et en jugement tu n’acquiesceras pas à l’avis du plus grand nombre pour dévier de la vérité.
“Mommfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ moredi adanse a, monnhwɛ nnipa bi dodow so nni mmoa wɔn,
3 Tu n’auras point non plus compassion du pauvre en jugement.
na munni adanse mmoa ohiani wɔ asennibea.
4 Si tu rencontres le bœuf de ton ennemi, ou son âne égaré, ramène-le-lui.
“Sɛ muhu mo tamfo nantwi anaa nʼafurum a wayera a, monkyere no nkɔma ne wura no.
5 Si tu vois l’âne de celui qui te hait tombé sous le fardeau, tu ne passeras pas outre, mais tu le relèveras avec lui.
Sɛ mokɔto sɛ mo tamfo bi repagyaw nʼafurum agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, monntwa ne ho nkɔ, mmom mommoa no.
6 Ne fais point d’écarts dans le jugement du pauvre.
“Mommfa atɛntrenee nkame ahiafo wɔ asennibea.
7 Tu fuiras le mensonge; tu ne feras point mourir l’innocent et le juste, parce que j’ai l’impie en aversion.
Mommfa asɛm a munhui nto obi a odi bem anaa ɔnokwafo so mma wonkum no, efisɛ merennyaa ɔfɔdifo.
8 Tu ne recevras point de présents, qui aveuglent même les sages et corrompent les paroles des justes.
“Munnye adanmude na adanmudegye fura onipa ani. Adanmudegye ma nea nʼasɛm yɛ dɛ no asɛm sɛe.
9 Tu ne seras point fâcheux pour l’étranger; car vous connaissez les âmes des étrangers, puisque vous-mêmes, vous avez été étrangers dans la terre d’Egypte.
“Monnhyɛ ɔnanani so; mo ankasa munim sɛnea ɔnananiyɛ te, efisɛ na moyɛ ananafo wɔ Misraim.
10 Pendant six ans tu sèmeras ta terre et tu en recueilleras les fruits.
“Munnua na muntwa no nnɔbae ntoatoa so saa ara nkosi mfe asia,
11 Mais à la septième année, tu la laisseras et tu la feras reposer, afin que les pauvres de ton peuple mangent, et que tout ce qui sera de reste, les bêtes de la campagne le mangent: ainsi tu feras pour ta vigne et pour ton plant d’oliviers.
nanso afe a ɛto so ason so de, momma asase no nna hɔ kwa mma ahiafo ntwa nnɔbae biara a ebenyin wɔ so no; nkae no, munnyaw mma mmoa nwe. Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne wo ngonnua turo nso.
12 Pendant six jours tu travailleras, mais au septième jour tu cesseras, afin que ton bœuf et ton âne se reposent, et que le fils de ta servante, et l’étranger reprennent des forces.
“Nnansia na momfa nyɛ adwuma na monhome ne nnanson so. Eyi bɛma mo anantwi, mo mfurum, mo fifo, mo asomfo ne mo ahɔho nso ahome.
13 Gardez toutes les choses que je vous ai dites, et vous ne jurerez point par le nom des dieux étrangers, et on ne l’entendra pas de votre bouche.
“Munni asɛm biara a maka no so. Monnkankye mmɔ onyame foforo biara din; momma wɔnnte bi mmfi mo ano.”
14 Trois fois chaque année vous célébrerez des fêtes en mon honneur.
“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me anuonyam.
15 Tu garderas la solennité des azymes. Durant sept jours tu mangeras des azymes, comme je t’ai ordonné, au temps du mois des nouveaux fruits, quand tu es sorti de l’Egypte: tu ne paraîtras pas en ma présence les mains vides.
“Nea edi kan no, munni Apiti Afahyɛ no. Sɛ edu so a, munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson, sɛnea mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔsram Abib mu, ɔsram a mode tu fii Misraim no mu. “Edu saa bere no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔde.
16 Tu garderas de plus la solennité de la moisson des prémices de ton travail, quoi que ce soit que tu aies semé dans ton champ; et aussi la solennité à la fin de l’année, quand tu auras recueilli tous les fruits de ton champ.
“Ɛno akyi no, Otwabere Afahyɛ na edi so. Saa afahyɛ yi du so a, momfa mo aduankan mmrɛ me. “Nea etwa to yɛ nnɔbae anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wodi no otwa bere no akyi.
17 Trois fois dans l’année, paraîtront tous tes mâles en présence de moi, le Seigneur ton Dieu.
“Afahyɛ ahorow abiɛsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Nyankopɔn anim.
18 Tu ne sacrifieras point sur du levain le sang de ma victime, et la graisse de ma solennité ne demeurera point jusqu’au matin.
“Mommfa biribiara a mmɔkaw wɔ mu mmɔ mogya afɔre mma me. “Saa ara na ɛnsɛ sɛ mʼafahyɛ afɔrebɔde mu srade no tena hɔ ma ade kye so.
19 Tu apporteras les prémices du fruit de ta terre dans la maison du Seigneur ton Dieu. Tu ne feras point cuire un chevreau dans le lait de sa mère.
“Sɛ mutwa mo nnɔbae a, Momfa mo nnɔbae mu nea ɛsɔ ani koraa no mmra Awurade mo Nyankopɔn fi. “Monnoa abirekyi ba wɔ ne na nufusu mu.
20 Voilà que moi, j’enverrai mon ange, afin qu’il te précède et te garde dans le chemin, et qu’il t’introduise dans le lieu que j’ai préparé.
“Meresoma ɔbɔfo na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.
21 Respecte-le, écoute sa voix, et ne pense pas à le mépriser, parce qu’il ne te pardonnera point, lorsque tu pécheras, et que mon nom est en lui.
Momfa nidi mma no na munni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, efisɛ ɔremfa mo amumɔyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ me nsiananmu, na me din na ɛda ne so.
22 Que si tu écoutes sa voix, et que tu fasses tout ce que je te dis, je serai un ennemi pour ton ennemi, et j’affligerai ceux qui t’affligeront.
Na sɛ motɔ mo bo ase, na mutie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfo atia mo atamfo.
23 Et mon ange te précédera, et il t’introduira chez l’Amorrhéen, l’Héthéen, le Phérézéen, le Chananéen, l’Hévéen et le Jébuséen, que j’écraserai.
Me bɔfo bedi mo anim de mo aba Amorifo, Hetifo, Perisifo, Kanaanfo, Hewifo ne Yebusifo asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim.
24 Tu n’adoreras point leurs dieux et tu ne les serviras pas; tu ne feras point leurs œuvres, mais tu les détruiras et tu briseras leurs statues.
Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔre mma wɔn da biara da. Munnni saa abosonsomfo yi akyi. Munni wɔn so na mummubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasede no ngu.
25 Vous servirez le Seigneur votre Dieu, afin que je bénisse tes pains et tes eaux, et que j’enlève la maladie du milieu de toi.
Mo Awurade, mo Nyankopɔn nko ara na monsom no. Na mehyira mo ama moanya aduan ne nsu na meyi nyarewa nyinaa afi mo so.
26 Il n’y aura ni femme inféconde, ni stérile dans ta terre: je remplirai le nombre de tes jours.
Ɔpɔn anaa abonin remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.
27 J’enverrai ma terreur en avant de toi, et je ferai mourir tout peuple chez lequel tu entreras, et je ferai tourner le dos à tous tes ennemis devant toi;
“Awurade ho hu bɛka aman a mubedi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔaguan wɔ mo anim.
28 Envoyant d’abord les frelons, qui mettront en fuite l’Hévéen, le Chananéen et l’Héthéen, avant que tu entres.
Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifo, Kanaanfo ne Hetifo afi mo anim.
29 Je ne les chasserai pas de devant ta face en une seule année, de peur que la terre ne soit réduite en solitude, et que les bêtes sauvages ne se multiplient contre toi.
Merenyɛ eyinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annan sare amma nkekaboa ammu amfa mo so.
30 C’est peu à peu que je les chasserai de ta présence, jusqu’à ce que tu croisses en nombre et que tu possèdes cette terre.
Mɛpam wɔn nkakrankakra kosi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.
31 Je poserai tes limites depuis la mer Rouge jusqu’à la mer des Philistins, et depuis le désert jusqu’au fleuve: je livrerai entre vos mains les habitants de cette terre, et les chasserai de votre présence.
“Mɛto mo ahye afi Po Kɔkɔɔ no ano akosi Filistifo mpoano, na mede afi sare a ɛwɔ anafo fam no so akosi Asu Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afi mo anim.
32 Tu ne feras point d’alliance avec eux, ni avec leurs dieux.
Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara.
33 Qu’ils n’habitent point dans ta terre, de peur qu’ils ne le fassent pécher contre moi, si tu sers leurs dieux; ce qui certainement serait pour toi un scandale.
Mommma wɔmmɛtena mo mu, anyɛ saa a wɔbɛma mo ayɛ bɔne atia me; esiane sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, wɔn abosonsom no som bɛyɛ afiri a ebeyi mo.”