< Exode 12 >
1 Le Seigneur dit aussi à Moïse et à Aaron dans la terre d’Egypte:
Bere a na Mose ne Aaron da so wɔ Misraim asase so no, Awurade ka kyerɛɛ wɔn se,
2 Ce mois sera pour vous le commencement des mois: il sera le premier dans les mois de l’année.
“Efi nnɛ rekɔ, ɔsram yi bɛyɛ ɔsram a edi kan wɔ Yudafo asranna so.
3 Parlez à toute l’assemblée des enfants d’Israël, et dites-leur: Au dixième jour de ce mois, que chacun prenne un agneau par chacune de ses familles et de ses maisons.
Ka kyerɛ Israelfo nyinaa se, saa ɔsram yi da a ɛto so du no, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara pɛ oguamma baako de ma nʼabusua. Ɛsɛ sɛ ofi biara nya oguamma no baako.
4 Mais si le nombre est trop petit pour qu’il puisse suffire à manger l’agneau, il prendra son voisin qui est proche de sa maison, selon le nombre des âmes qui peuvent suffire à manger l’agneau.
Sɛ abusua bi mu nnipa sua a wɔrentumi nwe oguamma no a, wotumi ne abusua bi a ɛbɛn wɔn wɔ mpɔtam hɔ a wɔn nso sua kyɛ oguamma no. Aboa no kyɛ wɔ saa kwan no so no gyina abusua no kɛse ne nam dodow a wobetumi awe so.
5 Or l’agneau sera sans tache, mâle, ayant un an. Conformément à ce rite vous prendrez aussi un chevreau.
Ɛsɛ sɛ aboa no yɛ nea wadi afe. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ oguan anaa abirekyi a onnii dɛm.
6 Et vous le garderez jusqu’au quatorzième jour de ce mois; et toute la multitude des enfants d’Israël l’immolera vers le soir.
Monhwɛ saa mmoa a moayiyi wɔn yi yiye nkosi ɔsram a edii kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Afei Israel asafo nyinaa nkunkum wɔn nguantenmma no ɔdasu mu.
7 Ils prendront de son sang, et ils en mettront sur les deux poteaux et sur les linteaux des maisons, en lesquelles ils les mangeront.
Wɔmfa wɔn mogya nsra ofi biara apongua ho. Oguamma a wɔbɛwe no wɔ fie hɔ no mogya na wɔmfa nyɛ saa ahyɛde yi.
8 Et ils mangeront cette nuit-là les chairs rôties au feu avec des pains azymes et avec des laitues sauvages.
Anadwo no ara, obiara bɛwe aboa a wɔatoto no no nam no bi. Wɔmfa brodo a wɔamfa mmɔkaw anyɛ ne awɔnwen na enni.
9 Vous n’en mangerez rien cru, ni cuit dans l’eau, mais seulement rôti au feu; vous en mangerez la tête avec les pieds et les intestins.
Wɔnnnoa nam no na wɔnnwe no amono nso, na mmom, wɔntoto aboa mu no nyinaa, a ne ti, nʼanan ne nʼayamde nyinaa ka ho.
10 Il n’en demeurera rien jusqu’au matin: s’il y a quelque reste, vous le brûlerez au feu.
Sɛ moantumi anwe ne nyinaa anadwo no a, nea ɛbɛka no, sɛ ade kye so a, monnnwe na mmom monhyew no.
11 Or c’est ainsi que vous le mangerez: Vous ceindrez vos reins; et vous aurez votre chaussure à vos pieds, tenant un bâton en vos mains, et vous mangerez à la hâte; car c’est la Pâque, (c’est-à-dire) le passage du Seigneur.
Sɛnea monwe nam no ni: monwe wɔ bere a mo ntade a mode tu kwan hyehyɛ mo. Munsiesie mo ho mma ɔkwan tententwa. Monhyɛ mo mpaboa na momfa mo pema nkurakura. Monwe no ntɛmntɛm. Saa nneyɛe yi, wɔbɛfrɛ no Awurade Twam Afahyɛ.
12 Et je passerai par la terre d’Egypte cette nuit-là, et je frapperai tout premier-né dans la terre d’Egypte, depuis l’homme jusqu’au bétail, et sur tous les dieux de l’Egypte j’exercerai des jugements, moi le Seigneur.
“Na metwa mu afa Misraim asase so anadwo yi na mmabarima a wɔyɛ mmakan ne mmoa mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, mekum wɔn, na mabu anyame a wɔwɔ Misraim nyinaa atɛn, efisɛ mene Awurade!
13 Or le sang sera un signe en votre faveur dans les maisons où vous serez; car je verrai le sang, et je passerai au-delà de vous; et la plaie de destruction ne vous atteindra pas lorsque je frapperai la terre d’Egypte.
Mogya a mode bɛyɛ apongua no ho no bɛyɛ agyiraehyɛde, enti sɛ mihu mogya no a, metwa mu akɔ, na sɛ merekunkum Misraim mmakan a, merenkum mo de bi.
14 Ce jour sera pour vous un monument, et vous le célébrerez dans vos générations comme consacré au Seigneur par un culte éternel.
“Eyi yɛ da a ɛsɛ sɛ mudi; na awo ntoatoaso a ɛbɛba no bedi no sɛ afahyɛ ama Awurade. Eyi yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa.
15 Pendant sept jours vous mangerez des azymes: dès le premier jour il n’y aura point de levain dans vos maisons; quiconque mangera du pain levé, depuis le premier jour jusqu’au septième jour, son âme périra du milieu d’Israël.
Nnanson no mu, munni brodo a wɔmfaa mmɔkaw mfrae nko ara. Afahyɛ no da a edi kan no, munyiyi mmɔkaw biara mfi mo afi mu. Obiara a saa bere no obebu saa afahyɛ yi mmara yi so no, wobetwa no asu afi Israelman mu.
16 Le premier jour sera saint et solennel, et le septième jour sera vénérable par la même solennité: vous ne ferez aucun travail en ces jours-là, excepté ce qui regarde la nourriture.
Afahyɛ no da a edi kan ne ne nnanson so no, nnipa no nyinaa bedi da no sɛ da a wɔayi asi hɔ ama nhyiamu kronkron. Na nna no mu, aduannoa akyi no, obiara nnyɛ adwuma foforo biara.
17 Vous observerez donc la fête des Azymes; car c’est en ce même jour que je conduirai votre armée hors de la terre d’Egypte: ainsi vous garderez ce jour en vos générations par un rite perpétuel.
“Sɛ mudi Apiti Afahyɛ yi a, ɛbɛma mo akae daa sɛ, saa da no na miyii mo fii Misraim asase so. Munni saa dapɔnna yi sɛ daa ahyɛde mfi awo ntoatoaso so nkosi awo ntoatoaso so.
18 Au premier mois, le quatorzième jour du mois, vers le soir, vous mangerez des azymes jusqu’au vingt-unième jour du même mois, vers le soir.
Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere kosi ne da a ɛto so aduonu baako so no, brodo a mmɔkaw mfra mu nko ara na munni.
19 Sept jours durant, on ne trouvera point de levain dans vos maisons: celui qui mangera du pain levé, son âme périra du milieu de l’assemblée d’Israël, qu’il soit étranger ou naturel du pays.
Saa nnanson no mu no, ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw kakraa bi koraa wɔ mo afi mu. Enti obiara a obedi aduan a mmɔkaw wɔ mu no, wobeyi no afi Israel asafo kuw no mu. Saa mmara yi ka ananafo a wɔne mo te ne wɔn a wofi ɔman no mu no nyinaa nso.
20 Vous ne mangerez rien de fermenté; dans toutes vos habitations vous mangerez des azymes.
Miti mu sɛ, saa nna no mu, munnni biribiara a wɔde mmɔkaw afra mu; munni brodo a mmɔkaw mfra mu.”
21 Or Moïse appela tous les anciens des enfants d’Israël et leur dit: Allez, et prenez un animal par chacune de vos familles, et immolez la Pâque.
Na Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔkyekyere oguamma anaa abirekyi ba mma abusua biara, na munkum no sɛ Twam Afahyɛ aboa.
22 Trempez un bouquet d’hysope dans le sang qui est sur le seuil de la porte, et vous en aspergerez le linteau et les deux poteaux, et que nul de vous ne sorte hors de la porte de sa maison jusqu’au matin.
Muntwa oguan no mogya ngu kuruwa bi mu. Momfa adwerɛ mmɔ mogya no mu na momfa mpete apongua no atifi ne apongua abien a aka no ho sɛnea mogya no bɛda ho. Muwie a, mo mu biara mmfi nkɔ abɔnten saa anadwo no.
23 Car le Seigneur passera frappant les Egyptiens; et lorsqu’il verra le sang sur le linteau et sur les poteaux, il passera au-delà de la porte de la maison, et il ne permettra pas que le destructeur entre dans vos maisons et vous frappe.
Awurade betwa mu afa asase yi so akunkum Misraimfo. Na sɛ ohu sɛ mogya wɔ apongua no atifi ne apongua abien no ho a, obetwa saa ofi no ho akɔ a ɔremma ɔsɛefo no nwura hɔ nkunkum mo mmakan.
24 Garde cette parole comme une loi éternelle pour toi et pour tes enfants.
“Na monkae sɛ eyi yɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma mo ne mo asefo.
25 Et lorsque vous serez entrés dans le pays que le Seigneur doit vous donner, comme il a promis, vous observerez ces cérémonies.
Na sɛ moba asase a Awurade de bɛma mo sɛnea ɔhyɛɛ mo ho bɔ no so a, mobɛkɔ so adi afahyɛ no.
26 Et quand vos enfants vous demanderont: Quel est ce culte religieux?
Na sɛ mo mma bisa mo se, ‘Eyinom nyinaa ase ne dɛn; saa afahyɛ yi fa dɛn ho a,
27 Vous leur direz: C’est la victime du passage du Seigneur, quand il passa par-dessus les maisons des enfants d’Israël en Egypte, frappant les Egyptiens, et préservant nos maisons. Alors le peuple profondément incliné adora.
mummua wɔn se, ɛyɛ Twam Afahyɛ afɔre ma Awurade. Otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim. Ɛwɔ mu sɛ okunkum Misraimfo de, nanso ogyaw yɛn mmusua.’” Bere a Mose kasa wiee no, nnipa no nyinaa kotow sɔree.
28 Et étant sortis, les enfants d’Israël firent comme le Seigneur avait ordonné à Moïse et à Aaron.
Na Israelfo no dii Mose ne Aaron ahyɛde no so.
29 Or il arriva au milieu de la nuit que le Seigneur frappa tous les premiers-nés dans la terre d’Egypte, depuis le premier-né de Pharaon qui était assis sur son trône, jusqu’au premier-né de la captive qui était en prison, et tout premier-né des bêtes.
Da no ara anadwo nnɔndumien Awurade kunkum mmarimaa a wɔyɛ abakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa, efi Farao babarima panyin so kosi odeduani babarima panyin ne anantwi nso mmakan nyinaa.
30 Et Pharaon se leva la nuit, et tous ses serviteurs et tout son peuple, et il s’éleva un grand cri en Egypte, car il n’était pas de maison dans laquelle ne gésît un mort.
Afei, Farao ne ne mpanyimfo ne nnipa a wɔwɔ Misraim nyinaa sɔree anadwo no. Misraiman no nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ ofi biara nni hɔ a onipa anwu wɔ mu.
31 Pharaon ayant donc appelé Moïse et Aaron pendant la nuit, leur dit: Levez-vous, et sortez du milieu de mon peuple, vous et les enfants d’Israël; allez, sacrifiez au Seigneur, comme vous dites.
Enti Farao frɛɛ Mose ne Aaron anadwo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Mesrɛ mo, mo nyinaa muntu mfi ha. Monkɔsom Awurade sɛnea mokae no.
32 Prenez aussi vos brebis et votre gros bétail, comme vous aviez demandé, et vous en allant, bénissez-moi.
Momfa mo nguan ne mo anantwi na monkɔ. Nanso munhyira me ansa na moakɔ.”
33 Et les Egyptiens pressaient le peuple de sortir de leur pays promptement, disant; Nous mourrons tous.
Misraimfo no nyinaa ani beree Israelfo no so pampam wɔn sɛ womfi asase no so ntɛm, efisɛ wɔkae se, “Yebewuwu.”
34 Le peuple prit donc de la farine pétrie avant qu’elle fût levée, et la liant dans les manteaux, il la mit sur ses épaules.
Israelfo no faa wɔn mmɔre a wɔafɔtɔw a mmɔkaw mfra mu, na wɔde wɔn ntade kyekyeree wɔn mmɔre nnaka de sisii wɔn mmati so.
35 Alors les enfants d’Israël firent comme avait ordonné Moïse; et ils demandèrent aux Egyptiens des vases d’argent et d’or et beaucoup de vêtements.
Na Israelfo no asrɛsrɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ adwinne ne ntade afi Misraimfo no nkyɛn sɛnea Mose kaa se wɔnyɛ no.
36 Or le Seigneur fit trouver grâce au peuple devant les Egyptiens, pour qu’ils les leur prêtassent; et ils dépouillèrent les Egyptiens.
Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ enti wɔmaa wɔn wɔn abisade nyinaa. Ɛnam saayɛ so maa Israelfo no twee Misraimfo ahonyade nyinaa kɔe.
37 Et les enfants d’Israël partirent de Ramessès pour Socoth, environ six cent mille hommes de pied, sans les petits enfants.
Anadwo no ara, Israelfo no sii mu fii Rameses kɔɔ Sukot. Na wɔn dodow yɛ nnipa mpem ahansia a wɔnam fam, a mmea ne mmofra de wɔankan wɔn anka ho.
38 Mais une foule innombrable de gens de toute espèce monta avec eux, ainsi que des brebis, du gros bétail et des animaux de divers genres en très grand nombre.
Nnipa ahorow pii bi a wɔnyɛ Israelfo kaa wɔn ho kɔe. Wɔde wɔn nguan ne wɔn anantwi nyinaa kaa wɔn ho.
39 Ils firent cuire aussi la farine qu’ils avaient apportée d’Egypte déjà toute pétrie, et firent des pains azymes cuits sous la cendre; car il? ne pouvaient fermenter, les Egyptiens les forçant de partir, et ne leur permettant de prendre aucun délai; et ils n’avaient pas eu la facilité d’apprêter aucun aliment.
Woduu baabi a wɔpɛ sɛ wodidi no, wɔde mmɔre a wɔamfa mmɔkaw amfra a wɔde kɔe no bi too brodo dii. Na mmɔkaw nni mu, efisɛ Misraimfo no pam wɔn. Ɛno nti wɔannya kwan anyɛ aduan a wobedi wɔ ɔkwan so.
40 Or l’habitation des enfants d’Israël pendant qu’ils demeurèrent en Egypte, fut de quatre cent trente ans.
Israelfo no tenaa Misraim mfe ahannan ne aduasa.
41 Lesquels accomplis, toute l’armée du Seigneur sortit le même jour de la terre d’Egypte.
Na da a wodii mfe ahannan ne aduasa no pɛ na Awurade nkurɔfo nyinaa fii asase no so.
42 Cette nuit doit être observée en l’honneur du Seigneur, quand il les retira de la terre d’Egypte, et tous les enfants d’Israël doivent l’observer dans leurs générations.
Saa anadwo no ne bere a Awurade yi too hɔ de gyee ne nkurɔfo fii Misraim asase so. Enti saa anadwo koro no ara na Israelfo no yi de too hɔ sɛ da a Onyankopɔn gyee wɔn no afirihyia da.
43 Et le Seigneur dit à Moïse et à Aaron: Voici le rite de la Pâque: Aucun étranger n’en mangera.
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Twam Afahyɛ no ho mmara ni: “Ahɔho biara nnwe oguamma no nam no bi.
44 Mais tout esclave acheté sera circoncis, et alors il en mangera.
Nanso ɔsomfo biara a wɔtew sika tɔɔ no no, sɛ wɔatwa no twetia de a, otumi we bi.
45 L’étranger et le mercenaire n’en mangeront point.
Ɔpaani anaa ɔhɔho biara nnwe bi.
46 C’est dans une même maison qu’on la mangera; et vous ne porterez point de sa chair au dehors, et vous n’en romprez aucun os.
“Ɛsɛ sɛ wɔwe Twam Afahyɛ aboa biara wɔ ofi biara mu. Ɛsɛ sɛ wɔwe nam no wɔ fie. Ɛnsɛ sɛ wɔde nam no fa biara kɔ abɔnten. Ɛnsɛ sɛ mobɔ dompe biara mu.
47 Toute l’assemblée d’Israël la fera.
Ɛsɛ sɛ Israelfo nyinaa di da no.
48 Que si quelqu’un des étrangers veut entrer dans votre colonie et faire la Pâque du Seigneur, tous ses enfants mâles seront circoncis auparavant, et alors il la célébrera selon le rite; et il sera comme un naturel du pays; mais si quelqu’un n’a pas été circoncis, il n’en mangera pas.
“Ahɔho a mo ne wɔn te no nso, sɛ wɔpɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no bi a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa twa twetia ansa na wɔaba ne mo abedi; na ama wɔayɛ sɛnea wɔwoo wɔn too mo mu no.
49 La même loi sera pour l’indigène et pour le colon qui séjournent chez vous.
Saa mmara yi ka Israelfo ne ahɔho a wɔne mo te no nso.”
50 Et tous les enfants d’Israël firent comme avait ordonné le Seigneur à Moïse et à Aaron.
Enti Israelfo no nyinaa dii Awurade mmara no so sɛnea ɔhyɛɛ Mose ne Aaron no.
51 Et le même jour le Seigneur retira les enfants d’Israël de la terre d’Egypte, selon leurs bandes.
Da no ara na Awurade yii Israelfo no fii Misraim asase so.