< Jérémie 50 >
1 La parole que prononça l'Éternel sur Babel et sur le pays des Chaldéens, par Jérémie, le prophète:
Asɛm a Awurade nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilonia ne Babiloniafo asase ho ni:
2 Annoncez-le parmi les peuples, et publiez-le, et dressez une bannière! Publiez, ne taisez rien, dites: Babel est prise, Bel confus, Mérodach atterré, ses idoles sont confondues, et ses faux dieux consternés!
“Mommɔ no dawuru na mompae mu nka wɔ amanaman mu. Momma frankaa so na mompae mu nka; na momma wɔnte sɛ, ‘Wɔbɛfa Babilonia; wobegu Bel anim ase, na ehu bɛhyɛ Merodak ma. Wobegu ne nsɛsode anim ase na ehu bɛhyɛ nʼahoni ma.’
3 Car du nord un peuple marche sur elle: il fera de son pays un désert, où il n'y aura plus d'habitants; les hommes et les bêtes ont fui, sont partis.
Ɔman bi fi atifi fam bɛtow ahyɛ ne so na wɔbɛyɛ nʼasase amamfo. Obiara rentena so; nnipa ne mmoa beguan afi so.
4 Dans ces jours et dans ce temps-là, dit l'Éternel, les enfants d'Israël et les enfants de Juda reviendront tous ensemble; ils chemineront en pleurant [de joie], et ils chercheront l'Éternel, leur Dieu;
“Nna no mu ne saa bere no,” Awurade na ose, “Israelfo ne Yudafo bɛka abɔ mu de nusu akɔhwehwɛ wɔn Awurade, wɔn Nyankopɔn.
5 ils s'informeront de la route de Sion; là se tournent leurs regards: ils arrivent et s'attachent à l'Éternel par une alliance éternelle qui ne sera pas mise en oubli.
Wobebisa ɔkwan a ɛkɔ Sion na wɔde wɔn ani akyerɛ hɔ. Wɔbɛba de wɔn ho abɛbɔ Awurade wɔ daa apam a werɛ remfi mu.
6 Mon peuple était un troupeau de brebis perdues; leurs bergers les avaient égarées et laissées errer dans les montagnes; elles couraient de montagne à colline, oubliant leur bercail.
“Me nkurɔfo ayɛ nguan a wɔayera; wɔn nguanhwɛfo ama wɔafom ɔkwan ma wokyinkyin mmepɔw so. Wokyinkyin bepɔw ne koko so na wɔn werɛ fii wɔn ankasa homebea.
7 Quiconque les trouvait, les dévorait, et leurs ennemis disaient: Nous ne sommes point coupables! parce qu'ils avaient péché contre l'Éternel, le refuge fidèle, et l'espoir de leurs pères, l'Éternel.
Obiara a ohuu wɔn no tetew wɔn mu: wɔn atamfo kae se, ‘Yenni fɔ, efisɛ wɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade, wɔn nokware didibea no, Awurade wɔn agyanom anidaso no.’
8 Fuyez de Babel, et sortez du pays des Chaldéens, et soyez comme des béliers à la tête du troupeau;
“Munguan mfi Babilonia; mumfi Babiloniafo asase so, na monyɛ sɛ mpapo a wodi nguankuw anim.
9 car voici, je fais lever et s'avancer contre Babel une masse de grands peuples du pays du nord; et ils se rangent en bataille contre elle; et c'est ainsi qu'elle sera prise. Leurs flèches sont celles d'un adroit guerrier; elles ne reviennent pas sans effet.
Mɛkanyan amanaman akɛse nkabom afi atifi fam asase so de wɔn abɛko atia Babilonia. Wobegyinagyina wɔn afa atia no, wobefi atifi fam ako afa no. Wɔn agyan bɛyɛ sɛ dɔmmarima a wɔakwadaw akodi mu, wɔn a wɔmmfa nsapan nsan wɔn akyi.
10 La Chaldée devient un pillage, et tous ses spoliateurs seront rassasiés, dit l'Éternel.
Enti wɔbɛfow Babilonia; wɔn a wɔfow no nyinaa benya asade bebree,” Awurade na ose.
11 Car vous fûtes joyeux, car vous fûtes contents, spoliateurs de mon héritage! car vous vous êtes égayés comme le taureau qui foule le grain, et vous avez henni comme les étalons.
“Esiane sɛ mo ani gye na mudi ahurusi, mo a mofow mʼagyapade, sɛ muhuruhuruw anigye so te sɛ nantwiforo a ɔwɔ sare frɔmfrɔm mu na musu te sɛ apɔnkɔnini nti,
12 Votre mère rougit fort, celle qui vous enfanta est toute confuse; voici la fin des nations, ravage, sécheresse et solitude.
wo na ani bewu pa ara; nea ɔwoo wo anim begu ase. Ɔbɛyɛ akumaa wɔ amanaman no mu, sare, asase wosee ne nweatam.
13 Par l'effet de la colère de l'Éternel, elle ne sera plus habitée, elle sera toute déserte; quiconque passera devant Babel, hochera la tête, et se rira de toutes ses plaies.
Awurade abufuw nti, obiara rentena hɔ na ɛbɛda mpan korakora. Wɔn a wotwa mu wɔ Babilonia nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
14 Postez-vous tout autour de Babel, vous tous qui bandez l'arc; tirez contre elle, n'épargnez pas les flèches; car elle a péché contre l'Éternel!
“Munnyinagyina mo afa ntwa Babilonia ho nhyia, mo a motow agyan nyinaa. Montow no! Munnyaw bɛmma biara, efisɛ wayɛ bɔne atia Awurade.
15 De tous les côtés poussez contre elle le cri de guerre. Elle tend les mains; ses fondements s'écroulent, ses murs tombent; car ce sont là les vengeances de l'Éternel. Vengez-vous sur elle! faites-lui ce qu'elle a fait.
Monteɛ mu ntia no wɔ afanan nyinaa! Ɔma ne nsa so, nʼabandennen bubu, wodwiriw nʼafasu gu fam. Esiane sɛ eyi yɛ Awurade aweretɔ no nti, montɔ ne so were; monyɛ no sɛnea wayɛ afoforo no.
16 Exterminez de Babel le semeur, et celui qui manie la faucille au temps de la moisson. Devant la terrible épée chacun retournera vers son peuple, et chacun fuira dans son pays.
Munyi ogufo mfi Babilonia, ɔne otwafo a okura ne kantankrankyi wɔ otwabere mu no. Esiane nhyɛsofo no afoa nti obiara nsan nkɔ ne nkurɔfo mu, obiara nguan nkɔ nʼankasa asase so.
17 Israël était une brebis égarée que le lion avait effarouchée. D'abord le roi d'Assyrie l'avait dévorée, et enfin Nébucadnézar, roi de Babel, lui rongea les os.
“Israel yɛ nguankuw a wɔahwete a gyata apam wɔn. Nea odii kan tetew ne mu yɛ Asiriahene; na nea ɔdwerɛwee ne nnompe akyiri no yɛ Babiloniahene Nebukadnessar.”
18 C'est pourquoi, ainsi parle l'Éternel des armées, Dieu d'Israël: Voici, je châtierai le roi de Babel et son pays, comme je châtiai le roi d'Assyrie;
Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: “Mɛtwe Babiloniahene ne nʼasase aso sɛnea metwee Asiriahene aso no.
19 et je ramènerai Israël dans son pâturage pour qu'il paisse sur le Carmel et à Basan, et que sur les montagnes d'Éphraïm et en Galaad il rassasie son âme.
Na mede Israel bɛsan aba nʼankasa didibea, na obedidi wɔ Karmel ne Basan; ɔbɛmee wɔ Efraim ne Gilead nkoko so.
20 Dans ces jours et dans ce temps-là, dit l'Éternel, on cherchera le péché d'Israël, et il n'existera plus; et le crime de Juda, et il ne se trouvera plus; car je pardonnerai à ceux que je laisserai survivre.
Saa nna no ne saa bere no,” Awurade na ose, “Wɔbɛhwehwɛ Israel afɔbu mu, nanso wɔrennya bi, wɔbɛhwehwɛ Yuda nnebɔne mu, nanso wɔrenhu bi, efisɛ, mede nkae a migyaa wɔn no bɔne bɛkyɛ wɔn.
21 Monte contre le pays doublement rebelle, et contre les habitants à punir! Massacre et extermine-les, dit l'Éternel, et exécute tout ce que je t'ai commandé.
“Montow nhyɛ Merataim asase so ne nnipa a wɔte Pekod. Montaa wɔn, munkunkum wɔn na monsɛe wɔn korakora,” Awurade na ose. “Monyɛ biribiara a mahyɛ mo no.
22 Cri de guerre dans le pays et grand désastre!
Ɔko mu gyegyeegye wɔ asase no so, ɔsɛe kɛse nnyigyei!
23 Comme il est mis en pièces et brisé, le marteau de toute la terre! Quelle solitude Babel est devenue au milieu des nations!
Hwɛ sɛnea wɔabubu na wɔabobɔ asase nyinaa so asae! Hwɛ sɛnea Babilonia ada mpan wɔ amanaman no mu!
24 Je tendis le filet contre toi, et tu t'y es prise, Babel, à l'improviste. Tu es atteinte et conquise, parce que tu as livré la guerre à l'Éternel.
Misum wo afiri, Babilonia, na eyii wo ansa na worehu; wohuu wo kyeree wo efisɛ woko tiaa Awurade.
25 L'Éternel ouvrit son arsenal, et en tira les armes de sa colère, car le Seigneur, l'Éternel des armées, a une œuvre à faire dans le pays des Chaldéens.
Otumfo Awurade abue nʼakode adekoradan na wayi nʼabufuwhyew akode de apue, efisɛ Asafo Awurade wɔ adwuma yɛ wɔ Babiloniafo asase so.
26 Marchez sur elle de toutes parts, ouvrez ses greniers, entassez-y comme des monceaux de blé, et mettez-la au ban, et qu'il n'y reste rien.
Mumfi akyirikyiri mmra ne so. Mummubu nʼasan no ani; monhɔre no siw sɛ awi akuwakuw. Monsɛe no korakora na munnyaw nkae biara mma no.
27 Égorgez tous ses taureaux, qu'ils descendent à la tuerie! Malheur à eux, car leur jour est arrivé, le temps de leur châtiment!
Munkunkum nʼanatwinini nyinaa; momfa wɔn nkɔ mma wonkokum wɔn! Mmusu nka wɔn! Efisɛ wɔn da no adu, bere a wɔde bɛtwe wɔn aso no.
28 Les cris des fugitifs et de ceux qui se sauvent du pays de Babel, vont annoncer en Sion la vengeance de l'Éternel, notre Dieu, la vengeance de son temple.
Muntie akobɔfo ne aguanfo a wofi Babilonia no sɛ wɔreka wɔ Sion sɛnea Awurade, yɛn Nyankopɔn atɔ were, nʼasɔrefi ho aweretɔ.
29 Appelez contre Babel les archers; vous tous qui bandez l'arc, campez autour d'elle; que personne n'échappe; rendez-lui selon ses œuvres, et tout ce qu'elle a fait, faites-le-lui; car elle résista orgueilleusement à l'Éternel, au Saint d'Israël.
“Momfrɛ agyantowfo nkɔtoa Babilonia, wɔn a wɔtow agyan nyinaa. Muntwa ne ho nhyia; mommma obiara nguan. Muntua ne nneyɛe so ka; monyɛ no sɛnea wayɛ. Efisɛ wabu Awurade animtiaa, Israel kronkronni no.
30 Aussi ses jeunes hommes tomberont dans ses rues, et tous ses guerriers seront détruits en ce jour, dit l'Éternel.
Enti ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so; wɔbɛtɔre nʼasraafo nyinaa ase saa da no,” Awurade na ose.
31 Me voici, à mon tour! j'en veux à toi, orgueilleuse, dit le Seigneur, l'Éternel des armées; car ton jour est arrivé, le temps de ton châtiment.
“Hwɛ, mikyi wo; ɔhantanni.” Awurade, Asafo Awurade na ose, “efisɛ wo da no adu bere a wɔde bɛtwe wʼaso no.
32 L'orgueilleuse trébuchera et tombera, et personne ne la relèvera, et j'allumerai un feu dans ses villes, qui dévorera tous ses alentours.
Ɔhantanni no behintiw na wahwe ase, obiara remmoa no mma ɔnnsɔre; mɛto ne nkurow mu gya na ahyew wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa.”
33 Ainsi parle l'Éternel des armées: Les enfants d'Israël et les enfants de Juda subissent l'oppression tous ensemble, et tous ceux qui les emmenèrent captifs, les retiennent, et refusent de les relâcher.
Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Wɔhyɛ Israelfo so, na Yudafo nso saa ara. Wɔn nnommumfafo no kura wɔn dennen a wɔmpɛ sɛ wogyaa wɔn ma wɔkɔ.
34 Mais leur vengeur est puissant, l'Éternel des armées est son nom; Il défendra leur cause, pour donner le repos au pays, et troubler les habitants de Babel.
Nanso wɔn Gyefo yɛ ɔhoɔdenfo; ne din ne Asafo Awurade. Obedi wɔn asɛm ama wɔn anibere so, sɛnea ɔde ahotɔ bɛba wɔn asase no so, na wɔn a wɔte Babilonia no nea wahyɛ wɔn ahometew.
35 L'épée fond sur les Chaldéens, dit l'Éternel, et sur les habitants de Babel, et sur ses princes et sur ses sages;
“Afoa a etia Babiloniafo!” Awurade na ose, “etia wɔn a wɔte Babilonia na etia nʼadwumayɛfo ne nʼanyansafo!
36 l'épée fond sur les vains parleurs, et ils délirent;
Afoa a etia nʼatoro adiyifo! Wɔbɛdan nkwaseafo. Afoa a etia nʼakofo! Ehu bɛhyɛ wɔn ma.
37 l'épée fond sur ses guerriers, et ils sont atterrés; l'épée fond sur ses chevaux et sur ses chars, et sur tous les alliés qui sont chez elle, et ils deviennent des femmes; l'épée fond sur ses trésors, et ils sont pillés;
Afoa a etia nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne ananafo a wɔwɔ wɔn mu nyinaa! Wɔbɛdan mmea. Afoa a etia nʼademude! Wɔbɛfom.
38 la sécheresse envahit ses eaux, et elles tarissent; car c'est un pays d'idoles, ils font gloire de leurs faux dieux.
Ɔyow wɔ nʼasu ahorow so! Ɛbɛyoyow. Efisɛ ɛyɛ ahoni asase, ahoni a ehu bɛma wɔabobɔ adam.
39 C'est pourquoi il deviendra le gîte des bêtes du désert et des chacals, le gîte de l'autruche; jamais personne n'y habitera plus, et elle sera déserte dans tous les âges.
“Enti sare so mmoa ne mpataku bɛtena hɔ, na ɛhɔ na patu bɛtena. Obiara rentena so bio efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
40 De même que Dieu renversa Sodome et Gomorrhe et les villes voisines, dit l'Éternel, de même personne n'y fixera son séjour, ni aucun homme sa demeure.
Sɛnea Onyankopɔn tuu Sodom ne Gomora ne wɔn nkurow gui no,” Awurade na ose, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
41 Voici, un peuple arrive du nord, et une grande nation et beaucoup de rois se lèvent des bouts de la terre;
“Monhwɛ! Asraafo bi fi atifi fam reba; ɔman kɛse ne ahemfo bebree, wɔrehwanyan wɔn afi nsase ano.
42 ils manient l'arc et le javelot; ils sont cruels et sans pitié; leur voix comme la mer gronde, et sur des chevaux ils sont montés, rangés comme un seul homme en bataille contre toi, fille de Babel.
Wokurakura bɛmma ne mpeaw; wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ. Wɔn nnyigyei te sɛ po a ɛworo so. Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a, wɔba sɛ mmarima a wɔrekɔ sa abɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Babilonia.
43 Le roi de Babel en entend la rumeur, et ses mains faiblissent; les douleurs le prennent, les maux, comme la femme en travail.
Babiloniahene ate wɔn ho nsɛm, ne nsa sesa ne ho kwa. Ahohiahia akyekyere no ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
44 Voici, tel qu'un lion, il monte des [bois], ornement du Jourdain, dans le pacage toujours vert; tout à coup Je les en chasserai, et J'y établirai comme chef celui que Je choisirai. Car qui est égal à moi? et qui m'assignera? et quel est le berger qui me résisterait?
Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Babilonia fi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu. Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi? Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi? Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
45 Aussi, entendez l'arrêt que l'Éternel arrête contre Babel, et les pensées qu'il médite contre le pays des Chaldéens: En vérité ils les traîneront comme de faibles agneaux, et dévasteront leur pâturage.
Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Babilonia, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia Babiloniafo asase ni: Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
46 A ce cri: « Babel est prise! » la terre tremble, et un gémissement retentit parmi les nations.
Babilonia nnommumfa nnyigyei bɛma asase awosow; ne nteɛteɛmu gyegyeegye wɔ amanaman no mu.