< Jérémie 28 >
1 Et cette même année, au commencement du règne de Sédécias, roi de Juda, la quatrième année, le cinquième mois, Ananias, fils de Hazzur, prophète, de Gabaon, me dit dans la maison de l'Éternel, en présence des sacrificateurs et de tout le peuple, ces paroles:
Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ,
2 Ainsi parle l'Éternel des armées, Dieu d'Israël: Je brise le joug du roi de Babel.
“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.
3 Encore deux années, et je ramène en ce lieu tous les meubles de la maison de l'Éternel, que Nébucadnézar, roi de Babel, a enlevés de ce lieu, et qu'il a transportés à Babel.
Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio.
4 Et Jéchonias, fils de Jéhojakim, roi de Juda, et tous les captifs de Juda, qui sont allés à Babel, je les ramènerai en ce lieu, dit l'Éternel, car je briserai le joug du roi de Babel.
Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’”
5 Alors Jérémie, le prophète, parla à Ananias, le prophète, en présence des sacrificateurs et en présence de tout le peuple qui se tenait dans la maison de l'Éternel;
Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade efie no nyinaa anim.
6 et Jérémie, le prophète, dit: Ainsi soit-il! ainsi fasse l'Éternel! que l'Éternel donne effet aux paroles que tu as prophétisées, en ramenant les meubles de la maison de l'Éternel et tous les captifs de Babel en ce lieu!
Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu.
7 Seulement écoute cette parole que je prononce à tes oreilles, et aux oreilles de tout le peuple!
Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ:
8 Les prophètes qui parurent avant moi et avant toi dès les anciens temps, ont dans leurs prophéties menacé beaucoup de pays, et de grands royaumes, de la guerre, et du désastre et de la peste.
Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ.
9 Le prophète qui prophétise le salut, est, quand la parole de ce prophète se réalise, reconnu comme le prophète que l'Éternel envoie véritablement.
Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”
10 Alors Ananias, le prophète, ôta le joug du col de Jérémie, le prophète, et le brisa.
Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
11 Et Ananias parla en présence de tout le peuple en disant: Ainsi parle l'Éternel: De même je briserai le joug de Nébucadnézar, roi de Babel, dans deux ans, l'ôtant du col de tous les peuples. Et le prophète Jérémie alla son chemin.
na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.
12 Et la parole de l'Éternel fut adressée à Jérémie, après que Ananias, le prophète, eut brisé le joug qu'il avait ôté du col de Jérémie, le prophète, en ces mots:
Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13 Va, et parle à Ananias, et lui dis: Ainsi parle l'Éternel: Tu as brisé un joug de bois, et tu l'as remplacé par un joug de fer.
“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu.
14 Car ainsi parle l'Éternel des armées, Dieu d'Israël: Je mets un joug de fer sur le col de tous ces peuples, pour qu'ils soient asservis à Nébucadnézar, roi de Babel; et ils lui seront asservis; et les bêtes des champs, je les lui donne aussi.
Na sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’”
15 Et Jérémie, le prophète, dit à Ananias, le prophète: Écoute, Ananias! l'Éternel ne t'a point envoyé, et tu as fait que ce peuple se fie au mensonge;
Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu.
16 c'est pourquoi ainsi parle l'Éternel: Voici, je t'ôterai de la terre; cette année tu mourras; car tu as prêché la révolte contre l'Éternel.
Ɛno enti, sɛ Awurade seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade.’”
17 Et Ananias, le prophète, mourut cette année-là, dans le septième mois.
Ɔbosome a ɛtɔ so nson wɔ afe no ara mu no, odiyifoɔ Hanania wuiɛ.