< Isaïe 53 >
1 Qui ajoute foi à ce que nous annonçons, et pour qui le bras de l'Éternel a-t-il été manifeste?
Hena na wagye yɛn asɛm no adi? na Awurade abasa no, hena so na ada adi?
2 Il croît devant Lui comme un rejeton, et comme une racine, d'un sol aride. Il n'a ni beauté, ni éclat pour attirer nos regards, ni apparence, pour exciter nos désirs.
Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi, te sɛ ntin a efi asase wosee mu. Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.
3 Il est méprisé et délaissé des hommes, homme de douleurs, et familiarisé avec la maladie, et méprisé comme celui qui se cache le visage devant nous, et nous ne fîmes aucun cas de lui.
Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw. Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no wobuu no animtiaa na yɛammu no.
4 Cependant il porta nos maladies, et se chargea de nos douleurs, et nous le crûmes puni, frappé de Dieu et humilié.
Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhow, nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
5 Mais il était percé pour nos péchés, brisé pour nos crimes, le châtiment qui nous sauve tombait sur lui, et c'est par ses plaies que nous sommes guéris.
Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no, yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no; asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.
6 Tous nous errions comme des brebis, nous suivions chacun notre voie, mais l'Éternel fit peser sur lui le crime de nous tous.
Yɛn nyinaa ayerayera te sɛ nguan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumɔyɛ ato no so.
7 Il fut maltraité et il fut humilié, et n'ouvrit pas la bouche, tel que l'agneau mené à la boucherie et telle qu'une brebis muette devant ceux qui la tondent, et il n'ouvrit pas la bouche.
Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔ te sɛ oguamma a wɔrekokum no. Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, saa ara na wammue nʼano.
8 A l'angoisse et au jugement il est arraché: et qui dira sa durée? car il est retranché de la terre des vivants, pour le crime de mon peuple il a été frappé.
Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe. Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm? Efisɛ woyii no fii asase yi so; me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.
9 On lui assigna son tombeau à côté des impies, mais dans sa mort il fut avec le riche, car il ne commit point de violences et dans sa bouche il n'y eut point de fraude.
Wɔyɛɛ ne da wɔ abɔnefo mu, na ne wu mu wɔde no too adefo mu ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.
10 Et il plut à Dieu de le briser par la maladie. Mais après avoir donné sa vie en expiation, il verra une postérité et prolongera ses jours, et l'œuvre de l'Éternel prospérera entre ses mains.
Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane mpo ɔde ne nkwa yɛ afɔdi afɔrebɔde, obehu nʼasefo na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
11 Délivré des peines de son âme, il pourra rassasier ses regards; par sa connaissance mon serviteur juste en justifiera plusieurs, et de leurs crimes il se chargera.
Ne kra amanehunu akyi, obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam; na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem, na wasoa wɔn amumɔyɛ.
12 Aussi je lui donnerai son lot parmi les puissants, et avec les braves il partagera le butin, parce qu'il dévoua son âme à la mort, et qu'il fut mis au nombre des malfaiteurs, pour avoir pris sur lui les péchés de plusieurs, et intercédé pour les criminels.
Enti mɛma no kyɛfa wɔ atitiriw mu, na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade efisɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owu, na wɔkan no fraa mmaratofo. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na odi maa mmaratofo.