< 2 Chroniques 21 >

1 Et Josaphat reposa à côté de ses pères et reçut la sépulture auprès de ses pères dans la Cité de David, et Joram, son fils, devint roi en sa place.
Bere a Yehosafat wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼade sɛ ɔhene.
2 Et Joram avait des frères, fils de Josaphat: Azaria et Jehiel, et Zacharie et Azarie et Michaël et Sephatia, tout autant de fils de Josaphat, roi d'Israël.
Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmabarima afoforo bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia.
3 Et leur père leur avait fait des dotations considérables en argent et en or et en objets de prix, et en même temps en villes fortes de Juda; mais il donna la royauté à Joram, parce que celui-ci était le premier-né.
Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛde a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne; na afei, ɔde Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na esiane sɛ Yehoram yɛ abakan nti, ɔbɛyɛɛ ɔhene.
4 Joram fut donc élevé à la souveraineté de son père; et lorsqu'il se fut affermi, il fit périr tous ses frères par l'épée et quelques-uns aussi des Chefs d'Israël.
Na bere a Yehoram ahenni timii no, okunkum ne nuabarimanom no nyinaa ne Israelfo ntuanofo bi.
5 Joram avait trente-deux ans à son avènement, et il régna huit ans à Jérusalem.
Bere a Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe.
6 Et il marcha sur les errements des rois d'Israël, suivant l'exemple donné par la maison d'Achab; car il avait pour femme une fille d'Achab; et il fit ce qui est mal aux yeux de l'Éternel.
Na Yehoram yɛɛ sɛnea Israel ahemfo yɛe. Na ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
7 Cependant l'Éternel ne voulut pas ruiner la maison de David, et cela en considération de l'alliance qu'il avait accordée à David et de la promesse qu'il lui avait faite de laisser luire dans tous les temps un flambeau pour lui et ses fils.
Nanso na Awurade mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahenni nnidiso no, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo bɛkɔ so adi hene afebɔɔ.
8 Au temps de Joram, Édom se rebella contre la domination de Juda, et ils établirent un roi au-dessus d'eux.
Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene.
9 Alors Joram passa la frontière avec ses généraux, et ayant tous les chars avec lui; et il se leva pendant la nuit et battit les Édomites qui l'avaient cerné, et les commandants des chars.
Enti Yehoram de asraafo ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔtow hyɛɛ Edom so. Edomfo twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafo no ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum mu guanee.
10 Néanmoins Édom [réussit à] se soustraire à la domination de Juda jusqu'aujourd'hui. Alors, dans le même temps Libna se rebella contre sa domination, parce qu'il avait abandonné l'Éternel, Dieu de ses pères.
Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de besi nnɛ. Saa bere koro no ara mu, Libna kurow tew atua, efisɛ na Yehoram atwe ne ho afi Awurade, nʼagyanom Nyankopɔn ho.
11 Lui aussi éleva des tertres dans les montagnes de Juda et débaucha les habitants de Jérusalem, et fut le séducteur de Juda.
Na wasisi abosonsomfo nsɔree so wɔ Yuda mmepɔw asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfo anyame.
12 Et il lui vint une lettre d'Élie, le prophète, portant: Ainsi parle l'Éternel, Dieu de David, ton père: Puisque tu n'as pas marché sur les errements de Josaphat, ton père, et sur les errements d'Asa, roi de Juda,
Na odiyifo Elia kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Yehoram: “Asɛm a Awurade, wʼagya Dawid Nyankopɔn se ni: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nena Yudahene Asa nhwɛsopa so.
13 mais que tu as marché sur les errements des rois d'Israël, et débauché Juda et les habitants de Jérusalem, comme débauche la maison d'Achab, et que tu as aussi fait périr tes frères, maison de ton père, meilleure que toi;
Mmom, woayɛ omumɔyɛfo sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfo ne Yudafo akɔsom ahoni te sɛnea ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wodi mu sen wo.
14 voici, l'Éternel frappera d'une grande plaie ton peuple et tes fils et tes femmes et toute ta fortune,
Enti afei, Awurade de ɔhaw kɛse bɛba wo, wo nkurɔfo, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so.
15 et tu souffriras, d'époque en époque, de grandes douleurs par l'effet d'une maladie de tes entrailles qui finiront par sortir ensuite de la maladie.
Wʼankasa de, wɔde nsono mu yare a ɛyɛ yaw yiye bɛto wo so akosi sɛ wʼayamude betu apue.’”
16 En conséquence l'Éternel éveilla contre Joram l'animosité des Philistins et des Arabes confinant aux Éthiopiens.
Na Awurade kaa Filistifo ne Arabfo a na wɔte bɛn Etiopiafo so sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yehoram so.
17 Et ils s'avancèrent contre Juda, et ils y ouvrirent la brèche, et ils emportèrent toute la propriété qui se trouvait dans le palais du roi, et aussi ses fils et ses femmes, de sorte qu'il ne lui resta de fils que Joachaz, le cadet de ses fils.
Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so kotuaa wɔn ano, fow aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfi hɔ a ne mmabarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wogyaw no.
18 Et après tout cela l'Éternel le frappa aux entrailles d'une maladie incurable;
Eyi akyi na Awurade maa nsono mu yare a ano yɛ den bɔɔ Yehoram.
19 et elle suivit ses époques, et au bout de deux périodes ses entrailles sortirent, dans sa maladie; et il mourut dans des douleurs poignantes; et son peuple ne fit pas pour lui une combustion pareille à la combustion de ses pères.
Akyiri no, mfe abien akyi, ɔyare no maa nʼayamde puei, na owui ɔyaw mu. Ne nkurɔfo ammɔ ogyatannaa kɛse, amfa anhyɛ no anuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛnea wɔyɛ maa nʼagyanom no.
20 Il avait trente-deux ans à son avènement et il régna huit ans à Jérusalem. Et il s'en alla sans être regretté; et on lui donna la sépulture dans la Cité de David, mais non dans les tombeaux des rois.
Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Owui no, anyɛ obiara awerɛhow. Wosiee no wɔ Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehye asiei.

< 2 Chroniques 21 >