< Juges 5 >
1 En ce jour-là, Débora chanta ce cantique avec Barak, fils d'Abinoam, en disant:
Da no, Debora ne Abinoam babarima Barak too saa dwom yi:
2 Bénissez l'Éternel de ce que les chefs ont pris le commandement en Israël, de ce que le peuple s'est porté de plein gré au combat!
“Israel mpanyimfo sɔre dii anim, na nnipa no de anigye dii wɔn akyi. Nhyira nka Awurade!
3 Rois, écoutez; princes, prêtez l'oreille! C'est moi, c'est moi qui chanterai à l'Éternel; qui psalmodierai à l'Éternel, le Dieu d'Israël.
“Mo ahemfo, muntie! Monyɛ aso, mo abirɛmpɔn! Na mɛto dwom ama Awurade. Mɛma me nne so ama Awurade, Israel Nyankopɔn.
4 O Éternel, quand tu sortis de Séir, quand tu t'avanças des champs d'Édom, la terre trembla, les cieux se fondirent, et les nuées se fondirent en eaux.
“Awurade, bere a wufii Seir, na wobɔɔ nsra faa Edom mfuw so no, asase wosowee na ɔsoro omununkum tuee nsu.
5 Les montagnes s'écoulèrent devant l'Éternel, et le Sinaï même, devant l'Éternel, le Dieu d'Israël!
Awurade ba no maa mmepɔw wosowee. Sinai Bepɔw mpo wosowee wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim.
6 Aux jours de Shamgar, fils d'Anath, aux jours de Jaël, les routes étaient abandonnées, et les voyageurs allaient par des chemins détournés;
“Anat ba Samgar ne Yael bere so, nnipa amfa atempɔn so, na akwantufo faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so.
7 Les chefs manquaient en Israël, ils manquaient, jusqu'à ce que je me sois levée, moi Débora, que je me sois levée comme une mère en Israël.
Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraa kosii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.
8 Israël choisissait-il des dieux nouveaux, aussitôt la guerre était aux portes. On ne voyait ni bouclier ni lance chez quarante milliers en Israël.
Bere a Israel som anyame foforo no, ɔko sɔree kuropɔn no apon ano. Nanso wɔanhu nkatabo anaa peaw wɔ akofo mpem aduanan a wɔwɔ Israel mu!
9 Mon cœur est aux chefs d'Israël, à ceux du peuple qui furent de bonne volonté.
Mewɔ Israel ntuanofo afa ne wɔn a wɔde anigye dii wɔn akyi. Hyira Awurade!
10 Bénissez l'Éternel, vous qui montez sur des ânesses blanches, qui êtes assis sur des tapis, et vous qui parcourez les chemins!
“Mo a motete afurum a wɔte apɔw so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, muntie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monantew fam nso, muntie!
11 Chantez! A la voix des archers, entre les sources où l'on puise, qu'on célèbre la justice de l'Éternel, la justice de ses chefs en Israël! Alors le peuple de l'Éternel descendit aux portes.
Muntie nkuraa nnwontofo a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomee. Wɔkeka Awurade trenee nkonimdi, ne ne nkuraasefo nkonimdi wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apon ano.
12 Réveille-toi, réveille-toi, Débora! Réveille-toi, réveille-toi, dis un cantique! Lève-toi, Barak! Et emmène tes captifs, fils d'Abinoam!
‘Sɔre! Debora, sɔre! Sɔre, sɔre na to dwom! Sɔre, Barak! Di wo nneduafo anim kɔ, Abinoam ba!’
13 Alors, un débris du peuple l'emporta sur les puissants; l'Éternel me fit triompher des plus forts.
“Nkaefo no bɔɔ nsra fi Tabor kɔɔ ahoɔdenfo so. Awurade nkurɔfo bɔɔ nsra kɔɔ akofo ahoɔdenfo so.
14 D'Éphraïm sont venus les habitants d'Amalek. A ta suite Benjamin marchait parmi tes peuples. De Makir sont descendus les chefs; de Zabulon, ceux qui portent le bâton de l'écrivain.
Wofi Efraim bae, asase a na kan no na ɛyɛ Amalekfo dea, na Benyamin nso dii wʼakyi. Asahene no bɔɔ nsra fii Makir; ɔsahene pemakurafo fi Sebulon bae.
15 Et les chefs d'Issacar furent avec Débora; et Issacar suivit Barak, et fut envoyé sur ses pas dans la vallée. Près des ruisseaux de Ruben, grandes furent les contestations dans les cœurs!
Na Isakar mu atitiriw ka Debora ne Barak ho. Wodii Barak akyi, bɔ wuraa obon no mu. Nanso Ruben abusuakuw mu de, wɔansi wɔn adwene pi.
16 Pourquoi es-tu demeuré au milieu des étables, à entendre le bêlement des troupeaux? Aux ruisseaux de Ruben, grandes furent les contestations dans les cœurs!
Adɛn nti na wotenaa fie wɔ nguanhwɛfo mu, tie nguanhwɛfo a wɔde hwirema frɛ wɔn nguan? Ruben abusuakuw mu, wɔansi wɔn adwene pi.
17 Galaad, au delà du Jourdain, resta dans sa demeure. Et Dan, pourquoi s'est-il tenu sur ses navires? Asser s'est assis au rivage de la mer, et s'est reposé dans ses havres.
Gilead kaa Yordan apuei hɔ. Na Dan de, adɛn nti na ɔtenaa fie? Aser tenaa mpoano a wanka ne ho, ɔkaa nʼahyɛn gyinabea ahorow hɔ.
18 Zabulon est un peuple qui affronta la mort, ainsi que Nephthali, sur les hauteurs de la plaine.
Nanso Sebulon too ne nkwa apemafo sɛnea Naftali yɛɛ wɔ akono no.
19 Les rois viennent, ils combattent. Ils combattent, les rois de Canaan, à Thaanac, aux eaux de Méguiddo. Ils ne remportent ni butin ni argent!
“Kanaan ahemfo koo wɔ Taanak a ɛbɛn Megido asu ho, nanso wɔannya dwetɛ asade biara ankɔ.
20 Des cieux on combat; même de leurs sentiers les étoiles combattent contre Sisera.
Nsoromma fi soro koe. Nsoromma nam wɔn akwan so ko tiaa Sisera.
21 Le torrent de Kisson les entraîne, le torrent ancien, le torrent de Kisson! Mon âme, foule aux pieds leur force!
Asubɔnten Kison twee wɔn kɔe, tete asu, Kison. Me kra, fa akokoduru bɔ nsra kɔ wʼanim!
22 Alors les sabots des chevaux retentirent par la course, par la course rapide de leurs guerriers.
Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfo no mmirikatɛntɛ.
23 Maudissez Méroz, dit l'ange de l'Éternel; maudissez, maudissez ses habitants! Car ils ne sont point venus au secours de l'Éternel, au secours de l'Éternel, avec les vaillants!
‘Nnome nka Merosfo,’ Awurade bɔfo na ose. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn efisɛ wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofo ahoɔdenfo no.
24 Qu'elle soit bénie entre les femmes, Jaël, femme de Héber, le Kénien! Qu'elle soit bénie entre les femmes qui habitent sous la tente!
“Nhyira nka Yael, Heber a ofi Keni yere. Ne nhyira nsen mmea a wɔtete ntamadan mu nyinaa.
25 Sisera demande de l'eau, elle lui donne du lait; dans la coupe d'honneur elle lui présente de la crème.
Sisera srɛɛ nsu, na Yael maa no nufusu. Kuruwa a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufusu ani srade brɛɛ no.
26 Sa main saisit le clou, et sa droite le marteau d'ouvrier. Elle frappe Sisera, et lui fend la tête; elle fracasse et transperce sa tempe.
Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntamadan pɛe, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfo asae. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛtɛw ne ti. Ɔde pɛe no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.
27 Il se courbe, il tombe à ses pieds, il se couche. Il se courbe, il tombe à ses pieds; et là où il se courbe, il tombe écrasé.
Ɔmemee, ɔhwee ase; owui wɔ ne nan ase.
28 La mère de Sisera regarde par la fenêtre, et s'écrie, à travers le treillis: Pourquoi son char tarde-t-il à venir? Pourquoi ses chars vont-ils si lentement?
“Sisera nena hwɛɛ mfɛnsere mu; ɔtɛw mfɛnsere mu hwɛɛ no kwan, ɔkae se, ‘Adɛn nti na ne teaseɛnam akyɛ ba yi? Adɛn nti na yɛnte teaseɛnam nhankare nnyigyei yi?’
29 Et les plus sages d'entre ses femmes lui répondent, et elle aussi se le dit à elle-même:
Ne mmea anyansafo no rema mmuae no, otii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho se:
30 N'ont-ils pas trouvé du butin? Ne le partagent-ils pas? Une fille, deux filles, par tête de guerrier; le butin des vêtements de couleur, pour Sisera! le butin des vêtements de couleur brodés! Un vêtement de couleur, deux vêtements brodés, pour le cou du vainqueur!
‘Wɔrekyɛ asade a wonyae no, ɔbarima biara rennya ɔbea baako anaa baanu. Sisera rennya ntade a ɛyɛ fɛ na me nso merennya ntade a ekura ahosu ahorow na wɔanwen mu fɛfɛ?’
31 Périssent ainsi, ô Éternel, tous tes ennemis! Et que ceux qui t'aiment soient comme le soleil, quand il paraît en sa force! Puis le pays fut en repos quarante ans.
“Awurade, ma wʼatamfo nyinaa nwu sɛ Sisera! Nanso ma wɔn a wɔdɔ wo no nkɔso sɛ owigyinae.” Afei, asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduanan.