< Jérémie 1 >

1 Paroles de Jérémie, fils de Hilkija, d'entre les sacrificateurs qui étaient à Anathoth, dans le pays de Benjamin.
Nsɛm a ɛfiri Yeremia nkyɛn nie. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfoɔ no mu baako wɔ Benyamin asase so.
2 La parole de l'Éternel lui fut adressée au temps de Josias, fils d'Amon, roi de Juda, la treizième année de son règne;
Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda ɔhene Amon babarima adedie afe a ɛtɔ so dumiɛnsa mu.
3 Et aussi au temps de Jéhojakim, fils de Josias, roi de Juda, jusqu'à la fin de la onzième année de Sédécias, fils de Josias, roi de Juda, jusqu'à ce que Jérusalem fut emmenée en captivité, au cinquième mois.
Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum.
4 La parole de l'Éternel me fut adressée, en ces mots:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
5 Avant que je te formasse dans le sein de ta mère, je t'ai connu; avant que tu sortisses de son sein, je t'ai sanctifié; je t'ai établi prophète pour les nations.
“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo; ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn; meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.”
6 Et je répondis: Ah! Seigneur Éternel, voici, je ne sais point parler; car je suis un enfant!
Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.”
7 Et l'Éternel me dit: Ne dis pas: je suis un enfant; car tu iras vers tous ceux à qui je t'enverrai, et tu diras tout ce que je te commanderai.
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.
8 Ne les crains point, car je suis avec toi pour te délivrer, dit l'Éternel.
Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie.
9 Puis l'Éternel étendit sa main et toucha ma bouche. Et l'Éternel me dit: Voici, j'ai mis mes paroles dans ta bouche.
Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu.
10 Regarde, je t'ai établi aujourd'hui sur les nations et sur les royaumes, pour que tu arraches et que tu démolisses, pour que tu ruines et que tu détruises, pour que tu bâtisses et que tu plantes.
Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”
11 Et la parole de l'Éternel me fut adressée, disant: Que vois-tu, Jérémie? Et je répondis: Je vois une branche d'amandier.
Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”
12 Et l'Éternel me dit: Tu as bien vu; car je veille sur ma parole pour l'exécuter.
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
13 Et la parole de l'Éternel me fut adressée une seconde fois, disant: Que vois-tu? Je répondis: Je vois une chaudière bouillante, du côté du Nord.
Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”
14 Et l'Éternel me dit: C'est du Nord que le mal se déchaînera sur tous les habitants du pays.
Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.
15 Car voici, je vais appeler toutes les tribus des royaumes du Nord, dit l'Éternel; ils viendront et mettront chacun leur trône à l'entrée des portes de Jérusalem, et contre toutes ses murailles à l'entour, et contre toutes les villes de Juda.
Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so.
16 Et je prononcerai mes jugements contre eux, à cause de toute leur méchanceté, parce qu'ils m'ont abandonné et ont offert des parfums à d'autres dieux et se sont prosternés devant l'ouvrage de leurs mains.
Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me, sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.
17 Toi donc, ceins tes reins, lève-toi, et dis-leur tout ce que je te commanderai. Ne tremble pas devant eux, de peur que je ne te mette en pièces en leur présence.
“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
18 Car voici, je t'établis aujourd'hui comme une ville forte, comme une colonne de fer, et comme une muraille d'airain contre tout le pays: contre les rois de Juda, contre ses chefs, contre ses sacrificateurs et contre le peuple du pays.
Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so.
19 Ils combattront contre toi, mais ne pourront te vaincre; car je suis avec toi, dit l'Éternel, pour te délivrer.
Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

< Jérémie 1 >