< Esdras 7 >

1 Après ces choses, sous le règne d'Artaxerxès, roi de Perse, Esdras, fils de Séraja, fils d'Azaria, fils de Hilkija,
Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima
2 Fils de Shallum, fils de Tsadok, fils d'Achitub,
na ɔno nso yɛ Salum babarima a ɔyɛ Sadok babarima a ɔyɛ Ahitub babarima
3 Fils d'Amaria, fils d'Azaria, fils de Mérajoth,
na ɔno nso yɛ Amaria babarima a ɔyɛ Asaria babarima na ɔno nso yɛ Meraiot babarima
4 Fils de Zérachia, fils d'Uzzi, fils de Bukki,
a ɔyɛ Serahia babarima a ɔyɛ Usi babarima a ɔno nso yɛ Buki babarima
5 Fils d'Abishua, fils de Phinées, fils d'Éléazar, fils d'Aaron, le grand sacrificateur,
a ɔno yɛ Abisua babarima, a ɔyɛ Pinehas babarima, a ɔno nso yɛ Eleasa babarima, a ɔyɛ Aaron a ɔyɛ ɔsɔfopanin no babarima.
6 Cet Esdras monta de Babylone. C'était un scribe versé dans la loi de Moïse, que l'Éternel, le Dieu d'Israël, avait donnée. Et le roi lui accorda toute sa demande, parce que la main de l'Éternel son Dieu était sur lui.
Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so.
7 Quelques-uns des enfants d'Israël, des sacrificateurs, des Lévites, des chantres, des portiers, et des Néthiniens, montèrent aussi à Jérusalem, la septième année du roi Artaxerxès.
Israelhene no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ ne asɔredan mu asomfoɔ ne no kɔɔ Yerusalem, ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ nson so.
8 Esdras arriva à Jérusalem au cinquième mois de la septième année du roi.
Saa afe no, Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) mu na Ɛsra kɔɔ Yerusalem.
9 Car, le premier jour du premier mois, fut commencé le départ de Babylone; et au premier jour du cinquième mois, il arriva à Jérusalem, parce que la bonne main de son Dieu était sur lui.
Ɔfirii Babilonia Abib bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so nwɔtwe, na ɔkɔɔ Yerusalem Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so ɛnan. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ ne so.
10 Car Esdras avait appliqué son cœur à rechercher la loi de l'Éternel, et à la pratiquer, et à enseigner en Israël les lois et les ordonnances.
Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.
11 Or c'est ici la teneur de la lettre que le roi Artaxerxès donna à Esdras, sacrificateur et scribe, scribe des paroles des commandements de l'Éternel et de ses ordonnances concernant Israël:
Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ sɛ:
12 Artaxerxès, roi des rois, à Esdras, sacrificateur et scribe accompli de la loi du Dieu des cieux, - et ainsi de suite.
Me ahene mu ɔhene Artasasta, nkyea a merekyea ɔsɔfoɔ Ɛsra ne Awurade a ɔte sorosoro no mmarakyerɛni no nie:
13 Un édit est fait maintenant de ma part, afin que tous ceux de mon royaume qui sont du peuple d'Israël, et de ses sacrificateurs, et des Lévites, qui se présenteront volontairement pour aller à Jérusalem, aillent avec toi;
Mahyɛ mmara sɛ, Israelni biara a ɔte mʼahemman mu a asɔfoɔ ne Lewifoɔ ka ho no nyinaa mfiri wɔn pɛ mu ne wo nkɔ Yerusalem.
14 Parce que tu es envoyé de la part du roi et de ses sept conseillers, pour t'enquérir au sujet de Juda et de Jérusalem, d'après la loi de ton Dieu, que tu as en ta main,
Me ne mʼagyinatufoɔ baason no ahyɛ wo sɛ, gyina wo Onyankopɔn mmara a ɛhyɛ wo nsam no so yɛ nhwehwɛmu fa Yuda ne Yerusalem tebea ho.
15 Et pour porter l'argent et l'or que le roi et ses conseillers ont volontairement offerts au Dieu d'Israël, dont la demeure est à Jérusalem,
Yɛbɔ wʼaba so nso sɛ, fa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ bi a yɛde rema wo sɛ afɔrebɔdeɛ a yɛrebɔ ama Israel Onyankopɔn a ɔte Yerusalem no kɔ.
16 Ainsi que tout l'argent et l'or que tu trouveras dans toute la province de Babylone, avec les offrandes volontaires du peuple et des sacrificateurs, qu'ils feront volontairement à la maison de leur Dieu qui est à Jérusalem.
Ɛno akyi, gye dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ biara a wobɛnya afiri Babilonia ne deɛ wɔde bɛkyɛ wo biara afiri ɔmanfoɔ ne asɔfoɔ nkyɛn a wɔde ama sɛ, wɔmfa nkɔ wɔn Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho.
17 C'est pourquoi tu auras soin d'acheter avec cet argent des taureaux, des béliers, des agneaux, avec leurs offrandes et leurs libations, et tu les offriras sur l'autel de la maison de votre Dieu, qui est à Jérusalem.
Saa akyɛdeɛ yi, deɛ ɛsɛ sɛ wɔde tɔ ara yɛ anantwinini, nnwennini, nnwammaa ne atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔde ne nyinaa bɛbɔ afɔdeɛ wɔ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no afɔrebukyia so.
18 Du reste de l'argent et de l'or, vous ferez ce qui semblera bon à toi et à tes frères, selon la volonté de votre Dieu.
Sika biara a ɛbɛka no, wo ne wʼafɛfoɔ mfa nni dwuma biara a mogye di sɛ ɛyɛ mo Onyankopɔn pɛ.
19 Et pour ce qui est des ustensiles qui te sont donnés pour le service de la maison de ton Dieu, dépose-les en la présence du Dieu de Jérusalem.
Na nkuku ne nkaka a yɛde rehyɛ wo nsa de adi mo Onyankopɔn asɔredan no ho dwuma no, fa ne nyinaa ma Onyankopɔn a ɔwɔ Yerusalem no.
20 Quant au reste de ce qui sera nécessaire pour la maison de ton Dieu, et autant que tu auras à en donner, tu le donneras de la maison des trésors du roi.
Sɛ mo sika sa wɔ biribi a ɛho hia mo Onyankopɔn asɔredan ho anaa biribi a ɛte saa ho a, mommisa sika mfiri adehyeɛ fotoɔ mu.
21 Et de par moi, Artaxerxès, roi, ordre est donné à tous les trésoriers qui sont au delà du fleuve, que tout ce qu'Esdras, le sacrificateur, scribe de la loi du Dieu des cieux, vous demandera, soit fait promptement,
Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni.
22 Jusqu'à cent talents d'argent, cent cores de froment, cent baths de vin, cent baths d'huile, et du sel à discrétion.
Ɛsɛ sɛ moma no kɔsi dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, atokoɔ susukora ahanum, nsã gyare ahanum aduonum, ngo gyare ahanum aduonum ne nkyene a wɔbu ano a ɛnyɛ yie.
23 Que tout ce qui est commandé par le Dieu des cieux, soit exactement fait pour la maison du Dieu des cieux; de peur qu'il n'y ait de l'indignation contre le royaume, le roi et ses enfants.
Monhwɛ yie, na biribiara a Onyankopɔn a ɔte ɔsorosoro abisa ama nʼasɔredan no, momfa mmra. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn abufuo ba ɔhene ne ne mmammarima so?
24 De plus, nous vous faisons savoir qu'on ne pourra imposer ni tribut, ni impôt, ni péage sur aucun des sacrificateurs, des Lévites, des chantres, des portiers, des Néthiniens et des serviteurs de cette maison de Dieu.
Mesane hyɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsɔfoɔ, Lewini, dwomtofoɔ, ɛpono ano sohwɛfoɔ, asɔredan mu ɔsomfoɔ anaa obiara a ɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu tua toɔ biara.
25 Et toi, Esdras, établis des magistrats et des juges, selon la sagesse de ton Dieu, que tu possèdes, afin qu'ils fassent justice à tout le peuple qui est au delà du fleuve, à tous ceux qui connaissent les lois de ton Dieu; enseignez-les à quiconque ne les connaît point.
Na wo Ɛsra, ɛsɛ sɛ wode nyansa a Onyankopɔn de ama wo no yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ a wɔnim mo Onyankopɔn mmara no, na wɔdi nnipa a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no nyinaa so. Sɛ nnipa nnim saa mmara no a, ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn.
26 Et pour tous ceux qui n'observeront pas la loi de ton Dieu et la loi du roi, qu'aussitôt il en soit fait justice, soit par la mort, soit par le bannissement, soit par quelque amende pécuniaire, soit par l'emprisonnement.
Obiara a ɔbɛbu mo Onyankopɔn, ne ɔhene mmara so no, wɔbɛkum no, wɔbɛtwa no asuo, wɔbɛfa nʼagyapadeɛ anaa wɔde no bɛto afiase sɛ asotwe.
27 Béni soit l'Éternel, le Dieu de nos pères, qui a mis cela au cœur du roi, pour honorer la maison de l'Éternel, qui est à Jérusalem;
Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.
28 Et qui a fait que j'ai trouvé grâce devant le roi, devant ses conseillers, et devant tous les puissants princes du roi! Ainsi je me fortifiai, parce que la main de l'Éternel mon Dieu était sur moi, et je rassemblai les chefs d'Israël, afin qu'ils montassent avec moi.
Na ayɛyie nka no sɛ, ɔdaa ne dɔ kann adi kyerɛɛ me, hyɛɛ me animuonyam wɔ ɔhene, nʼagyinatufoɔ ne nʼahenemma atumfoɔ no anim. Ɛhyɛɛ me nkuran, ɛfiri sɛ, na Awurade, me Onyankopɔn nsa wɔ me so. Na meboaboaa Israel ntuanofoɔ no bi ano sɛ, wɔnka me ho na yɛnkɔ Yerusalem.

< Esdras 7 >