< 2 Samuel 24 >

1 La colère de l'Éternel s'alluma encore contre Israël, et il incita David contre eux, en disant: Va, fais le dénombrement d'Israël et de Juda.
Bio, Awurade abufuo baa Israel so enti, ɔhyɛɛ Dawid sɛ ɔmfa nnipakan so nha wɔn a wɔwɔ Israel ne Yuda nyinaa. Awurade see Dawid sɛ, “Kɔ na kɔkan Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyinaa.”
2 Et le roi dit à Joab, chef de l'armée, qu'il avait auprès de lui: Va parcourir toutes les tribus d'Israël, depuis Dan jusqu'à Béer-Shéba, et faites le dénombrement du peuple, afin que j'en sache le nombre.
Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne sahene Yoab sɛ, “Kan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa, ɛfiri Dan a ɛwɔ atifi fam, de bɛsi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam, na ama mahunu nnipa dodoɔ a wɔwɔ ha.”
3 Mais Joab répondit au roi: Que l'Éternel ton Dieu veuille augmenter ton peuple autant et cent fois autant qu'il est maintenant, et que les yeux du roi, mon seigneur, le voient! Mais pourquoi le roi, mon seigneur, prend-il plaisir à cela?
Na Yoab buaa ɔhene no sɛ, “Awurade mma wo ntena ase kɔsi sɛ nnipa a wɔwɔ wʼahennie yi mu ase bɛtrɛ mmɔho ɔha. Na adɛn enti na wopɛ sɛ woyɛ yei?”
4 Cependant la parole du roi prévalut sur Joab et sur les chefs de l'armée; et Joab et les chefs de l'armée sortirent de la présence du roi pour dénombrer le peuple d'Israël.
Na ɔhene no hyɛɛ no ketee sɛ, wɔnkan nnipa enti, Yoab ne nʼadwumayɛfoɔ kɔkanee nnipa a wɔwɔ Israel.
5 Ils passèrent donc le Jourdain, et campèrent à Aroër, à droite de la ville qui est au milieu du torrent de Gad, et vers Jaezer;
Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔtwaa Yordan kɔtenaa Aroer, kuro a ɛwɔ bɔnhwa no anafoɔ a ɛkyerɛ Gad no. Afei, wɔkɔɔ Yaser,
6 Et ils vinrent en Galaad, et vers le bas pays de Hodshi; puis ils vinrent à Dan-Jaan, et aux environs de Sidon.
toaa so kɔduruu Gilead a ɛwɔ Tatim-hodsi, toaa so kɔɔ Dan Yaan ne Sidon fa mu.
7 Ils vinrent aussi à la forteresse de Tyr, et dans toutes les villes des Héviens et des Cananéens, et ils finirent par le midi de Juda, à Béer-Shéba.
Afei, wɔbaa Tiro aban mu ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuropɔn nyinaa mu. Wɔkɔɔ Yuda anafoɔ, kɔduruu Beer-Seba de wieeɛ.
8 Ils parcoururent ainsi tout le pays, et revinrent à Jérusalem au bout de neuf mois et vingt jours.
Wɔwurawuraa asase no nyinaa so, de abosome nkron ne nnafua aduonu wiee nnipakan no, sane kɔɔ Yerusalem.
9 Alors Joab donna au roi le nombre du recensement du peuple, et il se trouva de ceux d'Israël huit cent mille hommes de guerre, tirant l'épée, et de ceux de Juda cinq cent mille hommes.
Yoab de ne nnipa dodoɔ a wɔnyaeɛ brɛɛ ɔhene no. Na mmarima a wɔaduru sraadie mfeɛ so wɔ Israel no dodoɔ yɛ mpem aha nwɔtwe, na mpem ahanum nso wɔ Yuda.
10 Mais David fut repris en son cœur, après qu'il eut ainsi dénombré le peuple, et David dit à l'Éternel: J'ai commis un grand péché en faisant cela; et maintenant, ô Éternel, fais passer, je te prie, l'iniquité de ton serviteur, car j'ai agi très follement!
Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.”
11 Et quand David se leva le matin, la parole de l'Éternel fut adressée au prophète Gad, le Voyant de David, en ces mots:
Adeɛ kyeeɛ no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehunufoɔ nkyɛn sɛ:
12 Va et dis à David: Ainsi a dit l'Éternel: J'ai trois choses à te proposer; choisis l'une d'elles, afin que je te la fasse.
“Kɔka kyerɛ Dawid sɛ, Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ‘Mede nsɛm mmiɛnsa reto wʼanim. Yi mu baako na mɛyɛ.’”
13 Gad vint donc vers David, et le lui fit savoir, en disant: Que veux-tu qu'il t'arrive, ou sept ans de famine dans ton pays, ou que, durant trois mois, tu fuies devant tes ennemis et qu'ils te poursuivent, ou que, pendant trois jours, la mortalité soit dans ton pays? Maintenant consulte, et vois ce que je dois répondre à celui qui m'a envoyé.
Enti, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɔkɔm mmra wʼasase yi so mfeɛ mmiɛnsa anaa? Anaa, atamfoɔ a wɔgu wo so no wobɛdwane wɔn abosome mmiɛnsa? Anaa, ɔyaredɔm mmra wo ɔman yi mu nnansa? Enti afei, dwene ho yie, na ma menhunu mmuaeɛ a memfa nkɔma Awurade.”
14 Alors David répondit à Gad: Je suis dans une grande angoisse. Oh! que nous tombions entre les mains de l'Éternel, car ses compassions sont grandes; et que je ne tombe pas entre les mains des hommes!
Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ, “Yɛwɔ ahohiahia mu. Momma yɛmfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa, ɛfiri sɛ, nʼadɔeɛ dɔɔso; nanso, mma me nkɔtɔ nnipa nsam.”
15 L'Éternel envoya donc la mortalité en Israël, depuis le matin jusqu'au temps assigné; et il mourut dans le peuple, depuis Dan jusqu'à Béer-Shéba, soixante et dix mille hommes.
Enti, Awurade too ɔyaredɔm guu Israel so anɔpa no ma ɛdii nnansa. Na nnipa ɔpeduɔson firii Dan kɔsi Beer-Seba wuwuiɛ.
16 Mais quand l'ange étendit sa main sur Jérusalem pour la ravager, l'Éternel se repentit de ce mal, et dit à l'ange qui ravageait le peuple: Assez! retire maintenant ta main. Or l'ange de l'Éternel était auprès de l'aire d'Arauna, le Jébusien.
Ɛberɛ a ɔbɔfoɔ no reyɛ ahoboa akɔsɛe Yerusalem no, Awurade nuu ne ho wɔ asɛm no ho, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ! Gyae.” Saa ɛberɛ no na Awurade ɔbɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.
17 Et David, voyant l'ange qui frappait le peuple, parla à l'Éternel et dit: Voici, c'est moi qui ai péché, c'est moi qui ai commis l'iniquité; mais ces brebis qu'ont-elles fait? Que ta main soit sur moi, je te prie, et sur la maison de mon père!
Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.”
18 Et en ce jour-là, Gad vint vers David, et lui dit: Monte et dresse un autel à l'Éternel dans l'aire d'Arauna, le Jébusien.
Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.”
19 David monta donc, selon la parole de Gad, comme l'Éternel l'avait commandé.
Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
20 Et Arauna regarda, et vit le roi et ses serviteurs qui venaient vers lui; alors Arauna sortit, et se prosterna devant le roi, le visage contre terre.
Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam.
21 Puis Arauna dit: Pourquoi le roi, mon seigneur, vient-il vers son serviteur? Et David répondit: C'est pour acheter ton aire, et y bâtir un autel à l'Éternel, afin que cette plaie soit arrêtée parmi le peuple.
Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?” Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
22 Et Arauna dit à David: Que le roi, mon seigneur, prenne et offre ce qu'il trouvera bon. Voilà les bœufs pour l'holocauste, et les chariots et l'attelage des bœufs au lieu de bois.
Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Me wura fa na fayɛ deɛ wopɛ. Nantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nie. Wobɛtumi de ayuporeeɛ nnua ne nantwie mpamho nnua no ayɛ anyina wɔ afɔrebukyia no so.
23 O roi, Arauna donne le tout au roi. Et Arauna dit au roi: L'Éternel, ton Dieu, te soit favorable!
Mede ne nyinaa bɛma wo, na mesrɛ sɛ, Awurade, wo Onyankopɔn nnye afɔdeɛ yi.”
24 Et le roi répondit à Arauna: Non; mais je l'achèterai de toi pour un certain prix, et je n'offrirai point à l'Éternel, mon Dieu, des holocaustes qui ne me coûtent rien. Ainsi David acheta l'aire et les bœufs pour cinquante sicles d'argent.
Na ɔhene no buaa Arauna sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ mɛtɔ, na merentumi mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma Awurade, me Onyankopɔn, a mammɔ ho ka biara.” Enti, Dawid tuaa dwetɛ bɛyɛ gram ahanum aduɔson enum de tɔɔ ayuporobea ne nantwie no.
25 Puis David bâtit là un autel à l'Éternel, et offrit des holocaustes et des sacrifices de prospérité; et l'Éternel fut apaisé envers le pays, et la plaie fut arrêtée en Israël.
Dawid sii afɔrebukyia wɔ hɔ maa Awurade, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ hɔ. Na Awurade tiee ne mpaeɛbɔ maa ɔyaredɔm no gyaee.

< 2 Samuel 24 >