< Lévitique 15 >

1 L'Eternel parla aussi à Moïse et à Aaron, en disant:
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
2 Parlez aux enfants d'Israël, et leur dîtes: Tout homme à qui la chair découle, sera souillé à cause de son flux.
“Monhyɛ saa mmara yi mma Israelfoɔ: ‘Ɔbarima biara a ne ho bɛsene aguo no, ne ho agu fi.
3 Et telle sera la souillure de son flux; quand sa chair laissera aller son flux, ou que sa chair retiendra son flux, c'est sa souillure.
Ɛberɛ a ne ho resene guo ne ɛberɛ a agyae no nyinaa ma ne ho gu fi.
4 Tout lit sur lequel aura couché celui qui découle, sera souillé; et toute chose sur laquelle il se sera assis, sera souillée.
“‘Mpa a ɔbɛda so ne biribiara a ɔbɛtena so nso ho gu fi;
5 Quiconque aussi touchera son lit lavera ses vêtements, et se lavera avec de l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
enti obiara a ɔde ne ho ka ɔbarima no mpa ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
6 Et qui s'assiéra sur quelque chose sur laquelle celui qui découle se soit assis, lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
Obiara a ɔbɛtena akonnwa a ɔbarima no atena so so ho gu fi kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
7 Et celui qui touchera la chair de celui qui découle, lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
“‘Saa mmara yi ka obiara a ɔde ne ho bɛka ɔbarima no.
8 Et si celui qui découle crache sur celui qui est net, celui qui était net lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
“‘Obiara a ɔbarima no bɛte ntasuo agu ne so no ho nte kɔsi anwummerɛ enti ɛsɛ sɛ onii no si ne ntoma na ɔdware.
9 Toute monture aussi que celui qui découle aura montée, sera souillée.
“‘Ɔpɔnkɔ adwa biara a ɔbɛtena so no ho agu fi.
10 Quiconque touchera quelque chose qui aura été sous lui, sera souillé jusqu'au soir; et quiconque portera de telle chose lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
Obiara a ne ho bɛka biribiara a aka saa onipa no ase no ho nte kɔsi anwummerɛ, enti ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware.
11 Quiconque aura été touché par celui qui découle, sans qu'il ait lavé ses mains dans l'eau, lavera ses vêtements; et il se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
“‘Sɛ onipa a ne ho nte no rekɔsɔ obi mu na wanhohoro ne nsa ansa a, ɛsɛ sɛ onipa ko no si ne ntoma, dware ne ho, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
12 Et le vaisseau de terre que celui qui découle aura touché, sera cassé; mais tout vaisseau de bois sera lavé dans l'eau.
“‘Sɛ saa onipa no sɔ ayowaa biara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no na sɛ ɛyɛ mukaase biribi a wɔde dua na asene deɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuo hohoro ho.
13 Or quand celui qui découle sera purifié de son flux, il comptera sept jours pour sa purification, il lavera ses vêtements, et sa chair avec de l'eau vive, et ainsi il sera net.
“‘Sɛ nʼahosene no twa a, ɛsɛ sɛ ɔde nnanson firi ahodwira ho ahosiesie ase na ɔsi ne ntoma na ɔkɔdware wɔ asubɔnten mu.
14 Et au huitième jour il prendra pour soi deux tourterelles, ou deux pigeonneaux, et il viendra devant l'Eternel à l'entrée du Tabernacle d'assignation, et les donnera au Sacrificateur.
Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano na ɔde ama ɔsɔfoɔ no.
15 Et le Sacrificateur les sacrifiera, l'un [en offrande pour] le péché, et l'autre en holocauste; ainsi le Sacrificateur fera propitiation pour lui devant l'Eternel à cause de son flux.
Ɔsɔfoɔ no de wɔn bɛbɔ afɔdeɛ a baako yɛ bɔne ho afɔdeɛ na baako no nso yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; na ɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfoɔ no bɛyɛ mpatadeɛ wɔ Awurade anim ama ɔbarima no, ɛnam nʼahosene no enti.
16 L'homme aussi duquel sera sortie de la semence, lavera dans l'eau toute sa chair, et il sera souillé jusqu'au soir.
“‘Sɛ ɔbarima biara ahobaa gu a, ɛsɛ sɛ ɔdware ne ho nyinaa, ɛfiri sɛ, ne ho nso nte kɔsi anwummerɛ.
17 Et tout habit, ou toute peau sur laquelle il y aura de la semence, sera lavée dans l'eau, et sera souillée jusqu'au soir.
Ntoma anaa mpasotam biara a ahobaa no bi bɛgu mu no, ɛsɛ sɛ wɔsi, ɛfiri sɛ, ɛho nte kɔsi anwummerɛ.
18 Même la femme dont un tel homme aura la compagnie, se lavera dans l'eau [avec son mari], et ils seront souillés jusqu'au soir.
Sɛ ɔbarima fa ɔbaa a, wɔn nna no akyi, ɛsɛ sɛ ɔbaa no ne ɔbarima no nyinaa dware, ɛfiri sɛ, wɔn ho nte kɔsi anwummerɛ.
19 Et quand la femme sera découlante, ayant son flux de sang en sa chair, elle sera séparée sept jours; [et] quiconque la touchera sera souillé jusqu'au soir.
“‘Sɛ ɔbaa kɔ afikyire a, ne ho nte nnanson mu. Saa ɛberɛ no mu, obiara a ɔde ne ho bɛka no no nso ho nte kɔsi anwummerɛ.
20 Toute chose sur laquelle elle aura couché, durant sa séparation, sera souillée; toute chose aussi sur laquelle elle aura été assise, sera souillée.
“‘Biribiara a ɔbɛda so anaa ɔbɛtena so saa ɛberɛ no mu no nso ho agu fi.
21 Quiconque aussi touchera le lit de cette femme, lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no bɛsi ne ntoma, adware, ɛfiri sɛ, onii no ho agu fi kɔsi anwummerɛ.
22 Et quiconque touchera quelque chose sur laquelle elle se sera assise, lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
Sɛ obi sɔ biribi a watena so mu nso a, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma na ɔdware, ɛfiri sɛ, ne ho agu fi kɔsi anwummerɛ,
23 Même si la chose [que quelqu'un aura touchée était] sur le lit, ou sur quelque chose sur laquelle elle était assise, quand quelqu'un aura touché cette chose-là; il sera souillé jusqu'au soir.
sɛ ɛyɛ ne mpasotam anaa nʼakonnwa.
24 Et si quelqu'un a habité avec elle tellement que ses fleurs soient sur lui, il sera souillé sept jours; et toute couche sur laquelle il dormira, sera souillée.
“‘Sɛ ɔbarima ne no da saa ɛberɛ yi mu a, ɔbarima no ho gu fi nnanson; na mpa biara a ɔbarima no bɛda so no nso ho gu fi.
25 Quand aussi la femme découle par flux de son sang plusieurs jours, sans que ce soit le temps de ses mois; ou quand elle découlera plus longtemps que le temps de ses mois, tout le temps du flux de sa souillure, elle sera souillée comme au temps de sa séparation.
“‘Sɛ ɛberɛ duru sɛ ɔfiri nanso mogya da so ba anaasɛ mogya ba ɛberɛ a ɛnsɛ mu wɔ bosome no mu a, mmara korɔ no ara na wɔde ka ho asɛm,
26 Toute couche sur laquelle elle couchera tous les jours de son flux, lui sera comme la couche de sa séparation; et toute chose sur laquelle elle s'assied sera souillée, comme [pour] la souillure de sa séparation.
na ɛkyerɛ sɛ, biribiara a ɔbɛda so saa ɛberɛ no ho agu fi te sɛ deɛ nʼafikyikɔ berɛ mu ɔtena biribi so a, ɛho gu fi no ara pɛ.
27 Et quiconque aura touché ces choses-là, lavera ses vêtements, et se lavera dans l'eau; et il sera souillé jusqu'au soir.
Obiara a ɔde ne nsa bɛka ne mpa anaa biribiara a ɔtena so no ho agu fi a ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntoma, sane dware, ɛfiri sɛ, ne ho nte kɔsi anwummerɛ.
28 Mais si elle est purifiée de son flux, elle comptera sept jours, et après elle sera nette.
“‘Nnanson akyi, sɛ afikyikɔ no twa a, na ɔnni efi mu bio.
29 Et au huitième jour elle prendra deux tourterelles ou deux pigeonneaux, et les apportera au Sacrificateur à l'entrée du Tabernacle d'assignation.
Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu bɛkɔ akɔma ɔsɔfoɔ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano
30 Et le Sacrificateur en sacrifiera l'un [en offrande] pour le péché, et l'autre en holocauste; ainsi le Sacrificateur fera propitiation pour elle devant l'Eternel, à cause du flux de sa souillure.
na ɔsɔfoɔ no de baako abɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ayɛ mpatadeɛ ama ɔbaa no wɔ Awurade anim wɔ nʼafikyikɔ no ho fi no ho.
31 Ainsi vous séparerez les enfants d'Israël de leurs souillures, et ils ne mourront point à cause de leurs souillures, en souillant mon pavillon qui est au milieu d'eux.
“‘Saa ɛkwan yi so na sɛ Israelfoɔ no bi ho gu fi a, mobɛfa de ate wɔn ho anyɛ saa a, ɛsiane sɛ wɔagu mʼAhyiaeɛ Ntomadan a ɛsi wɔn mu no ho fi enti, wɔbɛwuwu.’”
32 Telle est la loi de celui qui découle, et de celui duquel sort la semence, qui le souille.
Yeinom ne mmara a ɛwɔ hɔ ma ɔbarima a ne ho sene
33 Telle est aussi la loi de celle qui est malade de ses mois, et de toute personne qui découle, et qui a son flux, soit mâle, soit femelle, et de celui qui couche avec celle qui est souillée.
ne ɔbaa a wakɔ afikyire ne obiara a ɔde ne ho ka ɔsakyimafoɔ wɔ ɛberɛ a ne ho nteɛ no mu no.

< Lévitique 15 >