< Genèse 44 >
1 Et [Joseph] commanda à son maître d'hôtel, en disant: Remplis de vivres les sacs de ces gens, autant qu'ils en pourront porter, et remets l'argent de chacun à l'ouverture de son sac.
Afei, Yosef hyɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Fa aduane dodoɔ biara a mmarima no bɛtumi asoa no hyɛ wɔn nkotokuo no ma ma, na fa obiara sika nso hyɛ ne kotokuo mu ma no.
2 Et mets ma coupe, la coupe d'argent à l'ouverture du sac du plus petit avec l'argent de son blé; et il fit comme Joseph lui avait dit.
Afei, fa me dwetɛ kuruwa no ka akumaa no aduane no sika ho, na fa hyɛ ne kotokuo no mu.” Na ɔsomafoɔ panin no yɛɛ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no pɛpɛɛpɛ.
3 Le matin dès qu'il fut jour, on renvoya ces hommes avec leurs ânes.
Adeɛ kyee anɔpa no, ɔgyaa anuanom no ne wɔn mfunumu no kwan.
4 Et lorsqu'ils furent sortis de la ville, avant qu'ils fussent fort loin, Joseph dit à son maître d'hôtel: Va, poursuis ces hommes, et quand tu les auras atteints, dis-leur: Pourquoi avez-vous rendu le mal pour le bien?
Wɔannuru akyiri baabiara, na Yosef ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin no sɛ, “Ti nkurɔfoɔ no ntɛm so, na sɛ woto wɔn a, bisa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na mode bɔne tua papa so ka? Adɛn enti na moawia me dwetɛ kuruwa?
5 N'est-ce pas la coupe dans laquelle mon Seigneur boit, et par laquelle très-assurément il devinera? C'est mal fait à vous d'avoir fait cela.
Ɛnyɛ saa kuruwa yi a me wura nom ano na ɔhwɛ mu ka nhunumusɛm no nie? Yei yɛ bɔne kɛseɛ a moayɛ.’”
6 Et il les atteignit, et leur dit ces [mêmes] paroles.
Ɔkɔtoo wɔn no, ɔtii saa asɛm korɔ yi ara mu kyerɛɛ wɔn.
7 Et ils lui répondirent: Pourquoi mon Seigneur parle-t-il ainsi? A Dieu ne plaise que tes serviteurs aient fait une telle chose!
Nanso, anuanom no buaa no sɛ, “Adɛn enti na yɛn wura keka saa nsɛm yi? Ɛmpare wo nkoa sɛ wɔbɛyɛ adeɛ a ɛte saa!
8 Voici, nous t'avons rapporté du pays de Canaan l'argent que nous avions trouvé à l'ouverture de nos sacs, et comment déroberions-nous de l'argent ou de l'or de la maison de ton maître?
Sika a yɛhunuu wɔ yɛn nkotokuo mu no, yɛansane amfa amfiri Kanaan ammrɛ mo anaa? Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛwia dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ firi wo wura fie?
9 Que celui de tes serviteurs à qui on trouvera [la coupe], meure; et nous serons aussi esclaves de mon Seigneur.
Sɛ wohunu saa kuruwa no wɔ wo nkoa no biara nkyɛn a, okum na ɛsɛ sɛ wokum saa onipa no. Na sɛ ɛba saa nso a, yɛn nyinaa bɛyɛ wo wura nkoa afebɔɔ.”
10 Et il leur dit: Qu'il soit fait maintenant selon vos paroles; qu'il soit ainsi; que celui à qui on trouvera [la coupe] me soit esclave, et vous serez innocents.
Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɛyɛ, na deɛ ɔwiaeɛ no nko na ɔbɛyɛ mʼakoa. Na mo a moaka no bɛfa mo ho adi.”
11 Et incontinent chacun posa son sac en terre; et chacun ouvrit son sac.
Anuanom no nyinaa yiyii wɔn nnesoa no firii mfunumu no so, guu fam, sane sanee wɔn nkotokuo no ano.
12 Et il fouilla, en commençant depuis le plus grand, et finissant au plus petit; et la coupe fut trouvée dans le sac de Benjamin.
Afei, ɔsomfoɔ panin no firii aseɛ, hwehwɛɛ wɔn nkotokuo no mu firi ɔpanin no so kɔsii akumaa no so. Wɔhunuu kuruwa no wɔ Benyamin kotokuo no mu.
13 Alors ils déchirèrent leurs vêtements, et chacun rechargea son âne, et ils retournèrent à la ville.
Ɛbaa saa no, anuanom no sunsuanee wɔn ntadeɛ mu. Afei, wɔn nyinaa sane hyehyɛɛ wɔn nnesoa no wɔ wɔn mfunumu no so, sanee wɔn akyiri, kɔɔ kuro no mu bio.
14 Et Juda vint avec ses frères en la maison de Joseph, qui était encore là, et ils se jetèrent devant lui en terre.
Ɛberɛ a Yuda ne ne nuanom no kɔduruu kuro no mu hɔ no, na Yosef da so wɔ ne fie hɔ. Enti, wɔn nyinaa totoo wɔn ho guu fam wɔ nʼanim.
15 Et Joseph leur dit: Quelle action avez-vous faite? Ne savez-vous pas qu'un homme tel que moi ne manque pas de deviner?
Yosef bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na moayɛ yi? Monnim sɛ onipa a ɔte sɛ me nam nhunumusɛm so bɛtumi ahunu biribiara mu?”
16 Et Juda lui dit: Que dirons-nous à mon Seigneur? Comment parlerons-nous? et comment nous justifierons-nous? Dieu a trouvé l'iniquité de tes serviteurs; voici, nous sommes esclaves de mon Seigneur, tant nous, que celui dans la main auquel la coupe a été trouvée.
Yuda buaa sɛ, “Anoyie bɛn na yɛbɛtumi ayi wɔ me wura anim? Asɛm bɛn na yɛwɔ ka? Yɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ama woahunu sɛ yɛnni saa asɛm yi ho fɔ? Onyame ada yɛn wʼasomfoɔ afɔdie yi adi. Yɛne deɛ wɔhunuu kuruwa no wɔ no nkyɛn no nyinaa yɛ yɛn wura nkoa”.
17 Mais il dit: A Dieu ne plaise que je fasse cela! l'homme en la main duquel la coupe a été trouvée, me sera esclave; mais vous, remontez en paix vers votre père.
Nanso, Yosef kaa sɛ, “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ adeɛ a ɛte saa. Onipa a wɔhunuu kuruwa no wɔ ne nkyɛn no nko ara na ɔbɛyɛ mʼakoa. Mo a moaka no deɛ, monsane nkɔ mo agya nkyɛn asomdwoeɛ mu.”
18 Alors Juda s'approcha de lui, en disant: Hélas mon Seigneur! je te prie, que ton serviteur dise un mot, et que mon Seigneur l'écoute, et que ta colère ne s'enflamme point contre ton serviteur; car tu es comme Pharaon.
Yuda sɔre kɔɔ Yosef anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma me a meyɛ wʼakoa no ɛkwan na me ne wo, me wura, nkasa. Ɛwom sɛ, wo ne Farao yɛ pɛ deɛ, nanso mesrɛ wo, nya aboterɛ ma wo ɔsomfoɔ.
19 Mon Seigneur interrogea ses serviteurs, en disant: Avez-vous père, ou frère?
Me wura bisaa nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Mowɔ agya anaa onuabarima bi?’
20 Et nous répondîmes à mon Seigneur: Nous avons notre père qui est âgé, et un enfant qui lui est né en sa vieillesse, et qui est le plus petit [d'entre nous]; son frère est mort, et celui-ci est resté seul de sa mère; et son père l'aime.
Na yɛbuaa sɛ, ‘Yɛwɔ agya a wabɔ akɔkoraa ne yɛn kaakyire a ɔwoo no ne nkɔkoraaberɛ mu. Ne nuabarima a ɔka ne ho no awu. Na ɔno nko ara ne ne maame ba a waka. Nʼagya pɛ nʼasɛm yie.’
21 Or tu as dit à tes serviteurs: Faites-le descendre vers moi, et je le verrai.
“Na ɔka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ, ‘Momfa no mmra, na menhwɛ no.’
22 Et nous dîmes à mon Seigneur: Cet enfant ne peut laisser son père; car s'il le laisse, son père mourra.
Yɛka kyerɛɛ me wura sɛ, ‘Abarimaa no rentumi nte ne ho mfiri nʼagya ho. Na sɛ ɛba sɛ ɔte ne ho firi nʼagya ho a, nʼagya no bɛwu.’
23 Alors tu dis à tes serviteurs: Si votre petit frère ne descend avec vous, vous ne verrez plus ma face.
Ɛnna woka kyerɛɛ wʼasomfoɔ sɛ. ‘Sɛ moamfa mo nua kumaa no anka mo ho amma a, monnsi mʼanim bio.’
24 Or il est arrivé qu'étant de retour vers ton serviteur mon père, nous lui rapportâmes les paroles de mon Seigneur.
Yɛsane kɔɔ wʼakoa, yɛn agya nkyɛn no, yɛkaa wo a woyɛ yɛn wura no nsɛm a woka kyerɛɛ yɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
25 Depuis, notre père nous dit: Retournez, et nous achetez un peu de vivres.
“Ɛnna yɛn agya kaa sɛ, ‘Monsane nkɔ bio nkɔtɔ aduane kakra mmra.’
26 Et nous lui dîmes: Nous ne pouvons y descendre; mais si notre petit frère est avec nous, nous y descendrons, car nous ne saurions voir la face de cet homme, si notre jeune frère n'est avec nous.
Nanso, yɛka kyerɛɛ yɛn agya sɛ, ‘Yɛrentumi nkɔ, gye sɛ yɛn nua kumaa no ka yɛn ho. Sɛ yɛamfa yɛn nua kumaa no anka yɛn ho ankɔ a, yɛrentumi nkɔ owura no anim.’
27 Et ton serviteur mon père nous répondit: Vous savez que ma femme m'a enfanté deux fils,
“Afei, wo ɔsomfoɔ, yɛn agya ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ‘Monim sɛ me ne me yere woo mmammarima baanu.
28 Dont l'un s'en est allé d'avec moi, et j'ai dit: Certainement il a été déchiré; et je ne l'ai point vu depuis.
Wɔn mu baako firii me nkyɛn kɔeɛ a, manhunu no bio, ma mekaa sɛ, “Aboa bi atete no pasaa.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, menhunuu no bio.
29 Et si vous emmenez aussi celui-ci et que quelque accident mortel lui arrive, vous ferez descendre mes cheveux blancs avec douleur au sépulcre. (Sheol )
Sɛ mofa yei firi me nkyɛn, na asiane bi kɔsiane no wɔ ɛkwan so a, me nso, mede awerɛhoɔ bɛwu bi.’ (Sheol )
30 Maintenant donc quand je serai venu vers ton serviteur mon père, si l'enfant, dont l'âme est liée étroitement avec la sienne, n'est point avec nous,
“Enti, saa ɛberɛ yi, sɛ yɛkɔpue firi wʼakoa, yɛn agya, anim na abɔfra yi nka yɛn ho a, ɛnneɛ, sɛdeɛ nʼakoma da abɔfra no ho fa no,
31 Il arrivera qu'aussitôt qu'il aura vu que l'enfant ne sera point [avec nous], il mourra; ainsi tes serviteurs feront descendre avec douleur les cheveux blancs de ton serviteur notre père au sépulcre. (Sheol )
sɛ ɔhunu sɛ abɔfra no nka yɛn ho a, ɔbɛwu. Wo nkoa bɛma wɔn agya adi awerɛhoɔ, de ne tiri so dwono akɔ asaman. (Sheol )
32 De plus, ton serviteur a répondu de l'enfant [pour l'emmener] d'auprès de mon père, en disant: Si je ne te le ramène, je serai toute ma vie sujet à la peine envers mon père.
Wʼakoa a ɔde ne ho dii abɔfra no agyinamu sɛ ɔde no bɛba kaa sɛ, ‘Sɛ mamfa no ansane ammrɛ wo a, ɛho asodie no mmɛda me so, me nkwanna nyinaa.’
33 Ainsi maintenant, je te prie, que ton serviteur soit esclave de mon Seigneur au lieu de l'enfant, et qu'il remonte avec ses frères.
“Afei, mesrɛ wo, ma wʼakoa nsi abɔfra no ananmu wɔ ha, na ma abɔfra no ne ne nuammarima no nsane nkɔ.
34 Car comment remonterai-je vers mon père, si l'enfant n'est avec moi? Que je ne voie point l'affliction qu'en aurait mon père!
Na sɛ abɔfra no anka me ho ankɔ a, mɛyɛ dɛn makɔpue mʼagya anim. Dabi! Merentumi nnyina ahohiahia a ɛbɛto mʼagya wɔ saa asɛm yi ho no ano.”