< 2 Chroniques 33 >
1 Manassé était âgé de douze ans quand il commença à régner, et il régna cinquante-cinq ans à Jérusalem.
Ɛberɛ a Manase dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia dumienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonum enum.
2 Et il fit ce qui déplaît à l'Eternel, selon les abominations des nations que l'Eternel avait chassées de devant les enfants d'Israël.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, suasuaa abosonsomfoɔ aman nneyɛeɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔsuaa deɛ ɛnam so maa Awurade pamoo abosonsomfoɔ no firii asase a ɛda Israel anim no so no.
3 Car il rebâtit les hauts lieux qu'Ezéchias son père avait démolis, et redressa les autels des Bahalins, et fit des bocages, et se prosterna devant toute l'armée des cieux, et les servit.
Ɔsane sisii asɔreeɛ a nʼagya Hesekia sɛee no no. Ɔsii afɔrebukyia maa Baal ahoni, sisii Asera afɔrebukyia. Ɔsane kotoo nsoromma a ɛwɔ ewiem no nyinaa, somm wɔn.
4 Il bâtit aussi des autels dans la maison de l'Eternel, de laquelle l'Eternel avait dit: Mon Nom sera dans Jérusalem à jamais.
Mpo, ɔsisii abosonsom afɔrebukyia wɔ Awurade Asɔredan mu, baabi a Awurade aka sɛ, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wɔdi ne din ni afebɔɔ no.
5 Il bâtit, [dis-je], des autels à toute l'armée des cieux dans les deux parvis de la maison de l'Eternel.
Ɔsisii saa afɔrebukyia no wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ, de maa ewiem nsoromma no.
6 Il fit passer ses fils par le feu dans la vallée du fils de Hinnon, et il prédisait le temps, et usait de prédictions et de sortilèges; et il dressa un [oracle d']esprit de Python, et eut des diseurs de bonne aventure; [en un mot], il s'adonna extrêmement à faire ce qui déplaît à l'Eternel pour l'irriter.
Manase de ɔno ankasa mmammarima bɔɔ afɔdeɛ wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bɔnhwa mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, maa Awurade bo fuiɛ.
7 Il posa aussi une image taillée qu'il avait faite pour une représentation en la maison de Dieu, de laquelle Dieu avait dit à David et à Salomon son fils: Je mettrai à perpétuité mon Nom dans cette maison, et dans Jérusalem, que j'ai choisie d'entre toutes les Tribus d'Israël.
Na Manase faa ohoni a wasene, de kɔsii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kɔsii baabi korɔ no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo sɛ, “Wɔbɛdi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afiri mmusuakuo a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no.
8 Et je ne ferai plus sortir Israël de la terre que j'ai assignée à leurs pères, pourvu seulement qu'ils prennent garde à faire tout ce que je leur ai commandé par le moyen de Moïse, [c'est-à-dire] toute la Loi, et les statuts, et les ordonnances.
Sɛ Israelfoɔ di mʼahyɛdeɛ nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so maeɛ no nyinaa so a, merentwa wɔn asuo mfiri asase a mede maa wɔn agyanom no so.”
9 Manassé donc fit égarer Juda et les habitants de Jérusalem, jusqu'à faire pis que les nations que l'Eternel avait exterminées de devant les enfants d'Israël.
Nanso, Manase dii ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim, ma wɔyɛɛ bɔnetrasoɔ sene abosonsom aman a Awurade sɛee wɔn wɔ ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ asase no so no.
10 Et l'Eternel parla à Manassé, et à son peuple; mais ils n'y voulurent point entendre.
Awurade kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfoɔ no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara.
11 C'est pourquoi l'Eternel fit venir contr'eux les capitaines de l'armée du Roi des Assyriens, qui prirent Manassé dans des halliers, et le lièrent de doubles chaînes d'airain, et l'emmenèrent à Babylone.
Enti, Awurade maa Asiriafoɔ akodɔm bɛfaa Manase yɛɛ no ɔdeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia.
12 Et dès qu'il fut en angoisse, il supplia l'Eternel son Dieu, et s'humilia fort devant le Dieu de ses pères.
Na ɛberɛ a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ Awurade, ne Onyankopɔn akyiri kwan, na ɔde ahobrɛaseɛ su frɛɛ nʼagyanom Onyankopɔn.
13 Il lui adressa donc ses supplications, et [Dieu] fléchi par ses prières, exauça sa supplication, et le fit retourner à Jérusalem dans son Royaume; et Manassé reconnut que l'Eternel est celui qui est Dieu.
Na ɛberɛ a ɔbɔɔ mpaeɛ no, Awurade tiee no, na nʼabisadeɛ no kaa nʼakoma. Enti, Awurade maa Manase sane kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahennie mu. Afei, Manase tee aseɛ sɛ, Awurade nko ara ne Onyankopɔn.
14 Après cela il bâtit la muraille de dehors pour la Cité de David vers l'Occident de Guihon, dans la vallée, et jusqu'à l'entrée de la porte des poissons, et il environna Hophel, et l'éleva beaucoup; puis il établit des capitaines de l'armée dans toutes les villes fortes de Juda.
Yei akyi, Manase sane sisii Dawid kuropɔn abɔntene afasuo; ɛfiri Gihon asutire atɔeɛ fam a ɛwɔ Kidron bɔnhwa mu, de kɔ Apataa Ɛpono ano, kɔsi Ofel bepɔ so a wɔsi maa ɛkɔɔ soro yie no. Na ɔduaa nʼasraafoɔ mpanimfoɔ no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu.
15 Et il ôta de la maison de l'Eternel l'idole, et les dieux des étrangers, et tous les autels qu'il avait bâtis sur la montagne de la maison de l'Eternel, et à Jérusalem, et les jeta hors de la ville.
Manase sane tutuu amamfrafoɔ anyame fifirii mmepɔ no so. Ɔsane tutuu anyame ne ahoni no firii Awurade Asɔredan mu. Ɔbubuu afɔrebukyia a wasisi wɔ bepɔ so, baabi a Asɔredan no si, ne afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔto guu kuropɔn no mfikyire.
16 Puis il rebâtit l'autel de l'Eternel, et y sacrifia des sacrifices de prospérités, et de louange, et il commanda à Juda de servir l'Eternel le Dieu d'Israël.
Na ɔsane sii Awurade afɔrebukyia no, bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfoɔ no nkuran sɛ, wɔnsom Awurade, Israel Onyankopɔn no.
17 Toutefois le peuple sacrifiait encore dans les hauts lieux, mais c'était seulement à l'Eternel leur Dieu.
Nanso, na ɔmanfoɔ no gu so bɔ afɔdeɛ wɔ abosonsom asɔreeɛ so. Nanso, na wɔbɔ ma Awurade wɔn Onyankopɔn ara.
18 Le reste des faits de Manassé, et la prière qu'il fit à son Dieu, et les paroles des Voyants qui lui parlaient au Nom de l'Eternel le Dieu d'Israël, voilà, toutes ces choses sont [écrites] parmi les actions des Rois d'Israël.
Manase adedie ho nsɛm nkaeɛ, ne mpaeɛ a ɔbɔɔ Onyankopɔn ne nsɛm a adehunumufoɔ ka kyerɛɛ no wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn din mu no, wɔatwerɛ agu Israel ahemfo nwoma mu.
19 Et sa prière, et comment [Dieu] fut fléchi par ses prières, tout son péché, et son crime, et les places dans lesquelles il bâtit des hauts lieux, et dressa des bocages, et des images taillées, avant qu'il se fût humilié, voilà, toutes ces choses sont écrites dans les paroles des Voyants.
Manase mpaeɛ ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atorɔ a ɔdiiɛ nyinaa ho nsɛm no, wɔatwerɛ agu adehunumufoɔ nwoma mu. Baabi a ɔsii abosonsom asɔreeɛ, sisii Asera afɔrebukyia ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho.
20 Puis Manassé s'endormit avec ses pères, et on l'ensevelit dans sa maison; et Amon son fils régna en sa place.
Ɛberɛ a Manase wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼahemfie. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a ɔdi hɔ.
21 Amon [était] âgé de vingt-deux ans quand il commença à régner, et il régna deux ans à Jérusalem.
Ɛberɛ a Amon dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu mmienu. Ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfeɛ mmienu.
22 Et il fit ce qui déplaît à l'Eternel, comme avait fait Manassé son père; car Amon sacrifia à toutes les images taillées que Manassé son père avait faites, et les servit.
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagya Manase yɛeɛ no. Ɔsomm ahoni a nʼagya yɛeɛ no nyinaa, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn.
23 Mais il ne s'humilia point devant l'Eternel, comme s'était humilié Manassé son père, mais se rendit coupable de plus en plus.
Nanso, wansɛ nʼagya Manase, ɛfiri sɛ, wammrɛ ne ho ase amma Awurade. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so.
24 Et ses serviteurs ayant fait une conspiration contre lui, le firent mourir dans sa maison.
Akyire yi, Amon no ara mpanimfoɔ pamm ne tiri so, kumm no wɔ nʼahemfie.
25 Mais le peuple du pays frappa tous ceux qui avaient conspiré contre le Roi Amon; et le peuple du pays établit pour Roi en sa place Josias son fils.
Nanso, ɔmanfoɔ a wɔwɔ asase no so kunkumm wɔn a wɔbɔɔ pɔ tiaa ɔhene Amon no, na wɔsii ne babarima Yosia ɔhene, sii nʼanan mu.