< 1 Timothée 2 >

1 J'exhorte donc qu'avant toutes choses on fasse des requêtes, des prières, des supplications, et des actions de grâces pour tous les hommes;
Mʼafotuo ne sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpaeɛ, mommisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa;
2 Pour les Rois, et pour tous ceux qui sont constitués en dignité, afin que nous puissions mener une vie paisible et tranquille, en toute piété et honnêteté.
monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoeɛ mu wɔ onyamesom ne suban pa mu.
3 Car cela est bon et agréable devant Dieu notre Sauveur;
Yei yɛ, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a
4 Qui veut que tous les hommes soient sauvés, et qu'ils viennent à la connaissance de la vérité.
ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔhunu nokorɛ no ani.
5 Car il y a un seul Dieu, et un seul Médiateur entre Dieu et les hommes, [savoir] Jésus-Christ homme;
Onyankopɔn baako ne ntamgyinafoɔ baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bom no, ɔno ne Kristo Yesu no.
6 Qui s'est donné soi-même en rançon pour tous, témoignage qui a été rendu en son temps.
Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ de gyee nnipa nyinaa nkwa no. Yei yɛ adansedie a ɛbaa ɛberɛ a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa.
7 C'est dans cette vue que j'ai été établi Prédicateur, Apôtre ( je dis la vérité en Christ, je ne mens point), et Docteur des Gentils en la foi, et en la vérité.
Ɛno enti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafoɔ ne amanamanmufoɔ ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menni gyidie ne nokorɛ no ho adanseɛ. Merenni atorɔ, mereka nokorɛ!
8 Je veux donc que les hommes prient en tout lieu, levant leurs mains pures, sans colère, et sans dispute.
Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ewiase afanan nyinaa de akoma a emu teɛ bɛma wɔn nsa so, na wɔabɔ mpaeɛ.
9 Que les femmes aussi se parent d'un vêtement honnête, avec pudeur et modestie, non point avec des tresses ni avec de l'or, ni des perles, ni des habillements somptueux;
Afei, mehwehwɛ sɛ mmaa bɛbrɛ wɔn ho ase na wɔafa ɛkwan a ɛfata so asiesie wɔn ho. Ma wɔmmɔ wɔn ti sɛ mmaa ahobrɛasefoɔ; mma wɔmmfa sika anaa adwinneɛ anaa ntadeɛ a ne boɔ yɛ den nsiesie wɔn ho.
10 Mais [qu'elles soient] ornées de bonnes œuvres, comme il est séant à des femmes qui font profession de servir Dieu.
Na mmom, ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmaa adi sɛ mmaa a wɔyɛ nyamesomfoɔ.
11 Que la femme apprenne dans le silence en toute soumission.
Ɛsɛ sɛ mmaa de kommyɛ ne ahobrɛaseɛ sua adeɛ.
12 Car je ne permets point à la femme d'enseigner, ni d'user d'autorité sur le mari; mais elle doit demeurer dans le silence.
Memma mmaa ho ɛkwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wɔnnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm.
13 Car Adam a été formé le premier, et puis Eve.
Ɛfiri sɛ, wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa.
14 Et ce n'a point été Adam qui a été séduit, mais la femme ayant été séduite, a été la cause de la transgression.
Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbaa no na wɔdaadaa no ma ɛnam so maa ɔbuu Onyankopɔn mmara so.
15 Elle sera néanmoins sauvée en mettant des enfants au monde, pourvu qu'elle persévère dans la foi, dans la charité, et dans la sanctification, avec modestie.
Na sɛ ɔbaa tena ase gyidie, ɔdɔ, kronnyɛ ne ahobrɛaseɛ mu a ɔbɛwo asomdwoeɛ mu.

< 1 Timothée 2 >