< Malachie 4 >

1 Car voici, le jour vient, Ardent comme une fournaise. Tous les hautains et tous les méchants seront comme du chaume; Le jour qui vient les embrasera, Dit l’Éternel des armées, Il ne leur laissera ni racine ni rameau.
“Ampa ara, ɛda no reba; ɛbɛdɛre te sɛ fononoo. Ahomasofoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛyɛ wiradwaneɛ, na saa da a ɛreba no, wɔde ogya bɛto mu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Ɛrenka nhini anaa dubaa ɛmma wɔn.
2 Mais pour vous qui craignez mon nom, se lèvera Le soleil de la justice, Et la guérison sera sous ses ailes; Vous sortirez, et vous sauterez comme les veaux d’une étable,
Nanso, mo a mode anidie ma me din no, tenenee awia bɛpue ama mo, na ɛde ayaresa bɛba. Na mobɛpue na moahurihuri te sɛ anantwie mma a wɔabue wɔn afiri wɔn buo mu.
3 Et vous foulerez les méchants, Car ils seront comme de la cendre Sous la plante de vos pieds, Au jour que je prépare, Dit l’Éternel des armées.
Na mobɛtiatia atirimuɔdenfoɔ so; wɔbɛyɛ nsõ wɔ mo nan ase, da a mɛyɛ saa nneɛma yi.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
4 Souvenez-vous de la loi de Moïse, mon serviteur, Auquel j’ai prescrit en Horeb, pour tout Israël, Des préceptes et des ordonnances.
“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.
5 Voici, je vous enverrai Élie, le prophète, Avant que le jour de l’Éternel arrive, Ce jour grand et redoutable.
“Mɛsoma Odiyifoɔ Elia aba mo nkyɛn, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.
6 Il ramènera le cœur des pères à leurs enfants, Et le cœur des enfants à leurs pères, De peur que je ne vienne frapper le pays d’interdit.
Ɔbɛdane agyanom akoma akɔ wɔn mma so, na wadane mma nso akoma akɔ agyanom so, anyɛ saa a, mede nnome bɛba abɛsɛe asase no.”

< Malachie 4 >