< Nombres 34 >

1 Et le Seigneur parla à Moïse, disant:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Donne mes ordres aux fils d'Israël, et dis-leur: Vous allez entrer en la terre de Chanaan; cette terre, avec ses limites, vous appartiendra comme héritage.
“Ka kyerɛ Israelfo no se: ‘Sɛ mubedu Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛɛ na mo ahye bɛyɛ:
3 Au midi, vous la possèderez depuis le désert jusqu'au territoire d'Edom; de ce côté, la limite sera d'abord le rivage oriental de la mer Salée.
“‘Asase no anafo fam no bɛyɛ Sin sare so a ɛda Edom hye ano no fa bi. Anafo hye no ano befi apuei fam, Nkyene Po no anafo.
4 Vos limites au midi tourneront autour de la montée d'Acrabin; elles traverseront Ennac (Senna), et elles descendront au delà de Cadès-Barné; puis, elles sortiront du village d'Arad, et elles passeront par Asémona.
Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafo hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafo pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na efi hɔ akosi Hasarada de akowie Asmon.
5 A partir d'Asémona, elles suivront les contours du torrent d'Egypte, et finiront à la mer.
Efi Asmon a, ɔhye no bɛkɔ ara akosi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Ntam Po no ano.
6 Ensuite, vous aurez pour limites la mer, la grande mer vous limitera; ce sera la frontière occidentale.
Mo hye a ɛwɔ atɔe no bɛyɛ Ntam Po no ano.
7 Au nord, voici quelle sera votre limite: à partir de la mer, vous mesurerez pour vous la montagne, le long de la montagne.
Mo hye a ɛda atifi no befi ase wɔ Ntam Po no ano na atoa so akosi bepɔw Hor,
8 Et vous mesurerez pour vous de montagne en montagne; votre frontière, après être entrée dans Emath, ira jusqu'à Saradac (Sadada).
de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedad
9 Ensuite, elle sortira de Déphron (Zéphronie), et finira en Arsenaïn (Enan): telle sera votre frontière du nord.
na atoa so akɔ Sifron na akowie wɔ Hasar-Enan.
10 Et tous mesurerez votre frontière orientale d'Arsenaïn à Séphama;
Apuei hye no befi Hasar-Enan akɔ Sefam.
11 Elle descendra de Séphama en Béla (Rébla), au delà des frontières, et de Béla à l'extrémité de la rive orientale de la mer de Cénéreth (Génésareth).
Ɔhye no besian afi Sefam akosi Ribla wɔ Ain apuei fam. Efi hɔ a, ebesiansian afa mmepɔw no ase wɔ Galilea Po no apuei fam.
12 Puis, elle suivra le cours du Jourdain, et elle finira par la mer Salée: telle sera votre terre, telles seront ses limites tout alentour.
Ɔhye no besian afa Asubɔnten Yordan ho na akɔpem Nkyene Po no. “‘Sɛnea mo nsase ne mo ahye te ni.’”
13 Moïse donna donc cet ordre aux fils d'Israël, disant: Voici la terre que vous vous partagerez au sort, comme l'a prescrit le Seigneur, pour la distribuer aux neuf tribus et à la demi-tribu de Manassé.
Afei Mose hyɛɛ Israelfo no se, “Momfa ntontobɔ so nkyekyɛ asase yi sɛ mo agyapade. Awurade ahyɛ sɛ wɔmfa mma mmusua akron ne fa no,
14 Car les fils de Ruben, les fils de Gad, par familles paternelles, et une demi-tribu de Manassé, ont reçu leurs parts.
efisɛ Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusua no fa no de, wɔanya wɔn agyapade dedaw.
15 Deux tribus et une demi-tribu ont pris leur part, vis-à-vis Jéricho, sur la rive orientale du Jourdain, au sud-est
Saa mmusua abien ne fa yi anya wɔn agyapade wɔ Yeriko akyi, Yordan apuei fam a ɛhwɛ apuei no.”
16 Et le Seigneur parla à Moïse, disant:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
17 Voici les noms des hommes qui procèderont au partage de la terre: Eléazar le prêtre, et Josué, fils de Nau.
“Nnipa a wɔn din didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu mma mo sɛ mo agyapade: Ɔsɔfo Eleasar ne, Nun babarima Yosua.
18 Et vous prendrez par tribu un prince qui tirera au sort la part de la tribu.
Yi abusua biara mu ɔpanyin baako na ɔmmoa nkyekyɛ asase no.
19 Voici les noms de ces princes, pour la tribu de Juda: Caleb, fils de Jéphoné.
“Wɔn din na edidi so yi: “Yefune babarima Kaleb, Yuda abusuakuw ntuanoni;
20 Pour la tribu de Siméon: Samuel, fils d'Ammiud.
Amihud babarima Semuel, Simeon abusuakuw ntuanoni;
21 Pour la tribu de Benjamin: Elidad, fils de Chaselon.
Kislon babarima Elidad, Benyamin abusuakuw ntuanoni;
22 Pour la tribu de Dan: Bocchi, fils de Jogli.
Yogli babarima Buki, Dan abusuakuw ntuanoni;
23 Pour les fils de Joseph, de la tribu de Manassé: Hanniel, fils d'Ephod;
Efod babarima Haniel, Yosef babarima Manase abusuakuw ntuanoni;
24 Pour la tribu d'Ephraïm: Camuel, fils de Sephthan;
Siftan babarima Kemuel, Yosef babarima Efraim abusuakuw ntuanoni;
25 Pour la tribu de Zabulon: Elisaphan, fils de Pharnach.
Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuw ntuanoni;
26 Pour la tribu d'Issachar: Phaltiel, fils d'Ozan.
Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuw ntuanoni;
27 Pour la tribu d'Aser: Ahiud, fils de Salomi.
Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuw ntuanoni;
28 Et pour la tribu de Nephthali: Phédaël, fils d'Ammiudi
Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuw ntuanoni.”
29 Tels furent ceux à qui le Seigneur ordonna de faire les parts des fils d'Israël, en la terre de Chanaan.
Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ agyapade no mu mma Israelfo no wɔ Kanaan asase so no.

< Nombres 34 >