< Josué 20 >

1 Et le Seigneur parla à Josué, disant:
Awurade ka kyerɛɛ Yosua se,
2 Parle aux fils d'Israël, dis-leur: Donnez les villes de refuge que je vous ai dites par Moïse;
“Afei, ka kyerɛ Israelfo no na wonyiyi guankɔbea nkuropɔn no sɛnea mehyɛɛ Mose no.
3 Villes de refuge pour le meurtrier qui involontairement aura frappé à mort; ces villes seront pour vous des refuges, et le meurtrier ne sera point tué par le vengeur du sang, avant d'avoir comparu en jugement devant la synagogue.
Obiara a wanhyɛ da na obekum obi no tumi guan kɔ nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho aguaa, sɛnea owufo no abusuafo no rentumi ntɔ okum no so were.
4
Sɛ onipa a wanhyɛ da na okum obi no du kuropɔn no bi so a, onkohu kuropɔn no mu mpanyimfo wɔ kuropɔn no pon ano na ɔnkyerɛ wɔn nea esii. Ɛsɛ sɛ wɔma ho kwan ma owura kuropɔn no mu, na wɔne no tena.
5
Sɛ owufo no abusuafo ba sɛ wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yi okumfo no ma, efisɛ ɛyɛ esiane.
6
Nanso ɛsɛ sɛ okumfo no tena kuropɔn no mu na ɔmanfo di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ sɛ owudifo no kɔ so tena kurow no mu, efisɛ owu no yɛ asiane. Ɔbɛtena hɔ akosi sɛ ɔsɔfopanyin a ɔwɔ hɔ saa bere no a asɛm no sii no bewu. Ɛno akyi, okumfo no wɔ ho kwan sɛ ɔsan kɔ ne kurom.”
7 Josué désigna donc Cadès, en Galilée, dans les montagnes de Nephthali; Sichem, dans les montagnes d'Ephraïm; la ville d'Arboc, la même qu'Hébron, dans les montagnes de Juda.
Nkuropɔn a edidi so yi na woyiyi yɛɛ hɔ guankɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea wɔ Naftali bepɔw asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔw asase so.
8 Et au delà du Jourdain, il désigna Bosor dans le désert, dans la plaine de la tribu de Ruben; Arémoth, en Galaad, de la tribu de Gad, et, dans le royaume de Basan, Gaulon, de la tribu de Manassé.
Na Asubɔnten Yordan apuei fam nso a etwa mu fi Yeriko no, saa nkuropɔn a edidi so yi na woyiyii sɛ guankɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ sare pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuw de no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuw asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuw no asase.
9 Telles sont les villes qui furent choisies pour les fils d'Israël, et pour le prosélyte résidant parmi eux, afin de servir de refuge à tout homme qui porterait involontairement un coup mortel, et afin qu'il ne pérît pas, de la main du vengeur de sang, avant d'avoir comparu en jugement devant la synagogue.
Eyinom ne nkuropɔn a woyiyi maa Israelfo ne ahɔho a wɔne wɔn te no. Obiara a wamfi ɔboayɛ mu ankum ɔfoforo no, otumi kɔhwehwɛ guankɔbea wɔ saa nkuropɔn yi biara so. Sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so a wɔn a wɔrehwehwɛ aweretɔ no nsa renka awudifo no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfo asennii abeyi wɔn ho ano.

< Josué 20 >