< Isaïe 39 >

1 En ce temps-là, Marodach Baladan, fils de Baladan, roi de Babylone, envoya à Ézéchias des lettres, des messagers et des présents, parce qu'il avait appris sa maladie mortelle et sa guérison.
Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no.
2 Et à cause d'eux Ézéchias fut réjoui, et il leur montra la maison de Nechotha, et l'or, et l'argent, les parfums, les aromates et la myrrhe, puis l'arsenal et ses magasins, enfin tout ce qui se trouvait dans ses trésors. Et il n'y eut rien qu'Ézéchias ne fit voir dans son palais et dans ses domaines.
Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.
3 Mais le prophète Isaïe alla trouver le roi Ézéchias, et il lui dit: Que vous ont dit ces hommes, et d'où sont-ils venus? Ézéchias répondit: Ils sont venus vers moi d'une contrée lointaine, de Babylone.
Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”
4 Et le prophète reprit: Qu'ont-ils vu dans ton palais? Et le roi répondit: Ils ont vu tout ce que mon palais renferme; il n'y a rien que je ne leur aie montré, soit dans mon palais, soit dans mes trésors.
Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
5 Et le prophète Isaïe dit à Ézéchias: Écoute la parole du Seigneur des armées.
Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn:
6 Voilà que les jours approchent où tout ce que renferme ton palais, tous les trésors que tes pères ont amassés jusqu'à ce moment, seront pris et iront à Babylone, et ils n'en laisseront rien; ainsi l'a dit Dieu.
Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ.
7 Quant à tes fils que tu as engendrés, ils les prendront, ils les feront eunuques dans le palais du roi de Babylone.
Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.”
8 Et Ézéchias dit à Isaïe: Juste est la parole que le Seigneur a prononcée; mais que la paix et la justice se maintiennent tous les jours de ma vie.
Hesekia dwenee sɛ ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ wɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa sɛ, “Awurade asɛm a woabɛka yi yɛ asɛm papa.”

< Isaïe 39 >