< Esther 8 >

1 Et, en ce jour-là même, le roi Artaxerxès fit don à Esther de tout ce que possédait Aman l'accusateur; et il appela Mardochée, car la reine lui avait dit leur parenté.
Da no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no agyapade maa Ɔhemmea Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, efisɛ na Ɛster akyerɛ sɛnea ɔne no bɔ abusua fa.
2 Et le roi prit l'anneau qu'il avait ôté à Aman et il le remit à Mardochée; et la reine chargea celui-ci d'administrer les biens d'Aman.
Ɔhene no worɔw kaa a ogye fii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapade so.
3 Et, continuant de parler au roi, elle se jeta à ses pieds, et lui demanda de rendre nuls les mauvais desseins d'Aman, et ce qu'il avait fait contre les Juifs.
Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no se, Haman pɔw a ɔbɔ de tiaa Yudafo no wɔmma wonnyae.
4 Et le roi étendit sur Esther sa verge d'or, et elle fut encouragée à se placer auprès de lui.
Na ɔhene no soo sika ahempema no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti ɔsɔre gyinaa nʼanim
5 Et elle dit: S'il te plaît, si j'ai trouvé grâce, que l'on fasse révoquer les édits qu'a publiés Aman, ordonnant d'exterminer tous les Juifs qui sont en ton royaume.
kae se, “Sɛ mesɔ Ɔhempɔn ani na sɛ osusuw sɛ eye a, hyɛ mmara a etia sɛe a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu no.
6 Car, comment pourrais-je voir la ruine de mon peuple? Comment pourrais-je survivre à la destruction de ma patrie?
Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?”
7 Et le roi dit à Esther: Puisque je t'ai donné tous les biens d'Aman, et que je t'en ai gratifié; puisque je l'ai fait pendre lui-même pour avoir porté les mains sur les Juifs, que demandes-tu encore?
Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmea Ɛster ne Yudani Mordekai se, “Mede Haman agyapade ama Ɛster, na wɔasɛn no wɔ dua so, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafo.
8 Écrivez vous-mêmes en mon nom ce qu'il vous plaira, et scellez-le avec mon anneau; car nul ne peut contredire ce qui est écrit par l'ordre du roi, et revêtu de son scel.
Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.”
9 Les scribes furent donc convoqués le vingt-trois du premier mois, du mois de nisan, de la même année, et l'on écrivit ce qui était ordonné, concernant les Juifs, aux intendants et aux chefs des satrapes des cent vingt-sept provinces, depuis l'Inde jusqu'à l'Éthiopie, en la langue de chacune d'elles.
Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho.
10 On écrivit au nom du roi, et on scella de son sceau les lettres, et on les expédia par des courriers.
Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene no kaa sɔw ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfo ahoɔharefo a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene som no so.
11 Elles prescrivaient de permettre aux Juifs, en chaque ville, de vivre selon leur loi, de leur porter secours, et de mettre à leur merci leurs ennemis et ceux qui résisteraient,
Ɔhene no mmara no maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ ɔman anaa ɔmantam biara a ebetu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ wokunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fow wɔn atamfo no agyapade.
12 Dans le royaume d'Artaxerxès, le treizième jour du douzième mois qui est adar.
Da pɔtee a wotu sii hɔ maa nneyɛe yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason wɔ afe a na wɔrebesi mu no mu.
13 Et que l'on affiche cette copie en des places apparentes dans tout le royaume, et que, le jour indiqué, les Juifs se tiennent prêts à combattre leurs ennemis.
Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfo nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafo no besiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfo so were.
14 Les courriers se hâtèrent de partir pour porter les ordres du roi, et l'édit fut affiché dans Suse.
Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu.
15 Et Mardochée sortit, revêtu d'une robe royale, ayant une couronne d'or et un diadème pourpre du lin le plus fin; et le peuple de Suse, l'ayant vu, se réjouit.
Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa.
16 Et, pour les Juifs, il y eut lumière et allégresse
Anigye ne ahosɛpɛw hyɛɛ Yudafo no ma, na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam wɔ baabiara.
17 En toute ville et province où l'on afficha l'édit et où il fut proclamé, ils firent des réjouissances et se donnèrent des repas. Et, parmi les gentils, beaucoup se circoncirent et judaïsèrent par crainte des Juifs.
Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no dui no, Yudafo no sɛpɛw wɔn ho, hyɛɛ fa kɛse na wodii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafo, efisɛ na wosuro nea Yudafo no bɛyɛ wɔn.

< Esther 8 >