< 2 Samuel 5 >
1 Toutes les tribus d'Israël allèrent ensuite trouver David à Hébron, et elles lui dirent: Vois, nous sommes tes os et ta chair.
Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.
2 Précédemment, quand Saül régnait encore sur nous, c'est toi qui conduisais et qui ramenais Israël. Et le Seigneur t'avait dit: Tu seras le pasteur du peuple d'Israël, tu seras le chef de mon peuple.
Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’”
3 Tous les anciens d'Israël allèrent aussi en Hébron auprès du roi; et David fit alliance avec eux devant le Seigneur en Hébron, et ils sacrèrent David roi de tout Israël.
Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
4 David avait trente ans quand il commença de régner, et il régna quarante ans.
Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan.
5 Il régna sept ans et demi à Hébron sur Juda, et trente-trois ans à Jérusalem sur Israël et Juda.
Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa.
6 David avec son armée marcha contre Jérusalem et les Jébuséens qui l'habitaient. Or, on dit à David: Tu n'entreras pas là, car les aveugles et les boiteux s'y sont opposés, disant: David n'entrera pas ici.
Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ.
7 David enleva, de prime abord, Sion la citadelle; la même que la ville de David.
Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
8 Et, ce jour-là, David dit: Que tous ceux qui frapperont les Jébuséens les poignardent, ainsi que les aveugles et les boiteux, et les ennemis de David. De là vient le proverbe: Les aveugles et les boiteux n'entreront pas dans la maison du Seigneur.
Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie.
9 David s'établit dans la forteresse, et elle fut appelée la ville de David. Il bâtit la ville même au pied de la citadelle tout alentour, et il bâtit sa demeure.
Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu.
10 David allait ainsi grandissant, et le Seigneur tout-puissant était avec lui.
Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade Onyankopɔn ka ne ho.
11 Et Hiram, roi de Tyr, envoya à David des messagers, des bois de cèdre, des charpentiers, des tailleurs de pierre, et ils bâtirent la maison de David.
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.
12 Et David reconnut que le Seigneur l'avait préparé pour être roi d'Israël, et que sa royauté était exaltée pour le bien-être de tout le peuple d'Israël.
Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ.
13 Il prit encore des femmes et des concubines de Jérusalem, lorsqu'il y fut venu d'Hébron. Et il eut encore des fils et des filles.
Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree.
14 Voici les noms de ceux qui naquirent à Jérusalem: Samua, Sobab, Nathan, Salomon,
Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo
15 Ebéhar, Elisué, Naphé, Japhia,
Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia
16 Elisama, Elidaé, Eliphalath, Samaé, Jessibath, Nathan, Galamaan, Jébahar, Theïsus, Eliphalat, Naged, Naphec, Janathas, Leasamys, Baalimath et Eliphaath.
Elisama, Eliada ne Elifelet.
17 Cependant, les Philistins apprirent que David avait été sacré roi d'Israël, et ils se levèrent tous pour l'aller prendre. David en fut informé, et il se renferma dans la citadelle.
Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wɔbɛnya no akye no. Na Dawid teeɛ no, ɔno nso kɔɔ ne banbɔeɛm.
18 Les Philistins s'avancèrent, et ils se réunirent dans le val des Géants.
Afei, Filistifoɔ no bɛduruu Refaim bɔnhwa mu, na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ho mu wɔ hɔ.
19 Et David consulta le Seigneur, disant: Dois-je marcher contre les Philistins? me les livrerez-vous? Et le Seigneur répondit à David: Marche, car je te les livrerai.
Enti, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Wobɛdane wɔn ahyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, kɔ na mɛdane Filistifoɔ no ahyɛ wo nsa.”
20 Et David vint au lieu appelé Brisement d'en haut, et il battit les Philistins en ce lieu, et il s'écria: Le Seigneur a brisé devant moi nos ennemis, comme brisent les eaux des torrents. A cause de cela, ce lieu a reçu le nom de Brisement d'en haut.
Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim.
21 Et les Philistins abandonnèrent là leurs dieux, et David avec son armée s'en empara.
Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ.
22 Puis, les Philistins se remirent en campagne, et ils se réunirent encore dans le val des Géants.
Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho,
23 Alors, David consulta le Seigneur, et le Seigneur lui dit: Ne les attaque pas, fais un détour, et tu te mettras en défense près du Champ des Pleurs.
enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.
24 Et ceci arrivera: Lorsque tu entendras, dans le bois du Champ des Pleurs, des voix comme de gens qui y seraient renfermés, tu engageras la bataille; car le Seigneur marchera devant toi pour que tu tailles en pièces les Philistins.
Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.”
25 David fit ce que lui avait prescrit le Seigneur, et il tailla en pièces les Philistins depuis Gabaon jusqu'au territoire de Gazera.
Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.