< 2 Rois 2 >

1 Or, dans le temps que le Seigneur ravit Elie, comme au ciel au milieu d'un tourbillon, Elie et Elisée sortirent de Galgala.
Bere a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so.
2 Et Elie dit à Elisée: Reste ici, car Dieu veut que j'aille jusqu'à Béthel. Elisée répondit: Vive le Seigneur, et vive ton 'âme, je ne te quitterai pas. Ils entrèrent donc à Béthel.
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El.
3 Et les fils des prophètes qui étaient à Béthel, s'approchèrent d'Elisée, et ils lui dirent: Ne sais-tu pas qu'aujourd'hui le Seigneur doit ravir ton maître au-dessus de ta tête? Il répondit Oui, je le sais, gardez le silence.
Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?” Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.”
4 Elie dit ensuite à Elisée: Reste ici, car Dieu veut que j'aille jusqu'à Jéricho. Et il répondit: Vive le Seigneur, et vive ton âme! je ne te quitterai pas. Ils entrèrent donc à Jéricho.
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.” Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko.
5 Et les fils des prophètes qui étaient à Jéricho s'approchèrent d'Elisée, et ils lui dirent Ne sais-tu pas qu'aujourd'hui le Seigneur doit ravir ton maître au-dessus de ta tête? Il répondit: Oui, je le sais, gardez le silence.
Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?” Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.”
6 Elie lui dit ensuite: Reste ici, le Seigneur veut que j'aille jusqu'au Jourdain. Elisée répondit: Vive le Seigneur et vive ton âme! je ne te quitterai point. Ils marchèrent donc tous les deux.
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe.
7 Or, il y avait au loin, vis-à-vis d'eux, cinquante fils des prophètes, et ils s'arrêtèrent l'un et l'autre aux bords du fleuve.
Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no.
8 Et Elie prit sa peau de brebis, la fit tourner, et en frappa l'eau du fleuve: et l'eau se sépara à leur droite et à leur gauche; ils passèrent tous les deux, et ils s'en furent dans le désert.
Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae.
9 Pendant qu'ils traversaient le Jourdain, Elie dit à Elisée: Demande ce que je ferai pour toi avant d'être ravi loin de toi. Elisée répondit: Que j'aie part à ton double esprit.
Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”
10 Elie reprit: Tu as demandé une chose difficile: si tu me vois quand je serai ravi d'auprès de toi, il en sera pour toi ainsi; sinon, cela ne sera pas.
Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.”
11 Ils parlaient ainsi en marchant, et voilà qu'un char de feu et des chevaux de feu les séparèrent l'un de l'autre; puis, Elie fut ravi dans un tourbillon comme au ciel.
Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.
12 Et Elisée le vit, et il cria: Père, père, char et conducteur d'Israël. Bientôt il ne le vit plus; et il saisit ses vêtements, et il les déchira en deux lambeaux.
Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien.
13 Ensuite, Elisée ramassa la peau de brebis qui était tombée de dessus Elie, et s'en retourna. Il s'arrêta aux bords du Jourdain.
Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so.
14 Et il prit la peau de brebis qui était tombée de dessus Elie, en frappa l'eau du fleuve, et dit: Où est maintenant le Dieu d'Elfe? Et il frappa les eaux, qui s'ouvrirent à droite et à gauche, et Elisée passa.
Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “Awurade, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu.
15 Les fils des prophètes qui étaient à Jéricho, sur la rive opposée, le virent alors arriver, et dirent: L'esprit d'Elie est resté sur Elisée. Et ils allèrent à sa rencontre, et se prosternèrent devant lui la face contre terre.
Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no.
16 Puis, ils lui dirent: Il y a avec tes serviteurs cinquante hommes vaillants; qu'ils partent, qu'ils s'informent de ton maître; est-ce que l'Esprit du Seigneur l'a ravi, et l'a jeté dans le Jourdain ou sur l'une des montagnes, ou sur l'une des collines? Mais Elisée répondit: N'envoyez pas.
Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.” Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.”
17 Ils le pressèrent tant qu'il en eut honte, il dit enfin: Envoyez; en conséquence, ils firent partir cinquante hommes qui cherchèrent trois jours, et ne trouvèrent point Elie.
Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia.
18 Ils revinrent auprès d'Elisée, car il s'était établi à Jéricho, et il leur dit: Ne vous avais-je point dit: Ne partez pas.
Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”
19 Or, les hommes de la ville dirent à Elisée: Voilà que la ville est bien située comme celles que regarde le Seigneur, mais les eaux y sont mauvaises et la terre est stérile.
Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.”
20 Et Elisée dit: Prenez-moi une cruche neuve et mettez-y du sel. Ils prirent donc une cruche, et la lui apportèrent.
Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae.
21 Ensuite, Elisée alla à la source, y versa le sel, et dit: Voici ce que dit le Seigneur: J'ai assaini ces eaux; il n'y aura plus ici ni mortalité ni stérilité.
Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na Awurade se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.”
22 Et les eaux sont restées saines jusqu'à nos jours, selon la parole qu'avait dite Elisée.
Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no.
23 De là, il monta à Béthel, et comme il marchait dans le chemin, de petits enfants sortirent de la ville, le raillèrent, et lui dirent: Monte, chauve, monte.
Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!”
24 Il se retourna, les vit, et les maudit au nom du Seigneur; or, voilà que deux ours s'élancèrent de la forêt, et mirent en pièces quarante-deux de ces enfants.
Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien.
25 De là, il alla au mont Carmel, puis il retourna à Samarie.
Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.

< 2 Rois 2 >