< Zacharie 6 >

1 De nouveau, je levai les yeux pour regarder, et voici que quatre chars sortaient d’entre les deux montagnes; or, ces montagnes étaient des montagnes d’airain.
Memaa mʼani so bio, na mehunuu nteaseɛnam ɛnan a ɛfiri mmepɔ mmienu ntam reba, mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ.
2 Au premier char il y avait des chevaux roux, au second char des chevaux noirs;
Teaseɛnam a ɛdi ɛkan no, na apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛtwe, na apɔnkɔ tuntum nso twe deɛ ɛtɔ so mmienu no.
3 au troisième char des chevaux blancs et au quatrième char des chevaux tachetés brun.
Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no, na apɔnkɔ fitaa na ɛtwe. Deɛ ɛto so ɛnan no, na apɔnkɔ ntokontrama na ɛtwe, na apɔnkɔ no nyinaa ho yɛ den.
4 Je pris la parole et dis à l’ange qui conversait avec moi: "Que représentent ceux-là, seigneur?"
Mebisaa ɔbɔfoɔ a na ɔne me rekasa no sɛ, “Me wura, yeinom yɛ ɛdeɛn?”
5 L’Ange répliqua en me disant: "Ce sont les quatre vents du ciel qui sortent, après s’être présentés devant le Maître de toute la terre."
Ɔbɔfoɔ no buaa me sɛ, “Yeinom yɛ ahonhom ɛnan a wɔfiri soro, na wɔrefiri ewiase nyinaa Awurade no anim akɔ.
6 Pour ce qui est du char où sont les chevaux noirs, ils prirent leur course vers le pays du Nord, les blancs suivirent leurs traces; quant aux tachetés, ils s’en allèrent vers le pays du Sud.
Teaseɛnam a apɔnkɔ tuntum retwe no rekɔ ɔman a ɛwɔ atifi fam no so. Teaseɛnam a apɔnkɔ fitaa retwe no rekɔ atɔeɛ fam; na deɛ apɔnkɔ ntokontrama twe no rekɔ anafoɔ fam.”
7 Et les bruns sortirent à leur tour, demandant à aller parcourir la terre. Et il dit: "Allez et parcourez la terre!" Et ils se mirent à parcourir la terre.
Apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no firii adi no, wɔpɛɛ sɛ wɔkɔ asase nyinaa so. Na ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Monkɔ asase nyinaa so!” Enti wɔkɔɔ asase so mmaa nyinaa.
8 Puis, il m’apostropha et me parla en ces termes: "Vois, ceux qui s’en vont vers le pays du Nord, apaisent mon esprit dans le pays du Nord."
Afei, ɔfrɛɛ me sɛ, “Hwɛ, wɔn a wɔrekɔ atifi fam ɔman so no ama me Honhom ahomegyeɛ wɔ atifi fam asase no so.”
9 La parole de l’Eternel me fut adressée en ces termes:
Awurade asɛm baa me nkyɛn. Ɔkaa sɛ,
10 "Accepte de la part de ceux qui sont en exil les dons apportés par Heldaï, Tobia et Jedaïa et va, ce même jour, te rendre dans la maison de Josia, fils de Cefania, où ils sont arrivés de Babylone.
“Gye sikakɔkɔɔ ne dwetɛ firi atukɔfoɔ, Heldai, Tobia ne Yedaia a wɔfiri Babilonia aba no nkyɛn. Ɛda no ara kɔ Sefania babarima Yosia fie.
11 Tu prendras de l’argent et de l’or, tu en feras des couronnes, que tu poseras sur la tête de Josué, fils de Joçadak, le grand-prêtre.
Gye dwetɛ ne sikakɔkɔɔ na fa yɛ ahenkyɛ, hyɛ ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak babarima no ti.
12 Et tu lui diras ces mots: Ainsi parle l’Eternel-Cebaot: Voici un homme dont le nom est "Rejeton" et il germera de sa place pour bâtir le temple de l’Eternel.
Ka kyerɛ no sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Ɔbarima a wɔfrɛ no Dubaa no nie, na ɔbɛfefɛ afiri hɔ akɔsi Awurade asɔredan no.
13 Oui, c’est lui qui bâtira le temple de l’Eternel, il en retirera de la gloire et il s’asseoira et règnera sur son trône; un prêtre sera près de son trône, et il y aura une entente pacifique entre eux.
Ɔno na ɔbɛsi Awurade asɔredan no, na wɔbɛhyɛ no animuonyam, na ɔbɛtena nʼahennwa so adi ne ɔhene, na ɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ wɔ nʼahennwa so. Afei asomdwoeɛ bɛba mmienu no ntam.’
14 Les couronnes seront conservées dans le temple de l’Eternel, comme mémorial à l’intention de Hèlem, Tobia et Jedaïa, et comme signe d’honneur pour le fils de Cefania.
Wɔde ahenkyɛ no bɛma Heldai, Tobia, Yedaia ne Sefania babarima Hen, na wɔde ayɛ nkae adeɛ wɔ Awurade asɔredan mu.
15 Et on viendra de loin pour prendre part à la construction du temple de l’Eternel, et vous reconnaîtrez que c’est l’Eternel-Cebaot qui m’a délégué auprès de vous. Cela s’accomplira, si vous obéissez ponctuellement à la voix de l’Eternel, votre Dieu."
Wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no bɛba abɛboa Awurade asɔredan no si, na mobɛhunu sɛ Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn. Sɛ moyɛ ɔsetie ma Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ mu a, yei bɛba mu.”

< Zacharie 6 >