< Psaumes 118 >

1 Rendez hommage au Seigneur, car il est bon, car sa grâce est éternelle.
Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ, na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.
2 Qu’ainsi donc dise Israël, car sa grâce est éternelle;
Momma Israel nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
3 qu’ainsi dise la maison d’Aaron, car sa grâce est éternelle;
Momma Aaron fie nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
4 qu’ainsi disent ceux qui révèrent le Seigneur, car sa grâce est éternelle.
Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ, “Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”
5 Du fond de ma détresse j’ai invoqué l’Eternel: il m’a répondu en me mettant au large.
Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade; ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.
6 L’Eternel est avec moi, je ne crains rien: les hommes, que pourraient-ils contre moi?
Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro. Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?
7 L’Eternel est pour moi, avec ceux qui m’assistent; aussi me repaîtrai-je de la vue de mes haïsseurs.
Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ. Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.
8 Mieux vaut s’abriter en l’Eternel que de mettre sa confiance dans les hommes.
Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.
9 Mieux vaut s’abriter en l’Eternel que de mettre sa confiance dans les grands.
Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.
10 Que tous les peuples m’enveloppent: au nom du Seigneur, je les taille en pièces.
Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ, nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.
11 Qu’ils m’entourent, qu’ils me cernent de toutes parts: au nom du Seigneur, je les taille en pièces.
Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara, nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.
12 Qu’ils m’entourent comme des abeilles, soient brûlants comme un feu de broussailles: au nom du Seigneur, je les taille en pièces.
Wɔkyere guu me so sɛ nwowa, nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu; Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.
13 On m’a violemment poussé pour me faire tomber, mais l’Eternel m’a prêté assistance.
Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase, nanso Awurade boaa me.
14 Il est ma force et ma gloire, l’Eternel il a été un sauveur pour moi.
Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom; wayɛ me nkwagyeɛ.
15 Le son des chants de joie et de salut retentit dans les tentes des justes: la droite de l’Eternel procure la victoire.
Osebɔ ne nkonimdie gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ, “Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!
16 La droite de l’Eternel est sublime: la droite de l’Eternel procure la victoire.
Wɔapagya Awurade nsa nifa so; Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”
17 Je ne mourrai point, mais je vivrai, pour proclamer les œuvres du Seigneur.
Merenwu, mmom mɛtena ase na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.
18 Dieu m’avait durement éprouvé, mais il ne m’a point livré en proie à la mort.
Awurade atwe mʼaso denden, nanso ɔnnyaa me mmaa owuo.
19 Ouvrez-moi les portes du salut, je veux les franchir, rendre hommage au Seigneur.
Bue tenenee apono ma me; na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.
20 Voici la porte de l’Eternel, les justes la franchiront!
Awurade ɛpono nie; ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu.
21 Je te rends grâce pour m’avoir exaucé, tu as été mon sauveur.
Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so; na woayɛ me nkwagyeɛ.
22 La pierre qu’ont dédaignée les architectes, elle est devenue la plus précieuse des pierres d’angle.
Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no, abɛyɛ tweatiboɔ.
23 C’Est l’Eternel qui l’a voulu ainsi, cela paraît merveilleux à nos yeux.
Awurade na ayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.
24 Ce jour, le Seigneur l’a préparé, consacrons-le par notre joie, par notre allégresse.
Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ. Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.
25 De grâce, Eternel, secours-nous; de grâce, Eternel, donne-nous le succès.
Ao Awurade, gye yɛn nkwa; Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ.
26 Béni soit celui qui vient au nom de l’Eternel! nous vous saluons du fond de la maison de l’Eternel.
Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba. Yɛhyira wo firi Awurade fie.
27 L’Eternel est le Dieu tout-puissant, il nous éclaire de sa lumière. Attachez la victime par des liens tout contre les angles de l’autel.
Awurade yɛ Onyankopɔn, na wama ne hann ahyerɛn yɛn so. Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.
28 Tu es mon Dieu, je te rends hommage, mon Dieu, je veux t’exalter.
Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase; wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.
29 Rendez hommage au Seigneur, car il est bon, car sa grâce dure éternellement.
Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

< Psaumes 118 >