< Habacuc 2 >

1 Je veux me tenir à mon poste d’observation, je veux me placer sur le fort du guetteur pour regarder au loin et voir ce que Dieu me dira et ce que je pourrai répliquer au sujet de ma récrimination.
Mɛgyina mʼahwɛeɛ na mawɛn. Mɛbɔ nsra na mahwɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ me, ne mʼanoyie a mede bɛma nkurobɔ yi.
2 Le Seigneur me répondit et dit: "Mets par écrit la vision, grave-la distinctement sur les tablettes, afin qu’on puisse la lire couramment.
Afei, Awurade buaa sɛ, “Twerɛ adiyie yi wɔ abopono so ma emu nna hɔ pefee ama ɔkenkanfoɔ ate aseɛ.
3 Car encore que cette vision ne doive s’accomplir qu’au temps fixé, elle se hâte vers son terme, et elle ne mentira pas; si elle diffère, attends-la avec confiance, car certes elle se réalisera sans trop tarder.
Adiyisɛm no retwɛn hyɛberɛ bi; ɛka awieeɛ ho asɛm na ɛbɛba mu. Ɛwom sɛ ɛrekyɛre deɛ, nanso twɛn, ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu.
4 Vois! elle est enflée d’orgueil, son âme; elle n’a aucune droiture, mais le juste vivra par sa ferme loyauté!
“Hwɛ, wama ne ho so; nʼapɛdeɛ ntene, nanso ɔteneneeni firi gyidie mu bɛnya nkwa.
5 En vérité, comme le vin est perfide, ainsi l’homme arrogant qui ne demeure point en repos; qui ouvre une bouche large comme le Cheol et, comme la mort, n’est jamais rassasié. Autour de lui, il agglomère tous les peuples, il rassemble toutes les nations. (Sheol h7585)
Nokorɛm, nsã ayi no ama wayɛ ahantan na ɔnni ahotɔ. Esiane sɛ ɔyɛ adifudepɛ sɛ damena na ɔte sɛ owuo a hwee mmee no enti ɔfom aman no nyinaa na ɔfa amanfoɔ no nyinaa nnommum. (Sheol h7585)
6 Eh bien! ceux-ci, tous ensemble, ne feront-ils pas des satires contre lui, des épigrammes et des énigmes piquantes à son adresse? On dira: "Malheur à qui accapare le bien d’autrui! (Jusques à quand?) Malheur à qui accumule sur sa tête le poids de gages usuraires!
“Nnommumfoɔ yi nyinaa bɛdi ne ho fɛ asere no aka sɛ, “‘Nnome nka deɛ ɔboaboa korɔnodeɛ ano, na ɔnam apoobɔ so nya ne ho! Yei nkɔ so nkɔsi da bɛn?’
7 Ah! Ne se lèveront-ils pas soudain, tes créanciers! Ne se réveilleront-ils pas, tes bourreaux? A ton tour, tu seras leur proie!
Wɔn a wode wɔn ka no bɛsɔre mpofirim so. Wɔbɛsɔre ama wo ho apopo na wɔbɛtwi afa wo so.
8 Car de même que tu as dépouillé, toi, des peuples nombreux, toutes les autres nations te dépouilleront à cause du sang humain que tu as versé, des cruautés qu’ont subies les pays, les cités et ceux qui les habitent.
Esiane sɛ woafo aman bebree enti, wɔn a wɔaka no bɛfo wo bi. Ɛfiri sɛ woahwie nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne wɔn a wɔtete mu.
9 Malheur à qui amasse pour sa maison un bien mal acquis, et rêve d’établir son nid sur les hauteurs, pour échapper aux coups de l’adversité!
“Nnome nka deɛ ɔde korɔnodeɛ kyekyere ne ɔman, a ɔyɛ ne pirebuo wɔ sorɔnsorɔmmea, sɛdeɛ ɔbɛyi ne ho afiri ɔsɛeɛ mu.
10 Tu as décrété la honte de ta maison! En fauchant des peuples nombreux, tu t’es condamné toi-même.
Woatu nnipa bebree sɛeɛ ho agyina, de agu wo fie anim ase, na wode wo nkwa atwa so.
11 Oui, la pierre dans le mur crie contre toi, et le chevron, dans la charpente, lui donne la réplique.
Aboɔ a ɛhyehyɛ afie afasuo mu no bɛteam na ɛbɛgyegye wɔ mpunan a wɔahyehyɛ no mu.
12 Malheur à qui bâtit une ville avec le sang, et fonde une cité sur l’iniquité!
“Nnome nka deɛ ɔnam mogya hwieguo so kyekyere kuropɔn na ɔnam awudie so kyekyere kuro.
13 Ah! voici, cela émane de l’Eternel-Cebaot: que les peuples travaillent pour le feu et les nations s’exténuent au profit du néant!
Asafo Awurade ahyɛ sɛ, nnipa no adwumayɛ bɛyɛ ogya a wɔhye. Aman no brɛ gu kwa.
14 Car la terre sera pleine de la connaissance de la gloire de Dieu, comme l’eau abonde dans le lit des mers.
Na Awurade animuonyam ho nimdeɛ bɛhyɛ asase nyinaa ma, sɛdeɛ nsuo hyɛ ɛpo ma no.
15 Malheur à toi qui forces tes semblables à boire, qui leur verses des rasades de vin et provoques leur ivresse, pour pouvoir contempler leur nudité!
“Due! Wo a woma wo mfɛfoɔ nsã, Wohwie ma wɔnom kɔsi sɛ wɔbɛboro, na afei woahwɛ wɔn adagya.
16 Tu seras gorgé, toi, de plus d’ignominie que d’honneur. A ton tour de boire et de dévoiler ta honte! Le calice de la droite de l’Eternel va passer à toi: ce sera un amas d’infamie recouvrant ta gloire.
Worennya animuonyam biara. Wʼani bɛwu. Afei aduru wo so. Nom na tɔ ntintan. Kuruwa a ɛfiri Awurade nsa nifa reba wo so, Aniwuo bɛkata wʼanimuonyam so
17 Oui, tu seras enveloppé par la violence des hôtes du Liban et terrifié par la férocité des fauves à cause du sang humain que tu as versé, des cruautés qu’ont subies les pays, les cités et ceux qui les habitent.
Awurukasɛm a wode adi Lebanon no bɛmene wo, ɔsɛeɛ a wosɛee mmoa nso bɛbɔ wo hu. Woaka nnipa mogya agu; woasɛe nsase, nkuropɔn ne nnipa a wɔwɔ mu.
18 Quel profit attendre de l’image sculptée par l’artisan? De la statue de fonte, de ces guides mensongers? Comment leur auteur peut-il assez mettre sa confiance en eux pour fabriquer des dieux muets?
“Ɛdeɛn mfasodeɛ na monya firi ahoni a onipa ayɛ mu? Anaa nsɛsodeɛ a ɛkyerɛkyerɛ atorɔ? Deɛ ɔyɛ ohoni no de ne ho to ɔno ankasa nsa ano adwuma so; na ɔyɛ anyame a wɔntumi nkasa.
19 Malheur à celui qui dit à un morceau de bois: "Eveille-toi!" à la pierre inerte: "Lève-toi!" Sont-ce là des guides? Vois! L’Idole est plaquée d’or et d’argent, mais aucun souffle n’est en elle!
Nnome nka deɛ ɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Nya nkwa!’ Anaa ɔka kyerɛ ɛboɔ a ɛnni nkwa sɛ, ‘Nyane!’ Ɛbɛtumi ama akwankyerɛ? Wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adura ho; nanso ahomeɛ nni mu.”
20 Quant à l’Eternel, il trône dans son saint Palais: que toute la terre fasse silence devant lui!"
Nanso Awurade wɔ nʼasɔrefie kronkron mu. Momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ nʼanim.

< Habacuc 2 >