< Genèse 38 >
1 II arriva, en ce temps là, que Juda s’éloigna de ses frères et s’achemina vers un habitant d’Adoullam, nommé Hira.
Ɛbaa sɛ saa ɛberɛ no ara mu, Yuda tu firii ne nuammarimanom no nkyɛn ne Adulamni ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hira kɔtenaeɛ.
2 Là, Juda vit la fille d’un Cananéen, appelé Choua; il l’épousa et s’approcha d’elle.
Ɛhɔ na Yuda kɔhyiaa Kanaanni ɔbaa bi a ɔyɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Sua no babaa. Yuda waree Sua babaa no.
3 Elle conçut et enfanta un fils, à qui il donna le nom d’Ér.
Sua babaa no nyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima, na wɔtoo no edin Er.
4 Elle conçut encore et eut un fils et elle lui donna le nom d’Onàn.
Sua babaa no sane nyinsɛneeɛ woo ɔbabarima bio. Wɔtoo abɔfra no edin Onan.
5 De nouveau elle enfanta un fils et elle le nomma Chéla. II était à Kezib lorsqu’elle l’enfanta.
Sua babaa no nyinsɛneeɛ ne mprɛnsa so wɔ Kesib, woo ɔbabarima bio. Saa abarimaa no nso, wɔtoo no edin Sela.
6 Juda choisit une épouse à Ér, son premier né; elle se nommait Thamar.
Ɛberɛ a Yuda abakan Er nyiniiɛ no, wɔwaree ababaawa bi a wɔfrɛ no Tamar maa no.
7 Ér, le premier né de Juda, ayant déplu au Seigneur, le Seigneur le fit mourir.
Esiane sɛ na Yuda abakan Er yɛ omumuyɛfoɔ wɔ Awurade anim no enti, Awurade kumm no.
8 Alors Juda dit à Onàn: "Épouse la femme de ton frère en vertu du lévirat, afin de constituer une postérité à ton frère."
Er wuo akyiri no, Yuda ka kyerɛɛ Er akyiri ba Onan sɛ, “Ɛsɛ sɛ woware okunafoɔ Tamar, sɛdeɛ yɛn amanneɛ te no, na sɛ wo ne no wo a, mma no ayɛ wo nua no adedifoɔ.”
9 Onân comprit que cette postérité ne serait pas la sienne; et alors, chaque fois qu’il approchait de la femme de son frère, il corrompait sa voie, afin de ne pas donner de postérité à son frère.
Esiane sɛ na Onan mpɛ sɛ ɔbɛwo akyɛ a mmɔfra no renyɛ nʼankasa mma enti, sɛ ɔne okunafoɔ Tamar kɔda a, ɔmma nʼahobaa no ngu ɔbaa no mu. Mmom, ɔma no gu fam sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrenwo ɔba a ɛbɛyɛ ne nua owufoɔ no deɛ.
10 Sa conduite déplut au Seigneur, qui le fit mourir de même.
Esiane sɛ deɛ ɔyɛeɛ no nsɔ Awurade ani, sɛ ɔmpɛ sɛ ɔwo ba ma ne nua owufoɔ no enti, ɔno nso, ɔkumm no.
11 Et Juda dit à Thamar, sa belle fille: "Demeure veuve dans la maison de ton père, jusqu’à ce que mon fils Chéla soit plus grand," car il craignait qu’il ne meure, lui aussi, comme ses frères. Et Thamar s’en alla demeurer dans la maison de son père.
Afei, Yuda ka kyerɛɛ nʼase okunafoɔ Tamar sɛ, “Tu na kɔtena wʼagya fie sɛ okunafoɔ kɔsi sɛ me babarima Sala bɛnyini.” Na ɔsuro sɛ, Sela nso bɛwu, sɛdeɛ ne nuanom mpanimfoɔ Er ne Onan wuwuiɛ no. Enti, Tamar tu kɔtenaa nʼagya fie hɔ.
12 Longtemps après mourut la fille de Choua, femme de Juda. Quand Juda se fut consolé, il alla surveiller la tonte de ses brebis, avec Hira son ami l’Adoullamite, à Timna.
Ɛwɔ hɔ ara na Yuda yere a ɔyɛ Sua babaa no nso wuiɛ. Ɛberɛ a wɔyii Yuda firii kuna mu no, ɔkɔɔ ne nnwanhotwitwafoɔ nkyɛn wɔ Timna. Ɔrekɔ no, ɔne nʼadamfo Adulamni Hira na ɛkɔeɛ.
13 On informa Thamar en ces termes: "Ton beau père monte en ce moment à Timna pour tondre ses brebis."
Obi bɛbɔɔ Tamar amaneɛ sɛ, “Wʼase Yuda rebɛtwam akɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi.”
14 Elle quitta ses vêtements de veuve, prit un voile et s’en couvrit; et elle s’assit au carrefour des Deux Sources, qui est sur le chemin de Timna. Car elle voyait que Chéla avait grandi et qu’elle ne lui avait pas été donnée pour épouse.
Enti, Tamar yii ne kuna ntadeɛ no guu hɔ. Ɔfaa nkatanimu kataa nʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara nhunu sɛ ɛyɛ ɔno Tamar. Afei, ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna ɛkwan so. Ɛfiri sɛ, ɔhunuu sɛ Sela anyini deɛ, nanso na Yuda mmaa ne babarima no kwan mmaa ɔmmɛwaree no.
15 Juda, l’ayant aperçue, la prit pour une prostituée; car elle avait voilé son visage.
Ɛberɛ a Yuda hunuu Tamar no, na ɔdwene sɛ ɔyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi, ɛfiri sɛ, na wakata nʼanim.
16 II se dirigea de son côté et lui dit: "Laisse moi te posséder." Car il ignorait que ce fût sa belle fille. Elle répondit: "Que me donneras-tu pour me posséder?"
Yuda kɔɔ Tamar nkyɛn wɔ ɛkwankyɛn hɔ a, na ɔnnim sɛ ɔyɛ nʼase. Yuda ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnkɔ seesei ara na me ne wo nkɔda.” Tamar bisaa no sɛ, “Sɛ me ne wo kɔda a, wobɛma me ɛdeɛn?”
17 II répliqua: "Je t’enverrai un chevreau de mon troupeau." Et elle dit: "Bien, si tu me donnes un gage en attendant cet envoi."
Yuda buaa sɛ, “Mɛma wɔde ɔpapo afiri me nnwankuo no mu abrɛ wo.” Tamar bisaa no bio sɛ, “Ansa na wode ɔpapo no bɛba no, ɛdeɛn na wode bɛdi wo ho agyinamu?”
18 II reprit: "Quel gage te donnerai-je?" Elle répondit: "Ton sceau, ton cordon et le bâton que tu as à la main." II les lui donna, il approcha d’elle et elle conçut de son fait.
Yuda nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn adeɛ na wopɛ sɛ mede di me ho agyinamu?” Tamar buaa sɛ, “Deɛ fa di wo ho agyinamu ne wo nsa so kawa ne nʼahoma ne saa poma a ɛkura wo yi.” Enti, Yuda de saa nneɛma yi nyinaa maa Tamar ne no kɔdaeɛ, ma ɔnyinsɛneeɛ.
19 Elle se leva et partit; elle quitta son voile et reprit les vêtements de son veuvage.
Tamar firii hɔ akyiri no, ɔkɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, sane faa ne kunatam firaeɛ.
20 Juda envoya le chevreau par l’entremise de son ami l’Adoullamite, pour retirer le gage des mains de cette femme; il ne la trouva point.
Yuda de ɔpapo no maa nʼadamfo Adulamni no sɛ, ɔmfa nkɔma ɔbaa no, na ɔnnye nneɛma a ɔde dii ne ho agyinamu no mmrɛ no no, wanhu no. Enti, Adulamni no
21 II questionna les gens de l’endroit, disant: "Où est la prostituée qui se tient aux Deux Sources, sur le chemin?" Ils répondirent: "II n’y a point de prostituée ici."
bisaa kurom hɔfoɔ no sɛ, “Ɛhe na hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ a na ɔte Enaim kwankyɛn frɛfrɛ mmarima no wɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛnni hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara wɔ ha.”
22 II retourna auprès de Juda et dit: "Je ne l’ai pas trouvée; et même les habitants de l’endroit ont dit qu’il n’y avait point là de prostituée."
Enti, ɔsane kɔɔ Yuda hɔ, kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Manhunu no. Ɛnna kurom hɔfoɔ nso kaa sɛ, ‘Hyiadan mu ɔbaa odwamanfoɔ biara nni ha.’”
23 Et Juda dit: "Qu’elle garde ce qu’elle a et que nous n’ayons pas à rougir; car enfin, j’ai envoyé ce chevreau et tu n’as pu la trouver."
Yuda nso kaa sɛ, “Ma no mfa nneɛma no, na anyɛ saa a wɔbɛsere yɛn. Wo ara wodi ho adanseɛ sɛ memaa wode ɔpapo no kɔeɛ, nanso woanhunu no.”
24 Or, environ trois mois après, on informa Juda, en disant: "Thamar, ta bru, s’est prostituée et elle porte dans son sein le fruit de la débauche." Juda répondit: "Emmenez la et qu’elle soit brûlée!"
Ɛbɛyɛ abosome mmiɛnsa akyiri no, Yuda tee sɛ nʼase Tamar abɔ adwaman, anyinsɛn. Ɔtee saa asɛm no, ɔkaa sɛ, “Monkɔkye no mmra, na yɛnhye no, nku no.”
25 Comme on l’emmenait, elle envoya dire à son beau père: "Je suis enceinte du fait de l’homme à qui ces choses appartiennent." Et elle dit: "Examine, je te prie, à qui appartiennent ce sceau, ces cordons et ce bâton."
Wɔkɔkyeree Tamar de no reba abɛkum no no, ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ nʼase Yuda sɛ, “Onipa a ne nneɛma nie no na ɔne me nyinsɛneeɛ. Monhwɛ sɛ mobɛhunu onipa ko a saa nsa so kawa ne nʼahoma ne poma yi yɛ ne dea no anaa.”
26 Juda les reconnut et dit: "Elle est plus juste que moi, car il est vrai que je ne l’ai point donnée à Chéla mon fils." Cependant il cessa, dès lors, de la connaître.
Yuda gye too mu sɛ, saa nneɛma no yɛ ne dea. Ɔtoaa so sɛ, “Ɔbaa yi yɛ ɔteneneeni sen me, ɛfiri sɛ, mamfa no amma me babarima Sela anware.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yuda ankɔ Tamar ho bio.
27 Or il se trouva, lors de son enfantement, qu’elle portait des jumeaux dans son sein.
Tamar awoɔ duruu so no, ɔwoo nta.
28 Au moment de sa délivrance, l’un d’eux avança la main; la sage femme la saisit et y attacha un fil d’écarlate, pour indiquer que celui ci était né le premier.
Ɛberɛ a ɔrewo no, nta no mu baako de ne nsa dii ɛkan baeɛ. Enti, ɔbaa a ɔregye no awoɔ no de asaawa kɔkɔɔ bɔɔ abɔfra no abakɔn, kaa sɛ, “Yei na wɔwoo no kane.”
29 Comme il retirait sa main, voici que son frère vint au monde. Elle dit: "Avec quelle violence tu te fais jour!" Et on lui donna le nom de Péreç.
Saa abɔfra no twee ne nsa sane kɔɔ mu. Ɔsane twee ne nsa kɔɔ mu no, wɔwoo ne nua a ɔka ne ho no mmom. Na ɔwogyefoɔ no kaa sɛ, “Ɛdeɛn abususɛm ni!” Wɔtoo no edin Peres.
30 Ensuite naquit son frère, dont la main portait le fil d’écarlate. On lui donna le nom de Zérah.
Akyire no, ɔwoo ne nuabarima a na asaawa kɔkɔɔ bɔ nʼabakɔn no. Wɔtoo ɔno nso edin Serah.