< Exode 39 >

1 Des étoffes d’azur, de pourpre et d’écarlate, on fit des tapis d’emballage pour lé service des choses saintes; puis on fit le saint costume d’Aaron, ainsi que l’Éternel l’avait prescrit à Moïse.
Nnipa no de ntoma tuntum, bibire ne koogyan a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ maa asɔfoɔ no a wɔde bɛsom wɔ kronkronbea hɔ. Saa ntadetam no ara bi na wɔde pam Aaron ntadeɛ kronkron no sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.
2 On confectionna l’éphod, en or, azur, pourpre, écarlate et lin retors,
Wɔde asaawatam bi a wɔanwono afiri asaawa a wɔafira mu na wɔpam asɔfotadeɛ nkataseɛ no.
3 On laminait des lingots d’or, puis on y coupait des fils qu’on entremêlait aux fils d’azur, à ceux de pourpre, d’écarlate et de fin lin, en façon de damassé.
Besaleel boroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa, ɛnna ɔtwitwaa no nteawanteawa sɛ ahoma na ɔde bobɔɔ ntoma tuntum, bibire ne koogyan no mu. Ɛyɛ nsaanoadwuma a ɛte apɔ yie.
4 On y adapta des épaulières d’attache, par lesquelles ses deux extrémités se trouvèrent jointes.
Wɔde nhoma a wɔapam sosɔɔ nkataseɛ no mu firi aseɛ bɛsii mmati nhoma mmienu no mu.
5 La ceinture servant à le fixer faisait partie de son tissu, était ouvragée de même: or, azur, pourpre, écarlate et lin retors, comme l’Éternel l’avait prescrit à Moïse.
Ɛnna wɔde abɔwomu no yɛɛ ntoma korɔ no ara bi. Na ɛyɛ nsaawatam a ɛyɛ akokɔsradeɛ, tuntum, bibire ne koogyan, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose no.
6 On mit en œuvre les pierres de choham, qu’on enchâssa dans des chatons d’or et où l’on grava, comme on grave un sceau, les noms des fils d’Israël.
Apopobibirieboɔ mmienu a wɔtwa de fomfamm mmati nhoma mmienu no a ɛsɔ asɔfotadeɛ no nkataseɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ twerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no nyinaa din guu so sɛdeɛ wɔtwerɛ nsateaa so kawa so no.
7 On les ajusta sur les épaulières de l’éphod, comme pierres de souvenir pour les Israélites, ainsi que l’Éternel l’avait ordonné à Moïse.
Saa aboɔdemmoɔ yi sisi asɔfotadeɛ no mmati so, na ɛyɛ nkaedeɛ de ma Awurade fa Israelfoɔ ho, na wɔyɛɛ ne nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no ara pɛ.
8 Puis on confectionna le pectoral damassé à la façon de l’éphod; en or, azur, pourpre, écarlate et lin retors.
Adaaboɔ no, wɔpamm no te sɛ asɔfotadeɛ a wɔde nwera amapa yɛeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ahoma ne asaawa tuntum, bibire ne koogyan anwene mu.
9 Ce pectoral était carré, on l’avait plié en deux; ainsi plié, il avait un empan de long et un empan de large.
Ɛyɛ ntomasini bi a wɔatwa no ahinanan na ɛfa biara susu nsateakwaa nkron a wɔapam afam so ama ayɛ sɛ kotokuo
10 On y enchâssa quatre rangées de pierreries. Sur une rangée: un rubis, une topaze et une émeraude, première rangée;
a aboɔdemmoɔ a wɔde asesa so nsesasoɔ nsesasoɔ ɛnan wɔ mu. Nsesasoɔ a ɛdi ɛkan no yɛ bogyanamboɔ, akarateboɔ ne ahahammonoboɔ.
11 deuxième rangée: un nofek, un saphir et un diamant;
Nsesasoɔ a ɛtɔ so mmienu no yɛ nsrammaboɔ, aboɔdemmoɔ ne dɛnkyɛmmoɔ.
12 troisième rangée: un léchem, un chebô et un ahlama;
Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ
13 quatrième rangée: une tartessienne, un choham et un jaspe. Quant à leur sertissure, elles furent enchâssées dans des chatons d’or.
ɛnna deɛ ɛtɔ so ɛnan no yɛ sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ a emu biara wɔde sikakɔkɔɔ atwa ho ahyia.
14 Ces pierres portant les noms des fils d’Israël, étaient douze selon ces mêmes noms; on y avait gravé comme sur un sceau, chacune par son nom, les douze tribus.
Wɔyɛɛ aboɔdemmoɔ no te sɛ nsɔanodeɛ bi twerɛɛ Israel mmusuakuo dumienu no din guu so.
15 On prépara, pour le pectoral, des chaînettes cordonnées, forme de torsade, en or pur; puis on fit deux chatons d’or et deux anneaux d’or.
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi de adaaboɔ no asɔ asɔfotadeɛ no mu no, wɔde sikakɔkɔɔ nkawa hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ mmienu no so.
16 On plaça ces deux anneaux aux deux coins du pectoral;
Wɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwɛtwɛaso soro.
17 on passa les deux torsades d’or dans les deux anneaux sur les coins du pectoral et les deux extrémités de chaque torsade,
Wɔde sikakɔkɔɔ nhoma mmienu no hyehyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa a ɛwɔ adaaboɔ no mu no.
18 on les fixa sur deux chatons, les appliquant aux épaulières de l’éphod du côté de la face.
Wɔbɛkyekyere nhoma mmienu no ti de abobɔ sikakɔkɔɔ no a ɛbɔ asɔfotadeɛ no abatiri so no mu.
19 On fit aussi deux anneaux d’or, qu’on plaça aux deux coins du pectoral, sur le bord intérieur faisant face à l’éphod;
Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu nso hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so a ɛgu asɔfotadeɛ no so pɛɛ.
20 et l’on fit deux autres anneaux d’or, qu’on fixa aux deux épaulières de l’éphod, par en bas, au côté extérieur, à l’endroit de l’attache, au-dessus de la ceinture de l’éphod.
Wɔde sikakɔkɔɔ nkawa mmienu sosɔɔ asɔfotadeɛ no mmati ntaresoɔ no mu ma ɛbɛnee abɔwomu a wɔanwono no fɛfɛɛfɛ ne asɔfotadeɛ no ahyiaeɛ so.
21 On assujettit le pectoral en joignant ses anneaux à ceux de l’éphod par un cordon d’azur, afin que le pectoral fût maintenu sur la ceinture de f’éphod et n’y vacillât point, ainsi que l’Éternel l’avait prescrit à Moïse.
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na adaaboɔ no bɛgyina pɛpɛɛpɛ wɔ abɔwomu fɛfɛ no so enti, wɔde ntoma tuntum kyekyeree nkawa a ɛsosɔ adaaboɔ no ne asɔfotadeɛ no mu. Yeinom nyinaa, Awurade na ɔhyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ.
22 Ensuite on fit la robe de l’éphod selon l’art du tisserand, toute en étoffe d’azur.
Asɔfotadeɛ no fa kɛseɛ no ara deɛ, wɔde ntoma tuntum na ɛnwonoeɛ
23 L’Ouverture de la robe était infléchie comme celle d’une cotte de mailles et garnie d’un ourlet tout autour, afin de ne pas se déchirer.
na wɔtwaa mfimfini tokuro pempam bi faa so maa ano no yɛɛ den sɛdeɛ wɔhyɛ a ɛrentete.
24 On disposa, au bas de la robe, des grenades d’azur, de pourpre et d’écarlate, à brins retors;
Na wɔde bibire ne ateaa a ɛberedum ne koogyan a wɔafira yɛɛ biribi te sɛ ateaa aba de sensɛnee batakari no ase mmuano no ano.
25 et l’on fit des clochettes d’or pur et l’on entremêla les clochettes aux grenades, au bas de la robe, tout autour, entre les grenades:
Na wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nnɔnnɔmma na wɔde biribi te sɛ ateaa aba no hyehyɛɛ ntam ne ntam wɔ batakari no ase mmuano no ano de twaa ho hyiaeɛ.
26 une clochette, puis une grenade; une clochette, puis une grenade, au bord de la robe, tout autour, pour le saint ministère, ainsi que l’Éternel l’avait ordonné à Moïse.
Sɛ Aaron hyɛ asɔfotadeɛ yi a wɔde sikakɔkɔɔ nnɔmma ne ateaa aba agu ano a, na ɛkyerɛ sɛ ɔrekɔsom Awurade sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
27 On confectionna les tuniques en fin lin, selon l’art du tisserand, pour Aaron et pour ses fils;
Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ pam asɔfotadeɛ no bi maa Aaron ne ne mmammarima.
28 et la tiare en fin lin, de même que les turbans pour coiffure;
Wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam adaaboɔ, abotire, ɛkyɛ ne nhyɛasetam ahodoɔ no.
29 et les caleçons de toile, en lin retors; et l’écharpe, en lin retors, azur, pourpre et écarlate, ouvragé de broderie, ainsi que l’Éternel l’avait ordonné à Moïse.
Bio, wɔde ntoma a ɛyɛ fɛ na ɛpam abɔwomu no na wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan dii mu adwini sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no.
30 On exécuta la plaque, diadème sacré, en or pur et l’on y traça cette inscription gravée comme sur un sceau: "CONSACRÉ AU SEIGNEUR".
Na afei, wɔboroo sikakɔkɔɔ amapa ma ɛyɛɛ trawa sɛ prɛte a wɔatwerɛ so: Kronkron Ma Awurade.
31 On y fixa un ruban d’azur, qui devait passer sur la tiare, vers le sommet, comme l’Éternel l’avait ordonné à Moïse.
Wɔde ntoma tuntum na asina abɔnimu no abɔ abotire no mu sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no.
32 Ainsi fut terminé tout le travail du tabernacle de la Tente d’assignation; les Israélites l’avaient exécuté en agissant, de tout point, selon ce que l’Éternel avait enjoint à Moïse.
Yei nyinaa akyi, wɔwiee Ahyiaeɛ Ntomadan no si sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ wɔnsi no no.
33 Alors on apporta à Moïse le tabernacle et le pavillon avec toutes leurs pièces: agrafes, solives, traverses, piliers et socles;
Afei, wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa brɛɛ Mose: Nkyerewa, nnyinasoɔ, mmeamu nnua, mpunan ne nsisisoɔ;
34 la couverture de peaux de bélier teintes en rouge, la couverture de peaux de Tahach et le voile protecteur;
nnwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, abirekyie nhoma a wɔahyɛ, nsɛnanotam,
35 l’arche du Statut avec ses barres et le propitiatoire;
adaka no a Mmaransɛm Edu no wɔ mu ne nnua a wɔde soa Mpata Dwa no;
36 la table avec toutes ses pièces et les pains de proposition;
Ɛpono no ne ɛho nneɛma ne Hyiadan mu Burodo;
37 le candélabre d’or pur, avec ses lampes tout arrangées et tous ses ustensiles; l’huile du luminaire;
Sika nkaneadua ne nʼakanea, ɛho nneɛma ne ngo
38 l’autel d’or, l’huile d’onction et le parfum aromatique; le rideau d’entrée de la Tente;
Sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, srango, aduhwam ne Ahyiaeɛ Ntomadan no nsɛnanotam;
39 l’autel de cuivre avec son grillage de cuivre, ses barres et tous ses ustensiles; la cuve avec son support;
Kɔbere afɔrebukyia, kɔbere otwidadeɛ, nnua no ne ɛho nneɛma, deɛ wɔsi mu nneɛma ne ne ntaamu;
40 les toiles du parvis, ses piliers et, ses socles; le rideau formant la porte du parvis, ainsi que ses cordages et ses chevilles, enfin tous les ustensiles nécessaires au tabernacle de la Tente d’assignation; les tapis d’emballage pour le service des choses saintes;
ntwahotam a wɔde twa adihɔ hɔ ɔfasuo ho, ne ɛho nnua a ɛsosɔ mu, nnyinasodeɛ ne ntwahotam a ɛwɔ adihɔ ɛpono ano, ntampehoma ne nnadewa ne biribiara a wɔde boaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sie.
41 les vêtements sacrés d’Aaron le pontife et les vêtements sacerdotaux de ses fils.
Wɔde asɔfotadeɛ a wɔapam no fɛfɛɛfɛ a wɔhyɛ kɔ kronkronbea hɔ no brɛɛ no ma ɔhwɛeɛ. Afei, wɔde Aaron asɔfotadeɛ kronkron no nso ne ne mmammarima deɛ a wɔbɛhyɛ de ayɛ asɔfodwuma no bɛkyerɛɛ no.
42 Exactement comme le Seigneur l’avait commandé à Moïse, ainsi les Israélites avaient accompli toute la tâche.
Enti, Israelfoɔ no dii nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn no nyinaa so.
43 Moïse examina tout le travail: or ils l’avaient exécuté conformément aux prescriptions du Seigneur. Et Moïse les bénit.
Na Mose hwɛɛ nnwuma no nyinaa hunuu sɛ biribiara ntɔ kyema wɔ ho no, ɔhyiraa wɔn, ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Awurade kaeɛ no ara pɛ na wɔyɛeɛ.

< Exode 39 >