< 2 Rois 7 >

1 Elisée dit alors: "Ecoutez la parole de l’Eternel; voici ce qu’il annonce: Demain, à pareille heure, à la porte de Samarie, on aura une mesure de fleur de farine pour un sicle, et pour un sicle aussi deux mesures d’orge."
Elisa buaa sɛ, “Tie saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn! Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu pɛ.”
2 L’Officier sur lequel le roi avait l’habitude de s’appuyer s’adressa en ces termes à l’homme de Dieu: "Même si Dieu ouvrait des cataractes au ciel, pareille chose serait-elle possible? Tu le verras de tes yeux, lui répondit le prophète, mais tu n’en jouiras point."
Ɔpanin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Elisa kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.”
3 Or, quatre lépreux se trouvaient à l’entrée de la porte. Ils se dirent l’un à l’autre: "Pourquoi rester ici à attendre la mort?
Afei, mmarima akwatafoɔ baanan bi bɛtenatenaa kuro no apono ano. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara wuwuo?
4 Si nous nous décidons à entrer dans la ville, la famine y règne et nous y mourrons; si nous demeurons ici, nous mourrons également. Eh bien, allons nous jeter dans le camp des Syriens; s’ils nous laissent en vie, nous vivrons, et s’ils nous tuent, nous mourrons."
Sɛ yɛtena ha a, ɛkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara nso na sɛ yɛsane kɔ kuro no mu nso a, ɛkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfoɔ akodɔm no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yie mu ne no. Na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”
5 Ils se levèrent donc au crépuscule pour se rendre au camp des Syriens; arrivés à l’extrémité du camp, ils remarquèrent qu’il n’y avait personne.
Enti, saa anwummerɛ no, wɔsiim kɔɔ Aramfoɔ nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ.
6 Or, le Seigneur avait fait entendre aux troupes syriennes un bruit de chars, de chevaux et de nombreux soldats; ils s’étaient alors dit l’un à l’autre: "Le roi d’Israël a certainement soudoyé contre nous les princes des Héthéens et ceux d’Egypte pour qu’ils aillent nous attaquer."
Na Awurade ama akodɔm no nyinaa atɛ nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no nan ase ne apɔnkɔ no ne akodɔm kɛseɛ a wɔrebɛn wɔn no nan ase. Wɔteateaam sɛ, “Israelhene afa Hetifoɔ ne Misraimfoɔ sɛ wɔmmɛto nhyɛ yɛn so.”
7 Ils s’étaient donc enfuis pendant le crépuscule, abandonnant leurs tentes, leurs chevaux, leurs ânes, enfin le camp tel qu’il était; ils avaient pris la fuite pour sauver leur vie.
Enti, wɔbɔɔ huboa, na wɔdwanee anadwo no, gyaa wɔn ntomadan, apɔnkɔ, mfunumu ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa.
8 Donc ces lépreux, parvenus à l’extrémité du camp, entrèrent dans une tente, y mangèrent et burent, en emportèrent de l’argent, de l’or et des vêtements, qu’ils allèrent enfouir; puis ils entrèrent dans une autre tente, d’où ils emportèrent des objets qu’ils enfouirent également.
Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.
9 Ils se dirent alors l’un à l’autre: "Nous n’agissons pas bien. Aujourd’hui, c’est un jour de bonne nouvelle; si nous gardons le silence et que nous attendions jusqu’au jour, nous nous rendons passibles d’un châtiment. Venez donc, allons l’annoncer dans le palais du roi."
Akyire yi, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Yei yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amaneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kɔsi adekyeeɛ a, deɛ ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Mommra ma yɛnsane nkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfie no amaneɛ.”
10 Ils allèrent appeler un gardien de la ville et lui apprirent cette nouvelle: "Nous avons pénétré dans le camp des Syriens et nous n’y avons vu âme qui vive ni entendu personne; les chevaux y sont attachés, les ânes attachés, et les tentes telles quelles."
Enti, wɔsane wɔn akyi, baa kuro no mu, bɛbɔɔ apono anohwɛfoɔ no asɛm a asi no ho amaneɛ sɛ wɔakɔ Aramfoɔ sraban mu, na na obiara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfunumu no nwoma, na ntomadan no deɛ, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ.
11 Il appela les gardes, qui firent connaître cette nouvelle à l’intérieur du palais du roi.
Apono anohwɛfoɔ no teateaam, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfie hɔ no teeɛ.
12 Le roi se leva pendant la nuit, et dit à ses serviteurs: "je veux vous divulguer ce que les Syriens ont organisé contre nous: sachant que nous sommes affamés, ils ont quitté le camp pour se cacher dans les champs, se disant: Quand ils sortiront de la ville, nous les prendrons vivants et nous entrerons dans la ville."
Ɔdasuom, ɔhene no sɔre firii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ sɛ, “Menim asɛm a asi. Aramfoɔ nim sɛ ɛkɔm rekum yɛn enti, wɔatu afiri wɔn sraban mu, akɔtetɛ wiram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yɛbɛfiri kuro no mu, na wɔakyekye yɛn anikann, na wɔafa kuro no.”
13 L’Un des serviteurs s’exprima alors ainsi: "Qu’on prenne cinq des chevaux restés dans la ville: ou bien ils seront comme cette foule d’Israélites qui a survécu, ou comme cette foule d’Israélites qui a péri. Envoyons-les et nous verrons."
Mpanimfoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ yɛbɛsoma akwansrafoɔ, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu enum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwereɛ kɛseɛ biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bɛwuwu.”
14 On prit deux chars attelés de chevaux, que le roi envoya du côté du camp syrien, en disant: "Allez voir."
Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no.
15 Ils suivirent les traces des Syriens jusqu’au Jourdain, et remarquèrent que toute la route était jonchée de vêtements et de bagages que les Syriens avaient jetés dans leur précipitation. Les envoyés retournèrent pour en informer le roi.
Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Asubɔnten Yordan, dii ntadeɛ ne ahyehyɛdeɛ a Aramfoɔ ato agu no akyi, ɛberɛ a na wɔde anikrakra redwane no. Akwansrafoɔ no sane bɛbɔɔ ɔhene no amaneɛ.
16 Alors le peuple alla piller le camp syrien, et l’on eut une mesure de fleur de farine pour un sicle, et pour un sicle aussi deux mesures d’orge, selon la parole de l’Eternel.
Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.
17 Le roi avait préposé à la porte de la ville l’officier sur lequel il avait l’habitude de s’appuyer; écrasé par la foule à cette porte même, il périt, ainsi que l’avait annoncé l’homme de Dieu, qui avait fait cette prédiction au moment où le roi s’était avancé vers lui.
Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no.
18 En effet, lorsque l’homme de Dieu avait ainsi parlé au roi: "Demain, à pareille heure, on aura à la porte de Samarie deux mesures d’orge pour un sicle, et, pour un sicle aussi, une mesure de fleur de farine,"
Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛbɛduru ɔkyena sɛsɛɛ, wɔbɛtɔn asikyiresiam muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria edwa biara so. Na atokoɔ nso, wɔbɛtɔn lita edu agye dwetɛ gram dumienu.”
19 l’officier avait fait cette réponse à l’homme de Dieu: "Même si l’Eternel ouvrait des cataractes au ciel, pareil fait se réaliserait-il? Tu le verras de tes yeux, avait alors répliqué le prophète, mais tu n’en jouiras pas."
Ɔhene no panin no buaa sɛ, “Sɛ Awurade bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn onipa no kaa sɛ, “Wobɛhunu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.”
20 Ainsi lui arriva-t-il; la foule l’écrasa à la porte, et il périt.
Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twi faa ne so, kumm no wɔ ɛpono no ano no.

< 2 Rois 7 >