< Jérémie 49 >

1 Sur les fils d’Ammon. Ainsi dit l’Éternel: Israël n’a-t-il point de fils? n’a-t-il point d’héritier? Pourquoi leur roi a-t-il hérité de Gad, et son peuple demeure-t-il dans ses villes? –
Nea ɛfa Amonfo ho: Sɛɛ na Awurade se: “Israel nni mmabarima ana? Onni wɔn a wobedi nʼade? Ɛno de adɛn nti na Molek afa Gad ayɛ ne de yi? Adɛn nti na ne nkurɔfo tete ne nkurow mu?
2 C’est pourquoi, voici, des jours viennent, dit l’Éternel, et je ferai entendre dans Rabba des fils d’Ammon la clameur de la guerre, et elle sera un monceau de ruines, et ses villes seront brûlées par le feu, et Israël aura en héritage ceux qui étaient ses héritiers, dit l’Éternel.
Nanso nna no reba,” Awurade na ose. “Bere a mɛbobɔ mu de afrɛ ɔko atia Raba a ɛyɛ Amonfo de; ɛbɛyɛ afabo siw, wɔbɛto nkuraa a atwa ne ho ahyia no mu gya. Na Israel bɛpam wɔn a wɔpam no no,” sɛɛ na Awurade se.
3 Hurle, Hesbon! car Aï est dévastée. Criez, filles de Rabba, ceignez-vous de sacs, lamentez-vous, et courez çà et là entre les clôtures, car leur roi ira en captivité, ses sacrificateurs et ses princes ensemble.
“Twa adwo. Hesbon, efisɛ wɔasɛe Ai! Monteɛ mu, mo a mowɔ Raba! Mumfura ayitam na munni awerɛhow; mommɔ nnyenyen wɔ afasu no mu, efisɛ Molek bɛkɔ nnommum mu, ɔne nʼasɔfo ne nʼadwumayɛfo.
4 Pourquoi te glorifies-tu des vallées? Ta vallée ruissellera, fille infidèle, qui te confies en tes trésors, [disant]: Qui viendra contre moi?
Adɛn nti na wode wʼabon ahorow no hoahoa wo ho, wʼabon a wunya mu aba bebree no nti? Amon Babea a Onni nokware, wode wo ho to wʼahonya so na woka se, ‘Hena na ɔbɛtow ahyɛ me so?’
5 Voici, je fais venir, de tous tes alentours, la frayeur contre toi, dit le Seigneur, l’Éternel des armées; et vous serez chassés chacun devant soi, et il n’y aura personne qui rassemble les fugitifs.
Mede ehu bɛba wo so, ebefi wɔn a wɔatwa wo ho ahyia no nyinaa,” Awurade na ose, Asafo Awurade no. “Wɔbɛpam mo nyinaa, na obiara remmoaboa akobɔfo ano.
6 Et après cela, je rétablirai les captifs des fils d’Ammon, dit l’Éternel.
“Nanso akyiri no, mɛsan de Amonfo adenya ama wɔn,” sɛe na Awurade se.
7 Sur Édom. Ainsi dit l’Éternel des armées: N’y a-t-il plus de sagesse dans Théman? Le conseil des intelligents a-t-il péri? leur sagesse est-elle perdue?
Nea ɛfa Edom ho: Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Nyansa nni Teman bio ana? Afotu ayera wɔ anyansafo mu ana? Wɔn nyansa no aporɔw ana?
8 Fuyez, tournez le dos, habitez dans les lieux profonds, vous, habitants de Dedan, car je ferai venir sur Ésaü sa calamité, le temps où je le visiterai.
Monnan mo ho na munguan, monkɔtetɛw abodan a mu dɔ mu, mo a motete Dedan, efisɛ mede amanehunu bɛba Esau so wɔ bere a mɛtwe nʼaso no.
9 Si des vendangeurs venaient chez toi, ne laisseraient-ils pas des grappillages? si c’étaient des voleurs de nuit, ils ne détruiraient que ce qui leur suffirait.
Sɛ bobetetewfo no baa mo nkyɛn a anka wɔrennya bobe no kakra ana? Sɛ akorɔmfo baa ɔdasu mu a, anka wɔrenwia ade dodow a wɔpɛ ana?
10 Mais moi, j’ai dépouillé Ésaü, j’ai découvert ses lieux secrets; il ne peut se cacher. Sa semence est dévastée, et ses frères et ses voisins, et il n’est plus.
Na mɛma Esau ada adagyaw. Mɛda ne hintabea ahorow adi, sɛnea ɔrentumi mfa ne ho nhintaw. Ne mma, nʼabusuafo ne ne mfɛfo bewuwu, na wɔrenhu no bio.
11 Laisse tes orphelins, moi je les garderai en vie, et que tes veuves se confient en moi.
Munnyaw mo ayisaa, mɛbɔ wɔn nkwa ho ban. Mo akunafo nso betumi de wɔn ho ato me so.”
12 Car ainsi dit l’Éternel: Voici, ceux dont le jugement n’était pas de boire la coupe, la boiront certainement; et toi tu resterais entièrement impuni? Tu ne resteras pas impuni, mais tu la boiras certainement.
Nea Awurade se ni: “Sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔmfata sɛ wɔnom kuruwa no nom a, ɛno de adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔtwe mo aso? Wɔbɛtwe mo aso na mobɛnom nso.
13 Car j’ai juré par moi-même, dit l’Éternel, que Botsra sera une désolation, un opprobre, un désert, et une malédiction, et que toutes ses villes seront des déserts perpétuels.
Meka me ho ntam sɛ wɔbɛsɛe Bosra na ayɛ ahodwiriwde, ahohorade ne nnome; na ne nkurow nyinaa bɛsɛe afebɔɔ,” Awurade na ose.
14 J’ai entendu une rumeur de par l’Éternel, et un ambassadeur a été envoyé parmi les nations: Assemblez-vous, et venez contre lui, et levez-vous pour la guerre.
Mate asɛm a efi Awurade nkyɛn: wɔsomaa ananmusini bi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ amanaman no se, “Mommoaboa mo ho ano nkɔtow nhyɛ no so! Monsɔre nkɔ ɔko!”
15 Car voici, je t’ai fait petit parmi les nations, méprisé parmi les hommes.
“Na mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtiaa.
16 Ta fierté, l’arrogance de ton cœur, t’a séduit, toi qui demeures dans les creux du rocher, [et] qui t’es emparé du haut de la colline. Quand tu élèverais ton nid comme l’aigle, je te ferai descendre de là, dit l’Éternel.
Ehu a wobɔ ne koma mu ahomaso adaadaa wo, wo a wote abotan ntokuru mu, na wote koko no sorɔnsorɔmmea. Ɛwɔ mu, woyɛ wo berebuw wɔ sorosoro sɛ ɔkɔre de, nanso hɔ na mefi de wo aba fam,” Awurade na ose.
17 Et Édom sera une désolation; quiconque passera près de lui, sera étonné et sifflera à cause de toutes ses plaies.
“Edom bɛyɛ ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn na wɔadi ne ho fɛw esiane nʼapirakuru nyinaa nti.
18 Comme dans la subversion de Sodome et de Gomorrhe et des villes voisines, dit l’Éternel, personne n’y habitera et aucun fils d’homme n’y séjournera.
Sɛnea wɔdan Sodom ne Gomora ne wɔn nkurow gui no,” Awurade na ose, “saa ara na obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.
19 Voici, comme un lion, il monte de la crue du Jourdain contre la demeure forte; car je les en chasserai précipitamment. Et qui est l’homme choisi, que je préposerai sur lui? Car qui est comme moi, et qui m’assignera le temps, et qui sera le pasteur qui se tiendra devant moi?
“Sɛnea gyata a ofi Yordan nkyɛkyerɛ mu rekɔ adidibea frɔmfrɔm no, saa ara na mɛtaa Edom afi nʼasase so wɔ bere tiaa bi mu. Hena ne nea mayi no sɛ ɔnyɛ eyi? Hena na ɔte sɛ me, na hena na obetumi ne me adi asi? Na oguanhwɛfo bɛn na obetumi asɔre atia me?”
20 C’est pourquoi, écoutez le conseil de l’Éternel, qu’il a formé contre Édom, et les pensées qu’il a pensées contre les habitants de Théman: Si les petits du troupeau ne les entraînent! S’il ne rend désolée pour eux leur habitation!
Enti tie nea Awurade ahyehyɛ atia Edom, nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ de atia wɔn a wɔte Teman ni: Nguankuw no mu nkumaa no wɔbɛtwe wɔn akɔ; wɔn nti ɔbɛsɛe adidibea no koraa.
21 Au bruit de leur chute la terre tremble; il y a un cri! le bruit en est entendu à la mer Rouge.
Wɔn asehwe nnyigyei bɛma asase awosow; wɔn nteɛteɛmu gyegyeegye akodu Po Kɔkɔɔ ho.
22 Voici, il monte comme un aigle, et il vole, et il étend ses ailes sur Botsra; et le cœur des hommes forts d’Édom sera en ce jour-là comme le cœur d’une femme en travail.
Monhwɛ! Ɔkɔre bi betu akɔ soro na wabɔ hoo aba fam a watrɛtrɛw ne ntaban mu wɔ Bosra so. Saa da no Edom dɔmmarima koma betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.
23 Sur Damas. Hamath et Arpad sont honteuses, car elles ont entendu un bruit de malheur; elles défaillent; il y a une tourmente dans la mer, elle ne peut rester tranquille.
Nea ɛfa Damasko ho: “Hamat ne Arpad di yaw, efisɛ wɔate asɛmmɔne. Wɔn koma abotow te sɛ po a ayɛ hagyahagya.
24 Damas est devenue lâche, elle se tourne pour fuir, l’effroi l’a saisie; la détresse et les angoisses se sont emparées d’elle comme d’une femme qui enfante.
Damasko ayɛ mmerɛw, wayɛ sɛ ɔrebeguan wabɔ huboa; ahoyeraw ne ɔyaw akyekyere no, ɔyaw a ɛte sɛ ɔbea a, ɔrekyem wɔ awo so.
25 Dans quel abandonnement n’est-elle pas, la ville de la louange, la cité de mon délice!
Adɛn nti na wonnyaw kuropɔn a agye din yi ntoo hɔ, kurow a mʼani gye mu?
26 Aussi ses jeunes gens sont tombés dans ses places et tous ses hommes de guerre sont détruits en ce jour, dit l’Éternel des armées.
Ampa ara ne mmerante bɛtotɔ wɔ mmɔnten so; wɔbɛma nʼasraafo nyinaa aka wɔn ano ato mu saa da no,” sɛɛ na Asafo Awurade se.
27 Et j’allumerai un feu dans les murs de Damas, et il dévorera les palais de Ben-Hadad.
“Mede ogya bɛto Damasko afasu mu; na ɛbɛhyew Ben-Hadad aban.”
28 Sur Kédar et sur les royaumes de Hatsor, que Nebucadretsar, roi de Babylone, frappa. Ainsi dit l’Éternel: Levez-vous, montez contre Kédar, et détruisez les fils de l’orient.
Nea ɛfa Kedar ne Hasor ahenni, a Babiloniahene Nebukadnessar tow hyɛɛ so no. Sɛɛ na Awurade se: “Sɔre na kɔtow hyɛ Kedar so na sɛe nnipa a wɔwɔ apuei fam no.
29 On prendra leurs tentes et leur menu bétail, on emmènera leurs tapis, et tous leurs bagages, et leurs chameaux; et on leur criera: La terreur de tous côtés!
Wɔbɛfa wɔn ntamadan ne wɔn nguankuw; wɔbɛfa wɔn nkataso, ne wɔn ho nneɛma ne yoma akɔ. Nnipa bɛteɛteɛ mu se, ‘Ehu wɔ baabiara!’
30 Fuyez, enfuyez-vous très loin, habitez dans les lieux profonds, vous, habitants de Hatsor, dit l’Éternel; car Nebucadretsar, roi de Babylone, a formé un dessein contre vous, et il a conçu une pensée contre eux.
“Munguan nkɔ ntɛmntɛm! Monhyehyɛ abodan a mu dɔ mu, mo a motete Hasor,” Awurade na ose. “Babiloniahene Nebukadnessar apam mo ti so; wayɛ nhyehyɛe a etia mo.
31 Levez-vous, montez vers la nation qui jouit de la paix, qui habite en sécurité, dit l’Éternel; elle n’a ni portes ni barres; ils demeurent seuls.
“Sɔre kɔtow hyɛ ɔman bi so a woremmrɛ, ɔman a wɔte ahotoso mu,” Awurade na ose, “ɔman a wonni apon anaa akwanside; na emu nnipa nko ara na wɔte.
32 Et leurs chameaux seront un butin, et la multitude de leurs troupeaux sera une proie; et je les disperserai à tout vent, ceux qui coupent les coins [de leur barbe], et je ferai venir de tous les côtés leur calamité, dit l’Éternel.
Wɔn mfurum bɛyɛ asade, na wɔn anantwikuw akɛse no bɛyɛ asade. Mɛbɔ saa nnipa a wɔtete akyirikyiri no ahwete ama mframa no, na mede amanehunu befi afa nyinaa aba wɔn so,” Awurade na ose.
33 Et Hatsor deviendra un repaire de chacals, une désolation à toujours; personne n’y habitera et aucun fils d’homme n’y séjournera.
“Hasor bɛyɛ ahade ama adompo, ɛbɛda mpan afebɔɔ. Obiara rentena hɔ; onipa biara rentena mu.”
34 La parole de l’Éternel, qui vint à Jérémie le prophète, sur Élam, au commencement du règne de Sédécias, roi de Juda, disant:
Eyi ne asɛm a, efi Awurade nkyɛn baa odiyifo Yeremia hɔ a ɛfa Elam ho, wɔ Yudahene Sedekia adedi mfiase:
35 Ainsi dit l’Éternel des armées: Voici, je briserai l’arc d’Élam, les prémices de sa force.
Sɛɛ na Asafo Awurade se: “Hwɛ mebubu Elam agyan mu, nea wɔn ahoɔden gyina so no.
36 Et je ferai venir contre Élam les quatre vents, des quatre bouts des cieux, et je les disperserai à tous ces vents; et il n’y aura point de nation où ne viennent les fugitifs d’Élam.
Mede mframa anan no bɛba Elam so afi ɔsorosoro afanan; mɛbɔ wɔn ahwete mframa anan no mu, na ɔman biara nni hɔ a Elam atubrafo renkɔ so.
37 Et je ferai trembler les Élamites devant leurs ennemis et devant ceux qui cherchent leur vie; et je ferai venir du mal sur eux, l’ardeur de ma colère, dit l’Éternel; et j’enverrai après eux l’épée, jusqu’à ce que je les aie consumés.
Mɛbɔ Elam ahwete wɔ wɔn atamfo anim, wɔ wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no anim; mede amanehunu bɛba wɔn so mpo mʼabufuwhyew no,” Awurade na ose. “Mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ, mewie wɔn korakora.
38 Et je mettrai mon trône en Élam, et j’en ferai périr le roi et les princes, dit l’Éternel.
Mesi mʼahengua wɔ Elam na masɛe ne hene ne nʼadwumayɛfo,” Awurade na ose.
39 Et il arrivera, à la fin des jours, que je rétablirai les captifs d’Élam, dit l’Éternel.
“Nanso mɛsan de Elam adenya ama no nna a ɛreba no mu,” Awurade na ose.

< Jérémie 49 >