< Jérémie 19 >

1 Ainsi dit l’Éternel: Va, et achète un vase de potier, et [prends] des anciens du peuple et des anciens des sacrificateurs,
Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Kɔ na kɔtɔ dɔteɛ kuruwa firi ɔnwomfoɔ nkyɛn. Fa nnipa no mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi ka wo ho
2 et sors vers la vallée du fils de Hinnom, qui est à l’entrée de la porte de la poterie, et crie là les paroles que je te dirai,
na firi adi kɔ Ben Hinom Bɔnhwa a ɛbɛn Pɔthɛd Ɛpono ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no,
3 et dis: Écoutez la parole de l’Éternel, vous, rois de Juda, et vous, habitants de Jérusalem: Ainsi dit l’Éternel des armées, le Dieu d’Israël: Voici, je fais venir sur ce lieu-ci un mal tel, que quiconque l’entendra, les oreilles lui tinteront;
sɛ, ‘Montie Awurade asɛm, Ao Yuda ahemfo ne Yerusalemfoɔ. Yei ne deɛ Asafo Awurade Israel Onyankopɔn seɛ: Montie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yɔnn.
4 parce qu’ils m’ont abandonné, et qu’ils m’ont aliéné ce lieu, et qu’ils y ont brûlé de l’encens à d’autres dieux que n’ont connus ni eux, ni leurs pères, ni les rois de Juda, et qu’ils ont rempli ce lieu du sang des innocents,
Ɛfiri sɛ, wɔagya me na wɔde ha ama ananafoɔ anyame; wɔahye afɔrebɔdeɛ wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhunuu wɔn da, na wɔde mogya a ɛdi bem ahyɛ ha ma.
5 et ont bâti les hauts lieux de Baal, pour brûler au feu leurs fils en holocauste à Baal; ce que je n’ai point commandé, et dont je n’ai point parlé, et qui ne m’est point monté au cœur.
Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhye wɔn mmammarima sɛ afɔrebɔdeɛ ama Baal, adeɛ a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu.
6 C’est pourquoi, voici, des jours viennent, dit l’Éternel, où ce lieu-ci ne sera plus appelé Topheth, ni la vallée du fils de Hinnom, mais la vallée de la tuerie.
Ɛno enti, monhwɛ yie na nna bi reba, Awurade na ɔseɛ, a nnipa remfrɛ ha sɛ Tofet anaa Ben Hinom Bɔnhwa bio, na mmom, Okum Bɔnhwa.
7 Et je rendrai vain le conseil de Juda et de Jérusalem dans ce lieu-ci, et je les ferai tomber par l’épée devant leurs ennemis et par la main de ceux qui cherchent leur vie, et je donnerai leurs cadavres en pâture aux oiseaux des cieux et aux bêtes de la terre.
“‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛeɛ wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ akofena ano wɔ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma ewiem nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduane.
8 Et je ferai de cette ville un sujet d’étonnement et de sifflement: quiconque passera à côté d’elle s’étonnera et sifflera sur toutes ses plaies.
Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no animtiabudeɛ; wɔn a wɔtwam hɔ no nyinaa ho bɛdwiri wɔn, na nʼapirakuro no enti wɔbɛdi ne ho fɛw.
9 Et je leur ferai manger la chair de leurs fils et la chair de leurs filles; et ils mangeront chacun la chair de son prochain, dans le siège et dans la détresse dont les enserreront leurs ennemis et ceux qui cherchent leur vie.
Mɛma wɔawe wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nam, na wɔbɛfiri ahohia a atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no tua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’
10 Et tu briseras le vase devant les yeux des hommes qui sont allés avec toi,
“Afei, bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ,
11 et tu leur diras: Ainsi dit l’Éternel des armées: Je briserai ainsi ce peuple et cette ville, comme on brise un vase de potier qui ne peut être raccommodé; et on enterrera à Topheth, jusqu’à ce qu’il n’y ait plus de place pour enterrer.
na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛdeɛ wɔabɔ ɔnwomfoɔ kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wɔbɛsie awufoɔ wɔ Tofet kɔsi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma.
12 Je ferai ainsi à ce lieu, dit l’Éternel, et à ses habitants, pour rendre cette ville semblable à Topheth;
Sei ara na mɛyɛ saa beaeɛ yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ɔseɛ. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet.
13 et les maisons de Jérusalem et les maisons des rois de Juda seront, comme le lieu de Topheth, impures, – toutes les maisons sur les toits desquelles ils ont brûlé de l’encens à toute l’armée des cieux, et ont répandu des libations à d’autres dieux.
Afie a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfie ho bɛgu fi te sɛ Tofet ha. Afie a, wɔhyee nnuhwam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na wɔguu nsã maa anyame foforɔ.’”
14 Et Jérémie vint de Topheth, où l’Éternel l’avait envoyé pour prophétiser; et il se tint dans le parvis de la maison de l’Éternel, et dit à tout le peuple:
Afei Yeremia sane firii Tofet, baabi a Awurade somaa no sɛ ɔnkɔhyɛ nkɔm hɔ no baeɛ, na ɔbɛgyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa sɛ,
15 Ainsi dit l’Éternel des armées, le Dieu d’Israël: Voici, je fais venir sur cette ville, et sur toutes ses villes, tout le mal que j’ai prononcé contre elle, parce qu’ils ont roidi leur cou pour ne point écouter mes paroles.
“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ, ‘Montie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ɛho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ kɔnsenee na wɔantie me nsɛm.’”

< Jérémie 19 >