< Genèse 15 >

1 Après ces choses, la parole de l’Éternel fut [adressée] à Abram dans une vision, disant: Abram, ne crains point; moi, je suis ton bouclier [et] ta très grande récompense.
Eyinom akyi no, Awurade kasa kyerɛɛ Abram wɔ anisoadehu mu se, “Abram, nsuro. Meyɛ wo nkatabo. Meyɛ wo kyɛfa a ɛsom bo.”
2 Et Abram dit: Seigneur Éternel, que me donneras-tu? Je m’en vais sans enfants, et l’héritier de ma maison, c’est Éliézer de Damas.
Abram nso buae se, “Awurade Nyankopɔn, dɛn na wode bɛma me wɔ bere a minni ɔba. Onipa a obedi mʼade no yɛ Damaskoni Elieser?”
3 Et Abram dit: Voici, tu ne m’as pas donné de postérité; et voici, celui qui est né dans ma maison est mon héritier.
Na Abram toaa so se, “Wommaa me mma nti, akoa a wɔwoo no wɔ me fi no na obedi mʼade.”
4 Et voici, la parole de l’Éternel [vint] à lui, disant: Celui-ci ne sera pas ton héritier; mais celui qui sortira de tes entrailles, lui, sera ton héritier.
Na Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ɔbarima yi renni wʼade da, gye wʼankasa wo yafunumma.”
5 Et il le fit sortir dehors, et dit: Regarde vers les cieux, et compte les étoiles, si tu peux les compter. Et il lui dit: Ainsi sera ta semence.
Onyankopɔn de Abram kɔɔ afikyiri, na ɔka kyerɛɛ no se, “Ma wʼani so hwɛ soro na hwɛ sɛ wubetumi akan soro nsoromma ana.” Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abram se, “Saa ara na wʼasefo bɛdɔɔso nen.”
6 Et il crut l’Éternel; et il lui compta cela à justice.
Abram gyee asɛm a Awurade kae no dii. Ne saa nti, Awurade buu no onipa trenee.
7 Et il lui dit: Moi, je suis l’Éternel, qui t’ai fait sortir d’Ur des Chaldéens, afin de te donner ce pays-ci pour le posséder.
Awurade Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abram bio se, “Mene Awurade a mede wo fi Ur a ɛwɔ Kaldeafo asase so bae sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapade.”
8 Et il dit: Seigneur Éternel, à quoi connaîtrai-je que je le posséderai?
Nanso Abram kae se, “Ɔsorosoro Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na mehu sɛ asase no bɛyɛ me dea?”
9 Et il lui dit: Prends une génisse de trois ans, et une chèvre de trois ans, et un bélier de trois ans, et une tourterelle, et un jeune pigeon.
Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Fa nantwi ba a wadi mfe abiɛsa, abirekyibere a wadi mfe abiɛsa, Odwennini a wadi mfe abiɛsa, agyenkuku ne aborɔnoma ba brɛ me.”
10 Et il prit toutes ces choses, et les partagea par le milieu, et en mit les moitiés l’une vis-à-vis de l’autre; mais il ne partagea pas les oiseaux.
Abram de eyinom nyinaa brɛɛ Onyankopɔn, paapae wɔn mu abien abien, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim, de guguu hɔ. Na nnomaa no de, wampaapae wɔn mu.
11 Et les oiseaux de proie descendirent sur ces bêtes mortes; et Abram les écarta.
Na apete besisii mmoa no afunu so no, Abram pam wɔn.
12 Et comme le soleil se couchait, un profond sommeil tomba sur Abram; et voici, une frayeur, une grande obscurité, tomba sur lui.
Bere a owia rekɔtɔ no, Abram daa hatee, na sum kabii a ɛyɛ hu tɔɔ ne so.
13 Et [l’Éternel] dit à Abram: Sache certainement que ta semence séjournera dans un pays qui n’est pas le sien, et ils l’asserviront, et l’opprimeront pendant 400 ans.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Abram se, “Gye di sɛ wʼasefo bɛyɛ ahɔho wɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so. Wɔbɛyɛ nkoa wɔ ɔman no mu, asom, na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan.
14 Mais aussi je jugerai, moi, la nation qui les aura asservis; et après cela ils sortiront avec de grands biens.
Nanso mɛtwe saa ɔman a wʼasefo bɛsom wɔn no aso, na ɛno akyi no, wobefi ɔman a wɔsom mu no mu aba sɛ adefo.
15 Et toi, tu t’en iras vers tes pères en paix; tu seras enterré en bonne vieillesse.
Wo de, wubewu asomdwoe mu. Wubenyin akyɛ yiye ansa na woawu.
16 Et en la quatrième génération ils reviendront ici, car l’iniquité des Amoréens n’est pas encore venue à son comble.
Nanso awo ntoatoaso a ɛto so anan no mu, wʼasefo bɛsan aba saa ɔman yi mu bio. Efisɛ saa bere yi, Amorifo a wɔte saa asase yi so nnɛ yi bɔne a wɔyɛ no nnya nnuu nea wɔtwe wɔn aso ma ɛyɛ yiye ɛ.”
17 Et il arriva que le soleil s’étant couché, il y eut une obscurité épaisse; et voici une fournaise fumante, et un brandon de feu qui passa entre les pièces des animaux.
Na ɛbaa sɛ owia kɔtɔe, na sum durui no, Abram huu ogyaframa bi sɛ ɛrefi wusiw ne ogyatɛn a ɛredɛw bɛfaa mmoa a wɔakum wɔn no afunu afaafa no ntam.
18 En ce jour-là, l’Éternel fit une alliance avec Abram, disant: Je donne ce pays à ta semence, depuis le fleuve d’Égypte jusqu’au grand fleuve, le fleuve Euphrate:
Saa da no ara, Awurade ne Abram yɛɛ apam, kae se, “Mede saa asase a efi Misraim asubɔnten no ho, de kosi asubɔnten kɛse Eufrate ho bɛma wo ne wʼasefo.
19 le Kénien, et le Kenizien, et le Kadmonien,
Saa ara nso na mede Kenifo, Kenesifo, Kadmonifo,
20 et le Héthien, et le Phérézien, et les Rephaïm,
Hetifo, Perisifo, Refaimfo,
21 et l’Amoréen, et le Cananéen, et le Guirgasien, et le Jébusien.
Amorifo, Kanaanfo, Girgasifo ne Yebusifo nsase nyinaa bɛma wo ne wʼasefo no.”

< Genèse 15 >