< Ézéchiel 16 >

1 Et la parole de l’Éternel vint à moi, disant:
Awurade asɛm baa me nkyɛn se
2 Fils d’homme, fais connaître à Jérusalem ses abominations,
“Onipa ba, fa akyiwade a Yerusalem yɛ no si nʼanim
3 et dis: Ainsi dit le Seigneur, l’Éternel, à Jérusalem: Ton origine et ta naissance sont du pays des Cananéens; ton père était un Amoréen, et ta mère une Héthienne.
na ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nkyi ne wʼawo fi Kanaanfo asase so; na wʼagya yɛ Amorini na wo na nso yɛ Hetini.
4 Et, quant à ta naissance, le jour où tu naquis ton nombril ne fut pas coupé; et tu ne fus pas lavée dans l’eau pour être nettoyée; et tu ne fus pas frottée avec du sel, et tu ne fus pas emmaillotée.
Da a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsu anguare wo sɛ wo ho bɛtew nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntama ankyekyere wo ho.
5 Aucun œil n’eut pitié de toi pour te faire une seule de ces choses, pour avoir compassion de toi; mais tu fus jetée sur la face des champs, à cause de l’horreur qu’on avait de toi, le jour où tu naquis.
Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa.
6 Et je passai près de toi, et je te vis gisante dans ton sang, et je te dis, dans ton sang: Vis! et je te dis, dans ton sang: Vis!
“‘Mibepuee wo so, na mihuu sɛ worewɔ wʼanan na woda mogya mu, na sɛnea na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo se, “Nya nkwa!”
7 Je t’ai multipliée comme le germe des champs; et tu pris ta croissance, et tu devins grande, et tu parvins au comble de la beauté; tes seins se formèrent, et ta chevelure se développa; mais tu étais nue et découverte.
Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw.
8 Et je passai près de toi, et je te vis, et voici, ton âge était l’âge des amours; et j’étendis sur toi le pan de ma robe, et je couvris ta nudité; et je te jurai, et j’entrai en alliance avec toi, dit le Seigneur, l’Éternel; et tu fus à moi.
“‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo Awurade na ose.
9 Et je te lavai dans l’eau, et je lavai à grande eau ton sang de dessus toi, et je t’oignis d’huile;
“‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo.
10 et je te vêtis de broderie, et je te chaussai de [peau de] taisson, et je te ceignis de lin blanc, et je te couvris de soie;
Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so.
11 et je te parai d’ornements, et je mis des bracelets à tes mains et un collier à ton cou;
Mede agude siesiee wo, mede nkapo guu wo nsa, mede kɔnmuade too wo kɔn mu,
12 et je mis un anneau à ton nez et des pendants à tes oreilles, et une couronne de beauté sur ta tête.
na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ.
13 Et tu fus parée d’or et d’argent, et ton vêtement était de lin blanc, et de soie, et de broderie. Tu mangeas de la fleur de farine, et du miel, et de l’huile. Et tu devins extrêmement belle, et tu prospéras jusqu’à être un royaume.
Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo, wʼadurade yɛɛ nwera papa ne ntama a ne bo yɛ den ne nea wɔadi mu adwinni. Wʼaduan yɛɛ esiam papa, ɛwo ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmea.
14 Et ta renommée se répandit parmi les nations à cause de ta beauté, car elle était parfaite par ma magnificence que j’avais mise sur toi, dit le Seigneur, l’Éternel.
Na wʼahoɔfɛ nti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, efisɛ anuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm ni.
15 Mais tu te confias en ta beauté, et tu te prostituas à cause de ta renommée, et tu prodiguas tes prostitutions à tout passant: c’était pour lui.
“‘Nanso wʼahoɔfɛ nti wugyee wo ho dii na wode wo din a ahyeta no bɔɔ aguaman. Wugyaa wo ho maa obiara a ɔretwa mu na woyɛɛ wɔn adɔe.
16 Et tu pris de tes vêtements, et tu te fis des hauts lieux de diverses couleurs, et tu t’y prostituas, ce qui n’était jamais arrivé, et ne sera plus.
Wode wo ntade no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn; hɔ na wokɔbɔɔ aguaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso.
17 Et tu pris tes objets de parure, [faits] de mon or et de mon argent que je t’avais donnés, et tu t’en fis des images d’un mâle, et tu te prostituas avec elles;
Afei wode wo nnwinne fɛfɛ a mede maa wo no, nea mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛe no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ aguaman.
18 et tu pris tes vêtements de broderie, et tu les en couvris, et tu mis devant elles mon huile et mon encens;
Wode wo ntade a wɔadi mu adwinni hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhuam brɛɛ wɔn.
19 et mon pain que je t’avais donné, la fleur de farine, et l’huile, et le miel, dont je te nourrissais, tu les mis devant elles, en odeur agréable. Il en a été ainsi, dit le Seigneur, l’Éternel.
Bio aduan a mede maa wo no, esiam papa, ɛwo ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔde a eyi hua. Saa na esii, Otumfo Awurade asɛm ni.
20 Et tu pris tes fils et tes filles que tu m’avais enfantés, et tu les leur offris en sacrifice pour qu’ils les dévorent. Était-ce trop peu que ta prostitution?
“‘Wofaa wo mmabarima ne wo mmabea, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔre sɛ aduan maa ahoni. Wʼaguamammɔ no nnɔɔso ana?
21 Tu égorgeas mes fils, et tu les livras, en les leur consacrant.
Wukum me mma de wɔn bɔɔ afɔre maa ahoni no.
22 Et avec toutes tes abominations et tes prostitutions, tu ne t’es pas souvenue des jours de ta jeunesse, quand tu étais nue et découverte, gisante dans ton sang.
Akyiwade a woyɛɛ ne wʼaguamammɔ akyi no, woankae wo mmabun bere a na wo ho da hɔ na worewɔ wʼanan wɔ mogya mu no.
23 Et il arriva, après toutes tes iniquités, – malheur, malheur à toi, dit le Seigneur, l’Éternel, –
“‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfo Awurade na ose. Wʼamumɔyɛ nyinaa akyi no,
24 que tu t’es bâti un lieu de débauche et que tu t’es fait un haut lieu dans toutes les places:
wusii bammɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tenten wɔ aguabɔbea biara.
25 au bout de chaque chemin tu as bâti ton haut lieu, et tu as rendu ta beauté abominable, et tu t’es découverte à tout passant, et tu as multiplié tes prostitutions.
Borɔn so baabiara wusisii abosonnan atenten, na wosɛe wʼahoɔfɛ efisɛ honam akɔnnɔ bɔne nti wode wo ho maa obiara a ɔretwa mu.
26 Et tu as commis fornication avec les fils de l’Égypte, tes voisins, au corps vigoureux; et tu as multiplié tes prostitutions pour me provoquer à colère.
Wo ne Misraimfo a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ aguaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuw.
27 Et voici, j’ai étendu ma main sur toi, et j’ai diminué ce qui t’était assigné, et je t’ai livrée à la volonté de celles qui te haïssent, les filles des Philistins, qui ont honte de tes voies d’infamie.
Enti meteɛɛ me nsa wɔ wo so na metew wʼahye so. Mede wo maa wʼatamfo aniberefo, Filistifo mmabea a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwonwa no.
28 Et tu as commis fornication avec les fils d’Assur, parce que tu ne pouvais être rassasiée; tu as commis fornication avec eux, et même tu n’as pas été rassasiée.
Wo ne Asiriafo nso bɔɔ aguaman, efisɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara.
29 Et tu as multiplié tes prostitutions avec un pays de marchands, la Chaldée, et même avec cela tu n’as pas été rassasiée.
Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ aguadifo asase kaa ho, nanso eyi ammee wo ara.
30 Oh! que ton cœur est faible, dit le Seigneur, l’Éternel, que tu aies fait toutes ces choses, l’œuvre d’une prostituée éhontée,
“‘Wunni ahohyɛso koraa, Otumfo Awurade asɛm ni, sɛ wutumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ oguamanfo a nʼani nwu hwee.
31 te bâtissant ton lieu de débauche au bout de chaque chemin; et tu as établi ton haut lieu dans toutes les places. Et tu n’es pas comme une prostituée, en ce que tu dédaignes le salaire:
Wusisii bammɔ pie wɔ mmorɔn so na wusisii abosonnan atenten wɔ aguabɔbea biara, na wonsɛ oguamanfo, efisɛ wopoo akatua.
32 femme qui commets l’adultère, tu prends des étrangers à la place de ton mari.
“‘Wo, ɔyere waresɛefo, wopɛ ahɔho sen wo ara wo kunu!
33 On fait des cadeaux à toutes les prostituées; mais toi, tu fais tes cadeaux à tous tes amants, et tu les engages par des présents à venir vers toi de tous côtés, pour tes prostitutions.
Oguamanfo biara gye akatua, nanso wo de, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfo nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, womfi baabiara mmra wo nkyɛn.
34 Et il arrive chez toi, dans tes prostitutions, le contraire de [ce qui se voit] chez les femmes: on ne te suit pas pour commettre fornication; et, en ce que tu donnes des présents et qu’on ne te donne pas de présents, tu fais le contraire.
Enti wʼaguamammɔ mu no wo nte sɛ afoforo; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔe. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, efisɛ wutua ka na obiara mma wo hwee.
35 C’est pourquoi, prostituée, écoute la parole de l’Éternel:
“‘Enti, wo oguamanfo, tie Awurade asɛm!
36 Ainsi dit le Seigneur, l’Éternel: Parce que ton argent a été dissipé, et que ta nudité a été découverte à tes amants par tes prostitutions, et à toutes les idoles de tes abominations, et à cause du sang de tes fils que tu leur as livrés;
Sɛɛ na Otumfo Awurade se. Esiane sɛ wuhwie wʼahonya gui, na wodaa wʼadagyaw adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfo nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwade na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no nti,
37 à cause de cela, voici, je rassemble tous tes amants avec lesquels tu te plaisais, et tous ceux que tu as aimés, avec tous ceux que tu as haïs; et je les rassemblerai de toutes parts contre toi, et je leur découvrirai ta nudité, et ils verront toute ta nudité.
merebɛboaboa wʼadɔfo a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afi wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wobehu wʼadagyaw nyinaa.
38 Et je te jugerai du jugement des femmes adultères et de celles qui versent le sang, et je te livrerai au sang de la fureur et de la jalousie;
Mede asotwe a wɔde ma mmea aguamammɔfo ne mogyahwiegufo no bɛyɛ wʼatemmu. Mede me mogya aweretɔ a efi mʼabufuwhyew ne me ninkutwe abufuw mu bɛba wo so.
39 et je te livrerai entre leurs mains, et ils abattront ton lieu de débauche et démoliront tes hauts lieux; et ils te dépouilleront de tes vêtements, et prendront tes objets de parure, et te laisseront nue et découverte.
Afei mede wo bɛma wʼadɔfo na wobebubu bammɔ pie a woahɔre no, asɛe abosonnan atenten no. Wɔbɛpa wo ho ntama, wɔbɛfa wo nnwinne fɛfɛ no, na wɔagyaw wo hɔ adagyaw mu.
40 Et on fera monter contre toi un rassemblement [d’hommes], et ils te lapideront avec des pierres, et te transperceront avec leurs épées;
Wɔde nnipadɔm a wobesiw wo abo na wɔde wɔn afoa atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so.
41 et ils brûleront tes maisons par le feu, et exécuteront sur toi des jugements aux yeux de beaucoup de femmes. Et je te ferai cesser de commettre fornication, et, des présents aussi, tu n’en donneras plus.
Wɔbɛhyehyew wʼafi na wɔatwe wʼaso wɔ mmea bebree anim. Metwa wʼaguamammɔ no so na woagyae akatua a wode ma wʼadɔfo no.
42 Et je satisferai ma fureur sur toi, et ma jalousie se retirera de toi; et je me tiendrai tranquille, et je ne me courroucerai plus.
Afei mʼabufuwhyew ano bedwo na me ninkutwe abufuw no befi wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na me bo remfuw bio.
43 Parce que tu ne t’es pas souvenue des jours de ta jeunesse, et que tu m’as irrité par toutes ces choses, voici, moi aussi je fais retomber ta voie sur ta tête, dit le Seigneur, l’Éternel; et tu ne commettras pas l’infamie par-dessus toutes tes abominations.
“‘Sɛ woankae wo mmabun nna, na wode eyinom nyinaa hyɛɛ me abufuw nti, ɔkwan biara so mɛma nea woayɛ no abɔ wo ti so, Otumfo Awurade na ose. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwade no ho ana?
44 Voici, tous ceux qui font des proverbes feront un proverbe sur toi, disant: Telle mère, telle fille!
“‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.”
45 Tu es la fille de ta mère qui avait en horreur son mari et ses enfants; et tu es la sœur de tes sœurs qui avaient en horreur leurs maris et leurs enfants. Votre mère était une Héthienne, et votre père était un Amoréen.
Woyɛ wo na a ɔsopaa ne kunu ne ne mma no babea kann, na woyɛ wo nuanom mmea a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma no nuabea ankasa. Wo na yɛ Hetini na wʼagya yɛ Amorini.
46 Et ta sœur, l’aînée, c’est Samarie qui demeure à ta gauche, elle et ses filles; et ta jeune sœur qui demeure à ta droite, c’est Sodome et ses filles.
Na wo nuabea panyin ne Samaria a na ɔne ne mmabea te wʼatifi fam, na wo nuabea kumaa a ɔne ne mmabea te wʼanafo fam, yɛ Sodom.
47 Mais tu n’as pas marché dans leurs voies, et tu n’as pas fait selon leurs abominations; mais, comme si c’était bien peu, tu t’es corrompue dans toutes tes voies plus qu’elles.
Woannantew wɔn akwan mu, ansua wɔn akyiwadeyɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔwee sen wɔn.
48 Je suis vivant, dit le Seigneur, l’Éternel, que Sodome ta sœur, elle et ses filles, n’a pas fait comme tu as fait, toi et tes filles!
Sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade na ose, wo nuabea Sodom ne ne mmabea anyɛ nea wo ne wo mmabea ayɛ no da.
49 Voici, c’est ici l’iniquité de ta sœur Sodome: orgueil, abondance de pain et insouciant repos, elle les a possédés, elle et ses filles; mais elle n’a pas fortifié la main de l’affligé et du pauvre.
“‘Eyi ne bɔne a wo nuabea Sodom yɛe: Ɔno ne ne mmabea yɛɛ ahantan, wodidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafo ne mmɔborɔfo.
50 Elles se sont élevées et ont commis des abominations devant moi; et je les ai ôtées lorsque je l’ai vu.
Wɔyɛɛ ahomaso ne akyiwade wɔ mʼanim. Ɛno nti miyii wɔn sii nkyɛn sɛnea woahu no.
51 Et Samarie n’a pas péché selon la moitié de tes péchés; tu as multiplié plus qu’elles tes abominations, et tu as justifié tes sœurs par toutes tes abominations que tu as commises.
Samaria anyɛ bɔne a woyɛɛ no mu fa. Woayɛ akyiwade a ɛboro nea wo nuabeanom no yɛe no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuabeanom no te, esiane saa nneɛma a woayɛ no nti.
52 Toi aussi, toi qui as jugé tes sœurs, porte ta confusion à cause de tes péchés, par lesquels tu as agi plus abominablement qu’elles; elles sont plus justes que toi. Et toi aussi, sois honteuse et porte ta confusion, parce que tu as justifié tes sœurs.
Gye wʼanimguase, efisɛ woama wo nuabeanom adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sen wɔn de, enti ayɛ sɛ wɔteɛ sen wo. Ɛno de, afei gye wʼanimguase na wama ayɛ sɛ wo nuabeanom te.
53 Et je tournerai [en délivrance] leur captivité, la captivité de Sodome et de ses filles, et la captivité de Samarie et de ses filles, et la captivité de tes captifs au milieu d’elles,
“‘Nanso mede Sodom siade ne ne mmabea, Samaria siade ne ne mmabea bɛma wɔn, na mede wo siade bɛka ho,
54 afin que tu portes ta confusion, et que tu sois confuse de tout ce que tu as fait, en ce que tu les consoles.
sɛnea ɛbɛyɛ a wubegye wʼanimguase na wʼani bewu wɔ nea woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho.
55 Et tes sœurs, Sodome et ses filles, retourneront à leur ancien état, et Samarie et ses filles retourneront à leur ancien état; et toi et tes filles, vous retournerez à votre ancien état.
Na wo nuabeanom Sodom ne ne mmabea, Samaria ne ne mmabea bɛsan akɔ wɔn tebea dedaw mu, na wo ne wo mmabea nso bɛsan akɔ mo dedaw mu.
56 Et Sodome, ta sœur, n’a pas été mentionnée par ta bouche, au jour de ton orgueil,
Woremmɔ wo nuabea Sodom din wɔ wʼahohoahoa da no mpo,
57 avant que ton iniquité soit découverte, comme au temps des outrages des filles d’Aram et de toutes celles d’alentour, des filles des Philistins, qui te méprisaient de toutes parts.
kosi sɛ wʼamumɔyɛ ho daa hɔ. Ebesi nnɛ Edom mmabea bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia ne Filistifo mmabea; wɔn a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.
58 Ton infamie et tes abominations, tu les portes, dit l’Éternel.
Nea ebefi nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwade mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm ni.
59 Car ainsi dit le Seigneur, l’Éternel: Je te ferai comme tu as fait, toi qui as méprisé le serment et rompu l’alliance.
“‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo bedi no sɛnea ɛfata, efisɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa.
60 Mais je me souviendrai de mon alliance avec toi dans les jours de ta jeunesse, et j’établirai pour toi une alliance éternelle.
Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabun bere mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
61 Et tu te souviendras de tes voies; et tu seras confuse, quand tu recevras tes sœurs, tes aînées, avec celles qui sont plus jeunes que toi, et que je te les donnerai pour filles, mais non pas selon ton alliance.
Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu bere a wo nsa aka wo nuabeanom; wɔn a wɔanyinyin sen wo ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmabea, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so.
62 Et j’établirai mon alliance avec toi, et tu sauras que je suis l’Éternel;
Enti me ne wo bɛyɛ apam na wubehu sɛ mene Awurade.
63 afin que tu te souviennes, et que tu sois honteuse, et que tu n’ouvres plus la bouche, à cause de ta confusion, quand je te pardonnerai tout ce que tu as fait, dit le Seigneur, l’Éternel.
Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ nea woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bewu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase no nti, Otumfo Awurade asɛm ni.’”

< Ézéchiel 16 >