< Exode 7 >
1 Et l’Éternel dit à Moïse: Vois, je t’ai fait Dieu pour le Pharaon; et Aaron, ton frère, sera ton prophète.
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mayi wo sɛ mʼananmusini wɔ Farao anim na Aaron ayɛ wo ɔkyeame.
2 Toi, tu diras tout ce que je te commanderai; et Aaron, ton frère, parlera au Pharaon, pour qu’il laisse aller les fils d’Israël hors de son pays.
Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim.
3 Et moi, j’endurcirai le cœur du Pharaon, et je multiplierai mes signes et mes miracles dans le pays d’Égypte.
Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim.
4 Et le Pharaon ne vous écoutera pas; et je mettrai ma main sur l’Égypte, et je ferai sortir mes armées, mon peuple, les fils d’Israël, hors du pays d’Égypte, par de grands jugements;
Anwanwadeɛ ahodoɔ no akyiri, ɔbɛkɔ so ayɛ akomaden ara, enti mɛtɔre wɔn ase na madi me manfoɔ anim, ayi wɔn afiri asase no so.
5 et les Égyptiens sauront que je suis l’Éternel, lorsque j’aurai étendu ma main sur l’Égypte et que j’aurai fait sortir les fils d’Israël du milieu d’eux.
Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfoɔ no a, wɔbɛhunu sɛ, nokorɛ, mene Awurade no, na wɔama me nkurɔfoɔ no ɛkwan ama wɔakɔ.”
6 Et Moïse et Aaron firent comme l’Éternel leur avait commandé; ils firent ainsi.
Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ wɔn no.
7 Et Moïse était âgé de 80 ans, et Aaron âgé de 83 ans, quand ils parlèrent au Pharaon.
Ɛberɛ a Mose ne Aaron kɔhyiaa Farao no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, ɛnna Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa.
8 Et l’Éternel parla à Moïse et à Aaron, disant:
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ,
9 Quand le Pharaon vous parlera, en disant: Montrez pour vous un miracle, tu diras à Aaron: Prends ta verge, et jette-la devant le Pharaon: elle deviendra un serpent.
“Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no ama wahunu sɛ, nokorɛ, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ ɔbisa saa a, Aaron nto ne poma no ntwene fam na ɛbɛdane ɔwɔ.”
10 Et Moïse et Aaron vinrent vers le Pharaon, et firent ainsi, selon que l’Éternel avait commandé; et Aaron jeta sa verge devant le Pharaon et devant ses serviteurs, et elle devint un serpent.
Enti, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwanwadeɛ no sɛdeɛ Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron too ne poma no twenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfoɔ anim ma ɛdanee ɔwɔ.
11 Et le Pharaon appela aussi les sages et les magiciens; et eux aussi, les devins d’Égypte, firent ainsi par leurs enchantements:
Farao nso frɛɛ nʼanyansafoɔ ne ne nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwanwadeɛ korɔ no ara bi.
12 ils jetèrent chacun sa verge, et elles devinrent des serpents; mais la verge d’Aaron engloutit leurs verges.
Wɔn nso, wɔn poma tumi danee ɔwɔ. Nanso, Aaron ɔwɔ no menee wɔn deɛ no.
13 Et le cœur du Pharaon s’endurcit, et il ne les écouta point, comme avait dit l’Éternel.
Farao kɔɔ so yɛɛ akomaden a na ɔmpɛ sɛ ɔtie asɛm a Awurade kaeɛ no.
14 Et l’Éternel dit à Moïse: Le cœur du Pharaon est endurci; il refuse de laisser aller le peuple.
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Farao apirim nʼakoma enti, ɔbɛkɔ so asi nnipa no ɛkwan sɛ ɔremma wɔnkɔ.
15 Va, le matin, vers le Pharaon; voici, il sortira vers l’eau: et tu te présenteras à sa rencontre, sur le bord du fleuve, et tu prendras dans ta main la verge qui a été changée en serpent;
Nanso Awurade kaa sɛ: Sane kɔ Farao nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kɔgyina asuo no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura wo.
16 et tu lui diras: L’Éternel, le Dieu des Hébreux, m’a envoyé vers toi, disant: Laisse aller mon peuple, pour qu’ils me servent dans le désert. Et voici, tu n’as point écouté jusqu’ici.
Ka kyerɛ no sɛ, ‘Awurade, Hebrifoɔ Onyankopɔn asane asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no ɛkwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ ɛserɛ so. Woayɛ asoɔden.
17 Ainsi dit l’Éternel: À ceci tu connaîtras que je suis l’Éternel: Voici, je frappe de la verge qui est dans ma main les eaux qui sont dans le fleuve, et elles seront changées en sang;
Afei, Awurade se: Wobɛhunu sɛ, mene Awurade no. Ɛfiri sɛ, maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne poma no mmɔ Nil nsuo no mu na nsuo no bɛdane mogya.
18 et le poisson qui est dans le fleuve mourra, et le fleuve deviendra puant, et les Égyptiens seront dégoûtés de boire des eaux du fleuve.
Nsuomnam a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bɛwuwu ama nsuo no abɔn a Misraimfoɔ no rentumi nnom.’”
19 Et l’Éternel dit à Moïse: Dis à Aaron: Prends ta verge, et étends ta main sur les eaux des Égyptiens, sur leurs rivières, sur leurs canaux, et sur leurs étangs, et sur tous leurs amas d’eau; et elles deviendront du sang; et il y aura du sang par tout le pays d’Égypte, et dans les vases de bois et dans les vases de pierre.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne poma no nkyerɛ nsuo a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔntene, wɔn nsuwa, wɔn atadeɛ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ ne nsuo a ɛwɔ afie mu nyinaa so na ɛbɛdane mogya.”
20 Et Moïse et Aaron firent ainsi, selon que l’Éternel l’avait commandé. Et il leva la verge, et frappa les eaux qui étaient dans le fleuve, aux yeux du Pharaon et aux yeux de ses serviteurs: et toutes les eaux qui étaient dans le fleuve furent changées en sang;
Enti, Mose ne Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ wɔn no. Ɛberɛ a Farao ne ne mpanimfoɔ gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de poma no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no danee mogya.
21 et le poisson qui était dans le fleuve mourut; et le fleuve devint puant, et les Égyptiens ne pouvaient boire de l’eau du fleuve; et il y avait du sang dans tout le pays d’Égypte.
Nsuomnam a wɔwɔ mu nyinaa wuwuiɛ maa nsuo no bɔnee enti, na Misraimfoɔ no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa danee mogya.
22 Et les devins d’Égypte firent de même par leurs enchantements. Et le cœur du Pharaon s’endurcit, et il ne les écouta point, comme avait dit l’Éternel.
Nkonyaayifoɔ a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayie so maa nsuo danee mogya enti, Farao kɔɔ so pirim nʼakoma a na ɔntie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no.
23 Et le Pharaon se tourna, et entra dans sa maison, et n’appliqua pas son cœur à cela non plus.
Ɔsane kɔɔ nʼahemfie a hwee ampusu no.
24 Et tous les Égyptiens creusèrent autour du fleuve [pour trouver] de l’eau à boire, car ils ne pouvaient boire des eaux du fleuve.
Misraimfoɔ no tutuu nsubura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛdeɛ wɔbɛnya nsuo anom, ɛfiri sɛ, na wɔntumi nsa nsuo wɔ asubɔnten no mu.
25 Et sept jours s’accomplirent après que l’Éternel eut frappé le fleuve.
Asubɔnten a ɛdanee mogya no dii nnawɔtwe.