< Psaumes 123 >
1 Cantique des montées. J’élève mes yeux vers toi, ô toi qui siège dans les cieux!
Ɔsoroforɔ dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahennwa si ɔsoro.
2 Comme l’œil du serviteur est fixé sur la main de son maître, et l’œil de la servante sur la main de sa maîtresse, ainsi nos yeux sont fixés sur Yahweh, notre Dieu, jusqu’à ce qu’il ait pitié de nous.
Sɛdeɛ nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛdeɛ afenaa ani hwɛ nʼawurakwaa nsa no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn kɔsi sɛ ɔbɛhunu yɛn mmɔbɔ.
3 Aie pitié de nous, Yahweh, aie pitié de nous, car nous n’avons été que trop rassasiés d’opprobres.
Hu yɛn mmɔbɔ, Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtia bebree.
4 Notre âme n’a été que trop rassasiée de la moquerie des superbes, du mépris des orgueilleux.
Ahomasofoɔ fɛdie ama yɛabrɛ dodo; ahantanfoɔ animtiabuo afono yɛn.