< 1 Samuel 28 >

1 En ce temps-là, les Philistins rassemblèrent leurs troupes en une seule armée pour aller combattre contre Israël. Et Achis dit à David: « Sache que tu viendras avec moi au camp, toi et tes hommes. »
Saa bere no, Filistifo no boaboaa wɔn asraafo ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid se, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.”
2 David répondit à Achis: « Aussi tu verras ce que fera ton serviteur. » Et Achis dit à David: « Et moi je t'établirai pour toujours gardien de ma personne. »
Dawid penee so se, “Eye pa ara, wʼankasa wubehu nea wʼakoa betumi ayɛ.” Akis kae se, “Eye, mɛyɛ wo me bammɔfo afebɔɔ.”
3 Samuel était mort; tout Israël l'avait pleuré, et on l'avait enterré à Rama, dans sa ville. Et Saül avait fait disparaître du pays ceux qui évoquaient les morts et les devins.
Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so.
4 Les Philistins s'étant rassemblés, vinrent camper à Sunam; Saül rassembla tout Israël, et ils campèrent à Gelboé.
Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa.
5 A la vue du camp des Philistins, Saül eut peur, et son cœur fut fort agité.
Bere a Saulo huu Filistifo asraafo no dodow no, osuroe; ehu hyɛɛ ne koma ma.
6 Saül consulta Yahweh, et Yahweh ne lui répondit point, ni par les songes, ni par l'Urim, ni par les prophètes.
Obisaa Awurade nea ɔnyɛ nanso Awurade amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no.
7 Alors Saül dit à ses serviteurs: « Cherchez-moi une femme qui évoque les morts, et j'irai vers elle et je la consulterai. » Ses serviteurs lui dirent: « Il y a à Endor une femme qui évoque les morts. »
Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufo se, “Monhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” Nʼafotufo no buae se, “Ɔbea samanfrɛfo bi wɔ En-Dor.”
8 Saül se déguisa et mit d'autres vêtements, et il partit, accompagné de deux hommes. Ils arrivèrent de nuit chez la femme, et Saül lui dit: « Prédis-moi l'avenir en évoquant un mort, et fais-moi monter celui que je te dirai. »
Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”
9 La femme lui répondit: « Voici que tu sais ce qu'a fait Saül, comment il a retranché du pays ceux qui évoquent les morts et les devins; pourquoi me tends-tu un piège, pour me faire mourir? »
Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?”
10 Saül lui jura par Yahweh en disant: « Aussi vrai que Yahweh est vivant! il ne t'arrivera aucun mal à cause de cela. »
Saulo de Awurade din kaa no ntam se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ eyi ho da.”
11 Et la femme dit: « Qui te ferai-je monter? » Il répondit: « Fais-moi monter Samuel. »
Afei, ɔbea no bisae se, “Hena na memfrɛ no mma wo?” Obuae se, “Frɛ Samuel ma me.”
12 A la vue de Samuel, la femme poussa un grand cri; et la femme dit à Saül: « Pourquoi m'as-tu trompée? Tu es Saül! »
Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “woadaadaa me! Wone Saulo!”
13 Le roi lui dit: « Ne crains pas; mais qu'as-tu vu? » La femme dit à Saül: « Je vois un dieu qui monte de la terre. »
Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro. Dɛn na wuhu?” Ɔbea no buae se, “Mihu honhom bi sɛ apue afi fam reba.”
14 Il lui dit: « Quelle figure a-t-il? » Et elle répondit: « C'est un vieillard qui monte, et il est enveloppé d'un manteau. » Saül comprit que c'était Samuel, et il se jeta le visage contre terre et se prosterna.
Saulo bisae se, “Ɔte dɛn?” Obuae se, “Akwakoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” Ɛhɔ na Saulo huu sɛ ɛyɛ Samuel, enti ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuw fam.
15 Samuel dit à Saül: « Pourquoi m'as-tu troublé, en me faisant monter? » Saül répondit: « Je suis dans une grande détresse: les Philistins me font la guerre, et Dieu s'est retiré de moi; il ne m'a répondu ni par les prophètes ni par les songes. Je t'ai évoqué pour que tu me fasses connaître ce que j'ai à faire. »
Samuel bisae se, “Adɛn nti na wofrɛ me de haw me saa?” Saulo buae se, “Efisɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifo de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agyaw me. Mente ne nka wɔ adiyifo nkyɛn anaa daeso mu. Enti mafrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ.”
16 Samuel dit: « Pourquoi me consultes-tu, puisque Yahweh s'est retiré de toi et qu'il est devenu ton adversaire?
Na Samuel buae se, “Sɛ Awurade agyaw wo, abɛyɛ wo tamfo a, adɛn nti na worebisa me?
17 Yahweh a agi comme il l'avait annoncé par mon intermédiaire: Yahweh a arraché la royauté de ta main, et l'a donnée à ton compagnon, à David.
Awurade ayɛ nea ɔnam me so hyɛɛ ho nkɔm no. Wagye ahenni no afi wo nsam de ama Dawid, wo nkurɔfo no mu baako.
18 Parce que tu n'as pas obéi à la voix de Yahweh, et que tu n'as pas traité Amalec selon l'ardeur de sa colère, c'est pour cela que Yahweh a ainsi agi envers toi en ce jour.
Awurade ayɛ saa, efisɛ woanni ne mmara a ɛfa Amalekfo ho no so.
19 Et même Yahweh livrera Israël avec toi aux mains des Philistins. Demain, toi et tes fils, vous serez avec moi, et Yahweh livrera le camp d'Israël entre les mains des Philistins. »
Nea ɛka ho ne se, ɔkyena, Awurade de wo ne Israel asraafo nyinaa bɛma Filistifo, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. Awurade bɛma Israel asraafo no nyinaa adi nkogu.”
20 Aussitôt Saül tomba par terre de toute sa hauteur, car les paroles de Samuel l'avaient rempli d'effroi; de plus, les forces lui manquaient, car il n'avait pris aucune nourriture de tout le jour et de toute la nuit.
Samuel nsɛm a Saulo tee no nti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam. Na onni ahoɔden biara, efisɛ na onnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa.
21 La femme vint vers Saül et, voyant son grand trouble, elle lui dit: « Ta servante a obéi à ta voix; j'ai exposé ma vie, en obéissant aux paroles que tu m'as dites.
Ɔbea no huu adwene mu haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisade.
22 Ecoute maintenant, toi aussi, la voix de ta servante, et que je t'offre un morceau de pain; manges-en, pour avoir de la force lorsque tu poursuivras ta route. »
Enti yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛnea ɛbɛma woanya ahoɔden asan akɔ wʼakyi.”
23 Mais il refusa et dit: « Je ne mangerai point. » Ses serviteurs, ainsi que la femme, le pressèrent, et il se rendit à leurs instances. Il se leva de terre et s'assit sur le divan.
Nanso Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ onnidi. Enti akyiri no, ɔpenee so sɔre fii fam hɔ, tenaa akongua so.
24 La femme avait chez elle un veau gras, elle se hâta de le tuer et, prenant de la farine, elle la pétrit et en cuisit des pains sans levain.
Na ɔbea no ayɛn nantwi ba ama wadɔ srade nti, ɔyɛɛ ntɛm kokum no, na ɔfɔw asikresiam, fɔtɔw de too apiti.
25 Elle les mit devant Saül et devant ses serviteurs, et ils mangèrent. Puis s'étant levés, ils partirent la nuit même.
Ɔde aduan no besii Saulo ne ne mmarima no anim ma wodii. Na wofii hɔ kɔɔ anadwo no.

< 1 Samuel 28 >