< Isaïe 37 >

1 Lorsque le roi Ezéchias eut entendu ce rapport, il déchira ses vêtements, se couvrit d’un sac et alla dans la maison de Yahweh.
Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.
2 Il envoya Eliacim, chef de sa maison, Sobna, le secrétaire, et les anciens des prêtres, couverts de sacs, vers Isaïe, fils d’Amos, le prophète.
Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn.
3 Ils lui dirent: « Ainsi dit Ezéchias: Ce jour est un jour d’angoisse, de châtiment et d’opprobre; car les enfants sont près de sortir du sein maternel, et il n’y a pas de force pour enfanter.
Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.
4 Peut-être Yahweh, ton Dieu, entendra-t-il les paroles du grand échanson, que le roi d’Assyrie, son maître, a envoyé pour insulter au Dieu vivant, et le punira-t-il à cause des paroles qu’a entendues Yahweh, ton Dieu. Fais donc une prière pour le reste qui subsiste encore! »
Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”
5 Les serviteurs du roi Ezéchias se rendirent auprès d’Isaïe,
Bere a Ɔhene Hesekia mpanyimfo no de ɔhene no nkra brɛɛ Yesaia no,
6 et Isaïe leur dit: « Voici ce que vous direz à votre maître: Ainsi dit Yahweh: Ne t’effraie pas des paroles que tu as entendues, par lesquelles les serviteurs du roi d’Assyrie m’ont outragé.
Yesaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo.
7 Voici que je mets en lui un esprit tel que, sur une nouvelle qu’il apprendra, il retournera dans son pays, et je le ferai tomber par l’épée dans son pays. »
Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’”
8 Le grand échanson s’en retourna et trouvas le roi d’Assyrie qui attaquait Lobna; car il avait appris que son maître était parti de Lachis.
Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
9 Or le roi d’Assyrie reçut une nouvelle au sujet de Tharaca, roi d’Ethiopie; on lui dit: « Il s’est mis en marche pour te faire la guerre. » Entendant cela, il envoya des messagers à Ezéchias en disant:
Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di asraafo anim rebɛko atia no. Bere a ɔtee no, ɔsomaa abɔfo kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no se,
10 « Vous parlerez ainsi à Ezéchias, roi de Juda: Que ton Dieu, en qui tu te confies, ne t’abuse pas en disant: Jérusalem ne sera pas livrée entre les mains du roi d’Assyrie.
“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’
11 Voici que tu as appris ce qu’ont fait les rois d’Assyrie à tous les pays, les soumettant à l’anathème!... Et toi, tu serais délivré!...
Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana?
12 Est-ce que leurs dieux les ont délivrées, ces nations que mes pères ont détruites: Gozan, Haram, Réseph et les fils d’Eden, qui étaient à Thélasar?
Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Talasar no anyame gyee wɔn ana?
13 Où sont le roi d’Emath, le roi d’Arphad et le roi de la ville de Sépharvaïm, d’Ana et d’Ava? »
Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”
14 Ezéchias, ayant pris la lettre de la main des messagers, la lut; puis Ezéchias monta à la maison de Yahweh et la déploya devant Yahweh.
Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim.
15 Et Ezéchias pria devant Yahweh, en disant:
Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se,
16 « Yahweh des armées, Dieu d’Israël, assis sur les Chérubins, c’est vous qui êtes le seul Dieu de tous les royaumes de la terre, vous qui avez fait les cieux et la terre.
“Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.
17 Yahweh, inclinez votre oreille et entendez! Yahweh, ouvrez les yeux et regardez! Entendez toutes les paroles de Sennachérib, qui a envoyé insulter au Dieu vivant.
Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.
18 Il est vrai, Yahweh, que les rois d’Assyrie ont détruit toutes les nations et dévasté leurs territoires,
“Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no.
19 et qu’ils ont jeté leurs dieux dans le feu; car ce n’étaient pas des dieux, mais des ouvrages de mains d’homme, du bois et de la pierre; et ils les ont anéantis.
Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ.
20 Maintenant, Yahweh, notre Dieu, sauvez-nous de la main de Sennachérib, et que tous les royaumes de la terre sachent que vous seul êtes Yahweh! »
Afei Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na ama ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ, wo nko ara, Awurade, ne Onyankopɔn.”
21 Et Isaïe, fils d’Amos, envoya dire à Ezéchias: « Ainsi dit Yahweh, Dieu d’Israël: La prière que tu m’as adressée au sujet de Sennachérib, roi d’Assyrie, je l’ai entendue.
Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti,
22 Voici la parole que Yahweh a prononcée contre lui: Elle te méprise, elle se moque de toi, la vierge, fille de Sion; elle branle la tête derrière toi, la fille de Jérusalem!
eyi ne asɛm a Awurade aka atia no: “Ɔbabeabun Sion sopa wo, na ɔserew wo. Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw, na ɔwosow ne ti bere a woreguan.
23 Qui as-tu insulté et outragé? Contre qui as-tu élevé la voix et porté les yeux en haut? Contre le Saint d’Israël!
Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso? Hena na womaa wo nne so tiaa no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
24 Par tes serviteurs tu as insulté le Seigneur, et tu as dit: Avec la multitude de mes chars, j’ai gravi le sommet des montagnes, les extrémités du Liban; je couperai les plus élevés de ses cèdres, les plus beaux de ses cyprès; et j’atteindrai sa dernière cime et sa forêt semblable à un verger.
Wonam wʼasomafo so adi Awurade ho fɛw. Na woaka se, ‘Me nteaseɛnam dodow nti maforo mmepɔw atenten. Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne sida atenten no, ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam. Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeberentuw mu.
25 J’ai creusé, et j’ai eu de l’eau à boire; avec la plante de mes pieds je dessécherai tous les fleuves de l’Égypte.
Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so de ne nsu pa no adwudwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu sɛnea mʼakofo betumi atwa!’
26 N’as-tu pas appris que depuis longtemps j’ai fait ces choses, et que je les ai formées dès les temps anciens? A présent je les fais s’accomplir, pour que tu réduises en monceaux de ruines les villes fortes,
“Na Montee ɛ? Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. Bere bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ ho ban.
27 Leurs habitants sont sans force, dans l’épouvante et le trouble; ils sont comme l’herbe des champs, et la tendre verdure comme le gazon des toits, comme le blé niellé qui sèche avant sa maturité.
Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn. Wɔte sɛ afuw so nnua, ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw. Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi a ɛhyew ansa na anyin.
28 Mais je sais quand tu t’assieds, quand tu sors et quand tu entres; je connais ta fureur contre moi.
“Nanso minim nea wote bere a woba ne bere a wokɔ ne sɛnea wo bo huru tia me.
29 Parce que tu es furieux contre moi, et que ton arrogance est montée à mes oreilles, je mettrai mon anneau dans ta narine et mon mors à tes lèvres, et je te ferai retourner par le chemin par lequel tu es venu.
Na esiane sɛ wo bo huru tia me na wʼahantan adu mʼasom nti, mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so asan wʼakyi.
30 Et ceci sera un signe pour toi: On mangera cette année le produit du grain tombé; la seconde année, on mangera ce qui croit de soi-même; mais la troisième année, vous sèmerez et moissonnerez, vous planterez des vignes et vous en mangerez le fruit.
“Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia: “Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii. Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba. Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa, yɛ bobe nturo na di so aba.
31 Ce qui aura été sauvé de la maison de Juda, ce qui restera, poussera encore des racines par-dessous, et portera du fruit par dessus.
Bio, nkae bi a ofi Yuda fi begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.
32 Car de Jérusalem il sortira un reste, et de la montagne de Sion des réchappés. Voilà ce que fera le zèle de Yahweh des armées.
Na nkae bi befi Yerusalem aba, na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.
33 C’est pourquoi, ainsi parle Yahweh sur le roi d’Assyrie: Il n’entrera pas dans cette ville, il n’y lancera pas de flèches, il ne lui présentera pas de boucliers, il n’élèvera pas de retranchements contre elle.
“Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu na ɔrentow bɛmma wɔ ha. Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi na ɔrensi pie ntua nʼano.
34 Il s’en retournera par le chemin par lequel il est venu, et il n’entrera pas dans cette ville, — oracle de Yahweh.
Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.” Awurade ka se, “Ɔrenwura saa kurow yi mu.
35 Je protégerai cette ville pour la sauver, à cause de moi et à cause de David, mon serviteur. »
Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti, mɛbɔ ho ban.”
36 Et l’ange de Yahweh sortit et frappa, dans le camp des Assyriens, cent quatre-vingt-cinq mille hommes, et quand on se leva le matin, voici que c’étaient tous des cadavres.
Afei Awurade bɔfo fii adi na okunkum asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe anum wɔ Asiria nsraban mu. Bere a nnipa no sɔree anɔpa no, wohuu sɛ amu gugu baabiara!
37 Et Sennachérib, roi d’Assyrie, ayant levé son camp, partit et s’en retourna, et il resta à Ninive.
Enti Asiriahene Sanaherib pɔn nʼakofo. Ɔsan kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ.
38 Comme il était prosterné dans la maison de Nesroch, son dieu, Adramélech et Sarasar, ses fils, le frappèrent avec l’épée, et s’enfuirent au pays d’Ararat. Et Asarhaddon, son fils, régna à sa place.
Da bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosonnan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de afoa kokum no, na woguan kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.

< Isaïe 37 >