< Osée 1 >

1 Parole de Yahvé adressée à Osée, fils de Beéri, aux jours d'Ozias, de Jotham, d'Achaz et d'Ézéchias, rois de Juda, et aux jours de Jéroboam, fils de Joas, roi d'Israël.
Ɛberɛ a Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia yɛ ahemfo wɔ Yuda, na Yoas babarima Yeroboam di ɔhene wɔ Israel no, Awurade de saa nsɛm yi baa Beeri babarima Hosea nkyɛn.
2 Lorsque Yahvé parla d'abord par Osée, il dit à Osée: « Va, prends pour toi une femme de prostitution et des enfants d'infidélité; car le pays commet un grand adultère, en abandonnant Yahvé. »
Ɛberɛ a Awurade dii ɛkan kasa faa Hosea so no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔware odwamanfoɔ, na wo ne no nwo, ɛfiri sɛ ɔman no di adwamammɔ ho fɔ na wɔnam so atete wɔ ne Onyankopɔn ntam.”
3 Et il alla prendre Gomer, fille de Diblaïm; et elle conçut, et lui donna un fils.
Enti, ɔwaree Diblaim babaa Gomer, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima maa no.
4 Yahvé lui dit: « Appelle-le du nom de Jizreel, pour un peu de temps encore, et je vengerai le sang de Jizreel sur la maison de Jéhu, et je ferai cesser le règne de la maison d'Israël.
Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “To ne din Yesreel, ɛfiri sɛ, merebɛtwe ɔhene Yehu fie aso, de atua awudie a ɔdii wɔ Yesreel no so ka. Na mede Israel ahennie bɛba awieeɛ.
5 Il arrivera en ce jour-là que je briserai l'arc d'Israël dans la vallée de Jizreel. »
Saa ɛda no, mɛbubu Israel tadua wɔ Yesreel bɔnhwa no mu.”
6 Elle conçut de nouveau, et enfanta une fille. Et il lui dit: « Appelle-la du nom de Lo-Ruhamah, car je n'aurai plus pitié de la maison d'Israël, et je ne leur pardonnerai plus d'aucune manière.
Gomer nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa. Na Awurade ka kyerɛɛ Hosea sɛ, “To ne din Lo-ruhama ɛfiri sɛ, merenna me dɔ adi nkyerɛ Israelfoɔ mma bio, na meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn koraa.
7 Mais j'aurai pitié de la maison de Juda, et je les sauverai par Yahvé, leur Dieu, et je ne les sauverai ni par l'arc, ni par l'épée, ni par la bataille, ni par les chevaux, ni par les cavaliers. »
Nanso, mɛyi me dɔ akyerɛ Yudafoɔ. Me Awurade wɔn Onyankopɔn, mede me tumi bɛgye wɔn afiri wɔn atamfoɔ nsam a meremfa tadua, akofena anaa ɔko anaa apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ.”
8 Or, lorsqu'elle eut sevré Lo-Ruhamah, elle conçut et enfanta un fils.
Ɛberɛ a Gomer twaa Lo-ruhama nufoɔ akyi no, ɔwoo ɔba barima foforɔ.
9 Il dit: « Appelle-le Lo-Ammi, car vous n'êtes pas mon peuple, et je ne serai pas le vôtre.
Na Awurade kaa sɛ, “To ne din Lo-ami, ɛfiri sɛ monnyɛ me nkurɔfoɔ na mennyɛ mo Onyankopɔn.
10 Mais le nombre des enfants d'Israël sera comme le sable de la mer, qui ne peut être ni mesuré ni compté; et là où on leur a dit: « Vous n'êtes pas mon peuple », on les appellera « fils du Dieu vivant ».
“Nanso, Israelfoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔntumi nkane wɔn. Beaeɛ a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monnyɛ me nkurɔfoɔ’ no, wɔbɛka sɛ, ‘Moyɛ Onyankopɔn teasefoɔ mma.’
11 Les enfants de Juda et les enfants d'Israël s'assembleront, ils se donneront une tête, et ils monteront du pays; car grand sera le jour de Jizreel.
Na Yudafoɔ ne Israelfoɔ bɛka abɔ mu bio, na wɔbɛyi ɔkwankyerɛfoɔ baako ama wɔn, na wɔn nyinaa bɛsane afiri nnommum no mu aba. Saa ɛda no bɛyɛ da kɛseɛ ama Yesreel.”

< Osée 1 >