< Psalmaro 70 >
1 Al la ĥorestro. De David. Pro memoro. Volu, ho Dio, savi min; Ho Eternulo, rapidu helpi min.
Dawid adesrɛ dwom. Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.
2 Hontiĝu kaj konfuziĝu tiuj, kiuj serĉas mian animon; Retiriĝu kaj estu mokataj tiuj, kiuj deziras al mi malbonon.
Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
3 Kun honto iru returne tiuj, Kiuj diras al mi: Ha, ha!
Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.
4 Gaju kaj ĝoju pro Vi ĉiuj Viaj serĉantoj; Kaj la amantoj de Via savo diru ĉiam: Granda estas Dio.
Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”
5 Kaj mi estas mizera kaj malriĉa; Ho Dio, rapidu al mi. Vi estas mia helpo kaj mia savanto; Ho Eternulo, ne malrapidu.
Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.