< Genezo 24 >

1 Kaj Abraham estis maljuna kaj en profunda aĝo. Kaj la Eternulo benis Abrahamon en ĉio.
Na Abraham anyini a ne mfeɛ kɔ ɛkan yie. Awurade hyiraa no akwan ahodoɔ nyinaa so.
2 Kaj Abraham diris al sia sklavo, la administranto de lia domo, kiu regis ĉion, kio apartenis al li: Metu vian manon sub mian femuron;
Ɛda koro bi, Abraham ka kyerɛɛ ne ɔsomfoɔ panin a ɔhwɛ nʼagyapadeɛ nyinaa so sɛ, “Fa wo nsa ka me srɛ ase.
3 kaj mi ĵurigas vin per la Eternulo, la Dio de la ĉielo kaj la Dio de la tero, ke vi ne prenos edzinon por mia filo el la filinoj de la Kanaanidoj, inter kiuj mi loĝas;
Mepɛ sɛ woka Awurade a ɔyɛ ɔsoro ne asase Onyankopɔn ntam sɛ, worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.
4 sed en mian landon kaj en mian patrujon vi iros kaj vi prenos edzinon por mia filo Isaak.
Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa abrɛ no.”
5 Kaj la sklavo diris al li: Eble la virino ne volos iri kun mi en ĉi tiun landon; ĉu mi tiam devas revenigi vian filon en la landon, el kiu vi eliris?
Ɔsomfoɔ no bisaa Abraham sɛ, “Me wura, na sɛ ɛba sɛ ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn? Memfa wo babarima no nkɔ wo ɔman no mu anaa?”
6 Kaj Abraham diris al li: Gardu vin, ne revenigu mian filon tien.
Abraham kaa sɛ, “Hwɛ yie na woamfa me babarima no ankɔ hɔ da.
7 La Eternulo, la Dio de la ĉielo, kiu prenis min el la domo de mia patro kaj el mia patrujo, kaj diris al mi kaj ĵuris al mi, dirante: Al via idaro Mi donos ĉi tiun landon — Li sendos Sian anĝelon antaŭ vi, kaj vi prenos edzinon por mia filo el tie.
Awurade, ɔsoro Onyankopɔn a ɔde me firi mʼagya fie ne mʼasase so baa ha, na ɔkaa ntam hyɛɛ me bɔ sɛ, ‘Mede saa asase yi bɛma wʼasefoɔ no.’ Ɔno ara na ɔbɛsoma ne ɔbɔfoɔ adi wʼanim akɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛnya ɔyere afiri hɔ ama me babarima no.
8 Kaj se la virino ne volos iri kun vi, tiam vi fariĝos libera de ĉi tiu mia ĵuro; nur mian filon ne revenigu tien.
Sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene sɛ ɔne wo bɛba a, wo ntam a wokaeɛ no nkyekyere wo. Ɛnsɛ sɛ wode me babarima no kɔ hɔ.”
9 Kaj la sklavo metis sian manon sub la femuron de sia sinjoro Abraham kaj ĵuris al li pri tiu afero.
Enti, ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham srɛ ase, kaa saa asɛm yi ho ntam.
10 Kaj la sklavo prenis dek kamelojn el la kameloj de sia sinjoro, kaj li iris; kaj ĉiaj bonaĵoj de lia sinjoro estis en liaj manoj. Kaj li leviĝis kaj iris Mezopotamion, al la urbo Naĥor.
Afei, ɔsomfoɔ no faa ne wura nyoma no mu edu kɔeɛ. Ɔrebɛkɔ no, ɔgyee ne wura Abraham nkyɛn nnepa ahodoɔ bebree kaa ho. Ɔde nʼani kyerɛɛ Mesopotamia, kɔduruu Nahor kuro mu.
11 Kaj li genuigis la kamelojn ekstere de la urbo, ĉe puto kun akvo, en vespera tempo, en la tempo, kiam eliras la virinoj, por ĉerpi akvon.
Ɔduruu Nahor kurotia no, ɔmaa nyoma no butubutuu abura bi a ɛwɔ hɔ ho. Na onwunu adwo a ɛyɛ ɛberɛ a mmaa bɛto nsuo wɔ abura no mu.
12 Kaj li diris: Ho Eternulo, Dio de mia sinjoro Abraham, sukcesigu min hodiaŭ kaj faru favorkoraĵon al mia sinjoro Abraham.
Na ɔsomfoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, hunu me wura Abraham mmɔbɔ, na boa me, na mʼakwantuo yi nsi yie.
13 Jen mi staras apud la fonto da akvo, kaj la filinoj de la urbanoj eliras, por ĉerpi akvon;
Hwɛ, megyina abura yi so, na kuro yi mu mmabaawa rebɛto nsuo.
14 kaj la junulinon, al kiu mi diros: Volu klini vian kruĉon, ke mi trinku, kaj ŝi diros: Trinku, kaj mi trinkigos ankaŭ viajn kamelojn — ŝin Vi destinis por Via sklavo Isaak; kaj per tio mi sciiĝos, ke Vi faris favorkoraĵon al mia sinjoro.
Ma ɛmmra mu sɛ, ababaawa biara a mɛka akyerɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no bi nnom no,’ sɛ ɔka sɛ, ‘Nom bi, na mɛma wo yoma no nso bi anom’ a, ɔnyɛ ababaawa a woapa no ama wʼakoa Isak. Ɛnam yei so bɛma mahunu sɛ, woahunu me wura mmɔbɔ.”
15 Kaj antaŭ ol li finis paroli, jen eliras Rebeka, kiu estis naskita al Betuel, la filo de Milka, edzino de Naĥor, frato de Abraham; kaj ŝia kruĉo estis sur ŝia ŝultro.
Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no na Rebeka baeɛ a ne sukuruwa si nʼabati so. Saa Rebeka no yɛ Betuel ba. Betuel no nso yɛ Abraham nuabarima Nahor ne ne yere Milka babarima.
16 Kaj la junulino estis tre belaspekta, virgulino, kiun ankoraŭ ne ekkonis viro. Kaj ŝi malsupreniris al la fonto kaj plenigis sian kruĉon kaj iris supren.
Na Rebeka no yɛ ɔbaabunu a ne ho yɛ fɛ yie. Na ɔbarima biara mfaa ne ho nkaa no da. Ɔsiane kɔɔ abura no so, kɔhyɛɛ ne sukuruwa no nsuo ma, sane baeɛ.
17 Kaj la sklavo kuris al ŝi renkonte, kaj diris: Volu lasi min trinki iom da akvo el via kruĉo.
Ɔsomfoɔ no de ahoɔherɛ kɔhyiaa Rebeka, ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, hwie wo sukuruwa no mu nsuo no kakra ma mennom.”
18 Kaj ŝi diris: Trinku, mia sinjoro; kaj ŝi rapide mallevis la kruĉon sur sian manon, kaj ŝi donis al li trinki.
Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, “Me wura, gye bi nom.”
19 Kaj kiam ŝi sufiĉe lin trinkigis, ŝi diris: Ankaŭ por viaj kameloj mi ĉerpos, ĝis ili finos trinki.
Rebeka maa ɔsomfoɔ no nsuo no bi nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ, “Mɛsane akɔtwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.”
20 Kaj rapide ŝi elverŝis el sia kruĉo en la trinkujon, kaj kuris denove al la puto, por ĉerpi por ĉiuj liaj kameloj.
Enti, Rebeka de ahoɔherɛ hwiee ne nsuo no guu anomeeɛ bi mu, sane kɔtwee nsuo a ɛbɛso nyoma no nyinaa nom de baeɛ.
21 Kaj la viro admiris ŝin silente, por konvinkiĝi, ĉu la Eternulo prosperigis lian vojon aŭ ne.
Ɔsomfoɔ no hwɛɛ Rebeka komm, karii no pɛɛ sɛ ɔhunu sɛ Awurade ama nʼakwantuo no asi no yie anaa.
22 Kaj kiam la kameloj ĉesis trinki, tiam la viro prenis oran ringon, havantan la pezon de duono de siklo, kaj du braceletojn por ŝiaj manoj, havantajn la pezon de dek sikloj da oro.
Nyoma no nom nsuo no wieeɛ no, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ hwenemukawa a emu duru kari gram nsia ne sikakɔkɔɔ nkapo mmienu a ɛno nso mu duru yɛ gram ɔha dunan.
23 Kaj li diris: Kies filino vi estas? volu diri al mi; ĉu en la domo de via patro estas loko por ni, por tradormi la nokton?
Afei, ɔbisaa sɛ, “Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, yɛbɛnya daberɛ wɔ wo agya fie ama adeɛ akye anaa?”
24 Kaj ŝi diris al li: Mi estas filino de Betuel, filo de Milka, kiun ŝi naskis al Naĥor.
Rebeka buaa no sɛ, “Betuel babaa ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.”
25 Kaj ŝi diris al li: Ankaŭ da pajlo kaj da furaĝo ni havas multe, kaj ankaŭ lokon, por ke vi tradormu la nokton.
Ɔka kaa ho sɛ, “Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane bebree ne baabi a, mo nso, mobɛda.”
26 Kaj la viro kliniĝis kaj faris adoron al la Eternulo.
Afei, ɔsomfoɔ no buu nkotodwe, sɔree Awurade Onyankopɔn sɛ,
27 Kaj li diris: Glorata estu la Eternulo, la Dio de mia sinjoro Abraham, kiu ne lasis sen Sia favorkoreco kaj vereco mian sinjoron. Per la vojo, kiun mi iris, la Eternulo alkondukis min al la domo de la frato de mia sinjoro.
“Nhyira nka Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɔnnyaee nokorɛdie ne ayamyɛ a ɔyɛ ma me wura no. Me deɛ, Awurade adi mʼanim wɔ mʼakwantuo yi mu, de me abɛduru me wura abusuafoɔ fie.”
28 Kaj la junulino kuris, kaj rakontis tiujn aferojn en la domo de sia patrino.
Rebeka tuu mmirika kɔkaa nsɛm a asisie no nyinaa kyerɛɛ ne maame fiefoɔ.
29 Kaj Rebeka havis fraton, kiu estis nomata Laban. Kaj Laban kuris al la viro eksteren, al la fonto.
Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Laban tee asɛm no, ɔde ahoɔherɛ kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ abura no so.
30 Kaj kiam li vidis la ringon kaj la braceletojn sur la manoj de sia fratino, kaj kiam li aŭdis la vortojn de sia fratino Rebeka, kiu diris: Tiel parolis kun mi tiu viro — tiam li iris al la viro, kaj jen tiu staras ĉe la kameloj apud la fonto.
Laban hunuu hwenemukawa no ne nkapo a ɛgu ne nuabaa no nsa no, na ɔtee asɛm a ɔbarima no ka kyerɛɛ Rebeka no, ɔkɔɔ ɔbarima no nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔgyina nyoma no ho wɔ asubura no so.
31 Kaj li diris: Venu, benita de la Eternulo; kial vi staras ekstere? mi pretigis la domon kaj ankaŭ lokon por la kameloj.
Laban ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ, “Bra, wo a Awurade ahyira wo.” Ɔbisaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na wogyina kurotia ha? Masiesie wo daberɛ ne baabi a nyoma no nso bɛda.”
32 Kaj li venigis la viron en la domon, kaj malligis la kamelojn, kaj donis pajlon kaj furaĝon al la kameloj, kaj akvon por lavi liajn piedojn, kaj la piedojn de la homoj, kiuj estis kun li.
Enti, ɔsomfoɔ no kɔɔ efie hɔ maa Laban yiyii nneɛma a ɛsoso nyoma no. Wɔmaa nyoma no ɛserɛ ne aduane, afei Laban maa ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo de hohoroo wɔn nan ho.
33 Kaj estis metita antaŭ li manĝo; sed li diris: Mi ne manĝos, antaŭ ol mi diros mian aferon. Kaj tiu diris: Parolu.
Yei akyiri no, ɔtoo wɔn ɛpono. Nanso, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Merempɛ sɛ mɛdidi, gye sɛ mabɔ mʼamanneɛ.” Laban kaa sɛ, “Bɔ wʼamanneɛ ɛ.”
34 Kaj li diris: Sklavo de Abraham mi estas.
Enti, ɔsomfoɔ no bɔɔ nʼamanneɛ sɛ, “Meyɛ Abraham ɔsomfoɔ.
35 Kaj la Eternulo forte benis mian sinjoron, kaj li fariĝis granda; kaj Li donis al li ŝafojn kaj bovojn kaj arĝenton kaj oron kaj sklavojn kaj sklavinojn kaj kamelojn kaj azenojn.
Awurade ahyira me wura bebree, ama wayɛ ɔdefoɔ. Wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa ne nyoma ne mfunumu.
36 Kaj Sara, la edzino de mia sinjoro, naskis filon al mia sinjoro, kiam ŝi maljuniĝis; kaj li donis al li ĉion, kion li havis.
Bio, me wura yere Sara awo ɔbabarima ama no wɔ ne mmerewaberɛ mu; Awurade na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.
37 Kaj mia sinjoro ĵurigis min, dirante: Ne prenu edzinon por mia filo el la filinoj de la Kanaanidoj, en kies lando mi loĝas.
Me wura maa mekaa ntam sɛ, ‘Worenware Kanaanfoɔ a me ne wɔn te yi babaa biara mma me babarima Isak.
38 Nur al la domo de mia patro iru kaj al mia familio, kaj prenu edzinon por mia filo.
Na mmom, wobɛkɔ me ɔman mu, mʼabusuafoɔ nkyɛn, akɔware ɔbaa wɔ hɔ abrɛ me babarima Isak.’
39 Kaj mi diris al mia sinjoro: Eble la virino ne volos iri kun mi?
“Na mebisaa me wura sɛ, ‘Na sɛ ɛba sɛ, ɔbaa no ampene so sɛ ɔne me bɛba ɔman yi mu a, na mereyɛ no ɛdeɛn?’
40 Kaj li diris al mi: La Eternulo, antaŭ kiu mi iradis, sendos Sian anĝelon kun vi kaj sukcesigos vian vojon; kaj vi prenos edzinon por mia filo el mia familio kaj el la domo de mia patro.
“Me wura Abraham buaa sɛ, ‘Awurade a manante nʼanim no bɛsoma ne ɔbɔfoɔ, adi wʼanim, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wʼakwantuo no bɛsi yie, na woanya ɔyere ama me babarima afiri mʼabusua mu a ɛyɛ mʼagya fie no mu.
41 Tiam vi estos libera de mia ĵuro, kiam vi venos al mia familio; kaj se ili ne donos al vi, vi estos libera de mia ĵuro.
Afei, sɛ ɛba sɛ, woba mʼabusua mu, na sɛ wɔamfa ɔbaa no amma wo a, wo ntam a wokaeɛ no renkyekyere wo.’
42 Kaj mi venis hodiaŭ al la fonto, kaj mi diris: Eternulo, Dio de mia sinjoro Abraham! ho, se Vi volus sukcesigi mian vojon, kiun mi nun iras!
“Mebaa asubura no so ɛnnɛ no, mesrɛɛ sɛ, ‘Ao, Awurade, me wura Abraham Onyankopɔn, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, ma akwantuo yi nsi me yie!
43 Jen mi staras apud la fonto da akvo; la virgulino, kiu eliros, por ĉerpi, kaj al kiu mi diros: Lasu min trinki iom da akvo el via kruĉo,
Hwɛ, megyina abura yi so. Sɛ ababaawa bi bɛto nsuo wɔ ha, na meka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, soɛ na ma me wo sukuruwa no mu nsuo no kakra nnom” no,
44 kaj kiu diros al mi: Trinku vi, kaj ankaŭ por viaj kameloj mi ĉerpos — tio estas la virino, kiun la Eternulo destinis por la filo de mia sinjoro.
na sɛ ɔka sɛ, “Nom bi, na mɛma wo nyoma no nso bi anom” a, ɔnyɛ ababaawa a Awurade apa no ama me wura Abraham babarima Isak no.’
45 Antaŭ ol mi finis paroli en mia koro, jen Rebeka eliras, kaj ŝia kruĉo estas sur ŝia ŝultro; kaj ŝi malsupreniris al la fonto kaj ĉerpis. Kaj mi diris al ŝi: Volu trinkigi min.
“Ansa na mɛwie mʼakoma mu mpaeɛbɔ no, Rebeka puee a sukuruwa si ne batiri so. Rebeka kɔɔ abura no so, kɔtoo nsuo, na meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mesrɛ wo, ma me nsuo no bi nnom.’
46 Kaj rapide ŝi deprenis sian kruĉon de la ŝultro, kaj diris: Trinku, kaj ankaŭ viajn kamelojn mi trinkigos. Kaj mi trinkis, kaj ankaŭ la kamelojn ŝi trinkigis.
“Ntɛm ara, ɔsoɛɛ ne sukuruwa no kaa sɛ, ‘Me wura, gye bi nom na mɛsane atwe nsuo no bi abrɛ wo nyoma no nyinaa nso anom.’ Enti, menom nsuo no bi, na ɔmaa nyoma no nyinaa nso bi nomeeɛ.
47 Kaj mi demandis ŝin, kaj mi diris: Kies filino vi estas? Kaj ŝi diris: Filino de Betuel, filo de Naĥor, kiun naskis al li Milka. Kaj mi metis la ringon sur ŝian nazon kaj la braceletojn sur ŝiajn manojn.
“Mebisaa no sɛ, ‘Hwan ba ne wo?’ “Rebeka buaa sɛ, ‘Betuel ba ne me. Me nananom ne Milka ne Nahor.’ “Ɛhɔ ara na mede hwenemukawa no hyɛɛ ne hwenemu, ɛnna mede nkapo no nso guu ne nsa.
48 Kaj mi kliniĝis kaj faris adoron al la Eternulo, kaj mi gloris la Eternulon, la Dion de mia sinjoro Abraham, kiu kondukis min per ĝusta vojo, por ke mi prenu la filinon de la frato de mia sinjoro por lia filo.
Afei, mebɔɔ me mu ase sɔree Awurade. Mekamfoo Awurade a ɔyɛ me wura, Abraham Onyankopɔn, a wadi mʼanim de me afa ɛkwan pa so, ama manya me wura nuabarima nana aware ama ne babarima no.
49 Kaj nun se vi volas fari favorkoraĵon kaj ĝustaĵon al mia sinjoro, diru al mi; kaj se ne, vi ankaŭ diru al mi, kaj mi turnos min dekstren aŭ maldekstren.
Afei, sɛ wobɛyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, ka kyerɛ me. Sɛ ɛnte saa nso a, ka kyerɛ me, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛhunu ɛkwan ko a mɛfa so.”
50 Tiam respondis Laban kaj Betuel, kaj diris: De la Eternulo venis ĉi tiu afero; ni ne povas diri al vi ion malbonan aŭ bonan.
Laban ne Betuel buaa sɛ, “Saa asɛm yi firi Awurade enti, yɛnni ho asɛm biara.
51 Jen Rebeka estas antaŭ vi; prenu ŝin kaj iru, kaj ŝi estu edzino al la filo de via sinjoro, kiel diris la Eternulo.
Rebeka ni. Momfa no nkɔ, na ɔnkɔware mo wura no babarima no, sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.”
52 Kaj kiam la sklavo de Abraham aŭdis iliajn vortojn, li kliniĝis ĝis la tero al la Eternulo.
Ɛberɛ a Abraham ɔsomfoɔ no tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuu nkotodwe wɔ Awurade anim.
53 Kaj la sklavo elprenis arĝentaĵojn kaj oraĵojn kaj vestojn kaj donis al Rebeka; kaj donacojn li donis al ŝia frato kaj al ŝia patrino.
Afei, ɔsomfoɔ no yii sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwinneɛ ne ntadeɛ maa Rebeka. Ɔsane de nneɛma a ɛsom bo yie yɛɛ Rebeka nuabarima ne ne maame ayɛ.
54 Kaj manĝis kaj trinkis li kaj la homoj, kiuj estis kun li, kaj ili tradormis tie la nokton. Kaj kiam ili leviĝis matene, li diris: Lasu min for al mia sinjoro.
Afei, ɔsomfoɔ no ne nnipa a wɔka ne ho no didi nomeeɛ, na wɔda maa adeɛ kyeeɛ. Adeɛ kyee anɔpa a wɔsɔreeɛ no, ɔsomfoɔ no kaa sɛ, “Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”
55 Tiam ŝia frato kaj ŝia patrino diris: La junulino restu kun ni almenaŭ dek tagojn, poste vi iros.
Nanso, Rebeka nuabarima no ne ne maame buaa ɔsomfoɔ no sɛ, “Ma ababaawa no ntena yɛn nkyɛn bɛyɛ sɛ dadu bi, na ɛno akyiri, wode no akɔ.”
56 Kaj li diris al ili: Ne retenu min, ĉar la Eternulo sukcesigis mian vojon. Lasu min for, kaj mi iros al mia sinjoro.
Akoa no buaa wɔn sɛ, “Awurade ahyira mʼakwantuo yi so ama me yi deɛ, mesrɛ mo, monnnye me nka ha. Monnya me ɛkwan, na mensane nkɔ me wura nkyɛn.”
57 Kaj ili diris: Ni vokos la junulinon, kaj ni demandos, kion ŝi diros.
Afei, wɔsii gyinaeɛ sɛ, “Momma yɛmfrɛ ababaawa no, na yɛmmisa nʼadwene.”
58 Kaj ili alvokis Rebekan, kaj diris al ŝi: Ĉu vi iros kun ĉi tiu viro? Kaj ŝi diris: Mi iros.
Enti, wɔfrɛɛ Rebeka bisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne saa ɔbarima yi kɔ anaa?” Rebeka buaa sɛ, “Aane, mɛkɔ!”
59 Kaj ili forsendis sian fratinon Rebeka kaj ŝian nutrintinon kaj la sklavon de Abraham kaj liajn homojn.
Enti, wɔgyaa Rebeka ne ɔbaa a ɔgyegyee no ne nkwadaaberɛm ne Abraham ɔsomfoɔ no ne ne nkurɔfoɔ ɛkwan.
60 Kaj ili benis Rebekan, kaj diris al ŝi: Nia fratino! miloj da miloj elkresku el vi, kaj via idaro posedu la pordegojn de siaj malamikoj.
Wɔhyiraa Rebeka sɛ, “Onuabaa, Awurade nka wo ho, na wʼase nnɔ mpempem! Awurade mma wʼasefoɔ no nni wɔn atamfoɔ nyinaa so nkonim.”
61 Kaj leviĝis Rebeka kaj ŝiaj servistinoj kaj sidiĝis sur la kameloj, kaj ili iris post tiu viro; kaj la sklavo prenis Rebekan kaj foriris.
Afei, Rebeka ne ne mmaawa siesiee wɔn ho, tenatenaa wɔn nyoma so ne Abraham ɔsomfoɔ no kɔeɛ. Yei ne ɛkwan a Abraham ɔsomfoɔ no faa so de Rebeka kɔeɛ.
62 Kaj Isaak venis de la vojo, kiu kondukas al la puto de la Vivanto-Vidanto; li loĝis en la suda lando.
Saa ɛberɛ no, na Isak a na anka ɔte Negeb no firi hɔ abɛtena Beer-Lahai-Roi.
63 Kaj Isaak eliris, por mediti sur la kampo, kiam komenciĝis vespero; kaj li levis siajn okulojn kaj vidis, ke jen venas kameloj.
Ɛda koro anwummerɛ bi a Isak kɔtuu mpase srɛ so refa adwene no, ɔtoo nʼani hunuu sɛ nyoma sa so reba.
64 Kaj Rebeka levis siajn okulojn, kaj ŝi ekvidis Isaakon kaj desaltis de la kamelo.
Rebeka nso too nʼani, na ɔhunuu Isak. Rebeka si firii ne yoma no so,
65 Kaj ŝi diris al la sklavo: Kiu estas tiu viro, kiu iras sur la kampo renkonte al ni? Kaj la sklavo diris: Tio estas mia sinjoro. Kaj ŝi prenis la kovrotukon kaj kovris sin.
bisaa Abraham ɔsomfoɔ no sɛ, “Ɔbarima bɛn na ɔnam ɛserɛ yi so rebɛhyia yɛn yi?” Ɔsomfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ me wura babarima.” Enti, Rebeka yii ne nkatanimu de kataa nʼanim.
66 Kaj la sklavo rakontis al Isaak ĉion, kion li faris.
Abraham ɔsomfoɔ no bɔɔ Isak nsɛm a asisie no nyinaa ho amaneɛ.
67 Kaj Isaak enkondukis ŝin en la tendon de sia patrino Sara; kaj li prenis Rebekan, kaj ŝi fariĝis lia edzino, kaj li ekamis ŝin. Kaj Isaak konsoliĝis pri sia patrino.
Isak de Rebeka kɔɔ ne maame Sara ntomadan mu. Na ɔwaree no, ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Na ɔdɔ no yie. Yei maa Isak werɛ kyekyereeɛ wɔ ne maame Sara wuo akyiri.

< Genezo 24 >