< Efesanoj 1 >
1 Paŭlo, apostolo de Jesuo Kristo per la volo de Dio, al la sanktuloj, kiuj estas en Efeso, kaj al la fideluloj en Kristo Jesuo:
Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:
2 Graco estu al vi kaj paco de Dio, nia Patro, kaj de la Sinjoro Jesuo Kristo.
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.
3 Benata estu la Dio kaj Patro de nia Sinjoro Jesuo Kristo, kiu benis nin per ĉia beno spirita en la ĉielejoj en Kristo;
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.
4 kiel Li elektis nin en li antaŭ la fondo de la mondo, por ke ni estu sanktaj kaj senmakulaj antaŭ Li en amo;
Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu
5 antaŭdestininte nin por filadopto per Jesuo Kristo al Si mem, laŭ la aprobo de Sia volo,
hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,
6 al la laŭdo de la gloro de Lia graco, per kiu Li favoris nin en la Amata;
de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no.
7 en kiu ni havas la elaĉeton per lia sango, la pardonon de niaj pekoj, laŭ la riĉo de lia graco,
Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a
8 kiun li abundigis al ni en ĉia saĝeco kaj prudento,
ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ.
9 sciiginte al ni la misteron de Lia volo, laŭ Lia bonvolo, kiun Li antaŭdecidis en li,
Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ,
10 por dispono en la pleneco de la tempo, por sumigi en Kristo ĉion, kio estas en la ĉieloj kaj sur la tero;
ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
11 en li, en kiu ni fariĝis heredaĵo, destinite laŭ la antaŭdecido de Tiu, kiu ĉion faras laŭ la intenco de Sia volo;
Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ,
12 por ke ni estu por la laŭdo de Lia gloro, ni, kiuj antaŭe esperis en Kristo;
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam.
13 en kiu vi ankaŭ esperas, aŭdinte la vorton de la vero, la evangelion de via savo; al kiu ankaŭ kredinte, vi estas sigelitaj per la Sankta Spirito de promeso,
Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu.
14 kiu estas antaŭgarantiaĵo de nia heredaĵo, por la elaĉeto de la posedaĵo, por laŭdo de Lia gloro.
Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.
15 Pro tio mi ankaŭ, aŭdinte pri via fido al la Sinjoro Jesuo, kaj via amo al ĉiuj sanktuloj,
Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no,
16 ne ĉesas danki pro vi, vin nomante en miaj preĝoj;
mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaeɛbɔ mu,
17 por ke la Dio de nia Sinjoro Jesuo Kristo, la Patro de gloro, donu al vi spiriton de saĝeco kaj malkaŝo en la konado de Li;
na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no.
18 dum la okuloj de via koro estas lumigataj, por ke vi sciu, kia estas la espero de Lia voko, kaj kia la riĉeco de la gloro de Lia heredaĵo en la sanktuloj,
Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no,
19 kaj kia la supermezura grandeco de Lia potenco al ni, kiuj kredas, laŭ la energio de la efikeco de Lia forto,
ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi
20 kiun Li faris en Kristo, relevante lin el la mortintoj, kaj sidigante lin dekstre de Li en la ĉieloj,
ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no.
21 multe super ĉiu reganto kaj aŭtoritato kaj potenco kaj regeco, kaj ĉiu nomo nomata, ne nur en ĉi tiu mondo, sed ankaŭ en la estonta; (aiōn )
Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. (aiōn )
22 kaj ĉion Li metis sub liajn piedojn, kaj donis lin kiel kapon super ĉio por la eklezio,
Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,
23 kiu estas lia korpo, la pleneco de Tiu, kiu plenigas ĉion en ĉio.
a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.